ASETENAM NSƐM
Yehowa Tiee Me Mpaebɔ
BERE a midii mfe du no, da koro anwummere bi memaa m’ani so hwɛɛ nsoromma a na ɛrehyerɛn wɔ wim no. Nea mihui no kaa me ma mekɔɔ me nkotodwe anim bɔɔ mpae. Afei ara na na masua Yehowa ho ade, nanso mekaa nea ɛhaw me biara kyerɛɛ no. Saa bere no na me ne Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no fii ase faa adamfo. (Dw. 65:2) Onyankopɔn a afei ara na na mabesua ne ho ade no, ma menka nea enti a mebɔɔ no mpae no nkyerɛ wo.
NSRAHWƐ BI A ƐSESAA M’ABRABƆ
Wɔwoo me December 22, afe 1929, wɔ Noville; ɛyɛ akuraa ketewaa bi a ɛbɛn Bastogne a ɛwɔ Belgium mmepɔw mu. Bere a meyɛ abofra a na me ne m’awofo wɔ akuraa no ase hɔ no, na m’ani gye paa. Sɛ edu bere a yekyi nantwi nufusu a, na me ne me nuabarima ketewaa Raymond boa ma yɛde yɛn nsa kyi. Ná obiara dwen ne yɔnko ho paa wɔ akuraa no ase hɔ, enti na yɛbom yɛ adwuma de boa yɛn ho yɛn ho.
Me ne m’abusuafo wɔ yɛn afuw mu hɔ reyɛ adwuma
Ná m’awofo din de Emile ne Alice; na wɔyɛ Katolekfo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Kwasida biara na wɔkɔ Mass. Nanso, bɛyɛ afe 1939 no, akwampaefo bi fi England baa yɛn akuraase hɔ, na wɔkraa Consolation nsɛmma nhoma (a seesei yɛfrɛ no Nyan!) no bi maa me papa. Me papa kenkan nsɛmma nhoma no ara na ohui sɛ nea ɛreka no yɛ nokware, na ɛma ofii ase kenkan Bible. Bere a me papa gyaee Katolek asɔre no kɔ no, wɔn a na yɛne wɔn te akuraa no ase hɔ fɛfɛɛfɛ no sɔre tiaa no denneennen. Wɔhyɛɛ me papa sɛ mma onnnyae Katolek asɔre no, na wei kɔfaa akasakasa pii bae.
Ná ɛyɛ me yaw paa sɛ wɔreteetee me papa saa. Wei ma mifii me koma nyinaa mu bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me papa; ɛno na mekaa ho asɛm wɔ mfiase hɔ no. Bere a ɔsɔretia no ano brɛɛ ase no, m’ani gyei paa. Mibegye dii paa sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo” ampa.
ƆKO BERE NO MU
Bere a na Nasi aban di Germany so no, wɔkɔtow hyɛɛ Belgium so May 10, afe 1940. Wei maa nnipa pii fii ɔman no mu. Yɛn abusua no guan kɔɔ France anaafo. Yɛnam kwan so rekɔ no, ɛwom ara na yɛakɔto sɛ German asraafo ne France asraafo no de afee so; ná ɛyɛ hu paa.
Yɛsan baa yɛn akuraa no ase hɔ no, yehui sɛ nkurɔfo abewia yɛn nneɛma dodow no ara. Yɛn kraman Bobbie nko ara na yeduu hɔ no, obehyiaa yɛn. Nsɛm a ɛte saa a esisii no ma mibisaa me ho sɛ, ‘Adɛn nti na ɔko ne amanehunu abu so saa?’
Me mmabunbere mu no, me ne Yehowa faa adamfo denneennen
Saa bere no ara Onua Emile Schrantza a na ɔyɛ ɔkwampaefo ne asafo mu panyin no, na ɔbɛsra yɛn hyɛ yɛn nkuran paa. Ɔde Bible no kyerɛkyerɛɛ me ma mihuu nea enti a amanehunu abu so saa. Afei nso, nsɛmmisa afoforo a na ɛkyere m’adwene no, oyiyii ano maa me. Me ne Yehowa ayɔnkofa mu bɛyɛɛ den, na mibegye dii sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.
Ansa na ɔko no reba awiei mpo no, na yɛn abusua no ne anuanom taa bɔ. August 1943 no, Onua José-Nicolas Minet baa yɛn akuraase hɔ bɛmaa ɔkasa. Obisae sɛ, “Hena na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu?” Me papa maa ne nsa so, na me nso memaa me nsa so. Yɛbɔɔ asu wɔ asubɔnten ketewaa bi mu; ná ɛbɛn yɛn akuraase hɔ.
December 1944 no, German asraafo kɔtow hyɛɛ aman a ɛwɔ Europe atɔe no so. Ɛno ne ɔko kɛse a etwa to a wɔkoe. Ná yɛte bɛn baabi a ɔko no rekɔ so no, na yɛkɔhyɛɛ dan bi mu wɔ yɛn fie hɔ bosome baako. Da koro, mipuee abɔnten sɛ merekɔma mmoa no aduan. Ɛhɔ ara na atopae a na asraafo no retotow no baako bɛbɔɔ ɔdan a na mmoa no aduan gu mu no. Wei maa ɔdan no so pae. Amerika sraani bi a na wabɛhyɛ mmoa no dan no mu no teɛɛm sɛ: “Da fam!” Ɛhɔ ara na mituu mmirika kɔdaa ne nkyɛn, na ɔde ne kyɛw no hyɛɛ me ti de bɔɔ me ho ban.
NEA ƐMAA ME HO KOKWAWEE
Yɛn ayeforo da
Ná kurow bi a ne din de Liège wɔ yɛn akuraa no atifi fam. Ɔko no akyi no, yɛbɔɔ mmɔden ne anuanom a ɛwɔ hɔ no dii nkitaho daa. Sɛ obi fi yɛn akuraa no ase rekɔ hɔ a, ɛbɛyɛ kilomita 90 (akwansin 56). Eduu baabi no, yetumi tew adesuakuw ketewa bi wɔ Bastogne. Mifii ase yɛɛ adwuma wɔ asoɛe a ɛhwɛ towtua ho nsɛm so, na minyaa hokwan kɔɔ alɔyafo sukuu. Akyiri yi, mekɔyɛɛ adwuma wɔ aban ɔfese bi. Afe 1951 no, yɛyɛɛ ɔmansin nhyiam ketewa bi wɔ Bastogne. Nnipa bɛyɛ ɔha na ɛbae; onuawa kwampaefo mmɔdenbɔfo bi a ne din de Elly Reuter nso baa bi. Ɔde sakre twaa kwan kilomita 50 (akwansin 31) na ɛbae. Ankyɛ na obiara twe maa ne yɔnko, na yesii no pi sɛ yɛbɛware. Saa bere no, na wɔato nsa afrɛ Elly sɛ ɔnkɔ Gilead Sukuu wɔ United States. Ɔkyerɛw krataa kɔɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti, na ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɔrentumi mma. Onua Knorr a na saa bere no odi Yehowa nkurɔfo anim no nso kyerɛw no sɛ, daakye ebia ɔne ne kunu benya hokwan akɔ sukuu no bi. Yɛwaree February afe 1953.
Elly ne yɛn babarima Serge
Saa afe no ara, Wiase Foforo Asafo Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ no Yankee Stadium a ɛwɔ New York no, me ne Elly kɔɔ bi. Bere a yɛwɔ hɔ no, mihyiaa onua bi, na ɔmaa me adwuma kamakama bi. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ mintu mmɛtena United States. Bere a yɛbɔɔ asɛm no ho mpae no, me ne Elly sii gyinae sɛ yɛrenyɛ adwuma no, na yɛbɛsan akɔ Belgium akɔboa kuw ketewa bi a ɛwɔ Bastogne. Ná adawurubɔfo bɛyɛ du na ɛwɔ saa kuw no mu. Afe a edi hɔ no, yɛn ani gyee sɛ yɛwoo yɛn ba Serge. Awerɛhosɛm ne sɛ, abosome nson akyi no, Serge yaree na owui. Yɛkaa sɛnea ne wu no ahaw yɛn no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa, na owusɔre anidaso no kyekyee yɛn werɛ.
BERE NYINAA SOM ADWUMA
October afe 1961 no, minyaa adwuma bi a na memfa me bere nyinaa nyɛ, na ɛboaa me ma mitumi yɛɛ akwampae adwuma no. Da a minyaa adwuma no ara, onua a na ɔhwɛ Betel a ɛwɔ Belgium so no frɛɛ me wɔ fon so. Obisaa me sɛ m’ani begye ho sɛ mefi ase asom sɛ ɔmansin somfo (nea seesei yɛfrɛ no ɔmansin sohwɛfo no) anaa. Me nso mesrɛe sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a anka ɔmma yɛnyɛ akwampae adwuma no bi ansa. Otiee m’adesrɛ no. Bere a yɛyɛɛ akwampae adwuma no abosome nwɔtwe akyi no, yefii ɔmansin adwuma no ase September 1962.
Bere a yɛyɛɛ ɔmansin adwuma no mfe mmienu akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ adwuma wɔ Betel a ɛwɔ Brussels no. October afe 1964 na yefii ase somee wɔ hɔ. Dwumadi foforo yi ma yenyaa nhyira pii. Afe 1965 no, Onua Knorr baa yɛn Betel hɔ. Ɔkɔe no, ankyɛ biara na wɔpaw me sɛ baa dwumadibea somfo. Wei yɛɛ me nwanwa. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Elly sɛ yɛmmra Gilead Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 41 no bi. Asɛm a Onua Knorr kae mfe 13 a na atwam no, ɛno na na abam yi oo! Yewiee sukuu no, yɛsan kɔɔ Belgium Betel.
MEBOAE MA YENYAA FAHODI DE SOM YEHOWA
Manya hokwan de nimdeɛ a minyae wɔ alɔyafo sukuu no aboa ma anuanom a ɛwɔ Europe ne aman foforo so anya fahodi de asom Yehowa. (Filip. 1:7) Wei nti, aman bɛboro 55 a na wɔabara yɛn adwuma no anaa wɔmma yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ no, minyaa kwan ne aban mpanyimfo a ɛwɔ hɔ no bi hyiae. Sɛ mihyia aban mpanyimfo no a, sɛ́ anka mɛka sɛ meyɛ lɔyani no, ɛyɛ a meka sɛ meyɛ “Onyankopɔn nipa.” Ná mebɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ bere nyinaa, efisɛ na minim sɛ “ɔhene [anaa ɔtemmufo] koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam. Baabi a Ɔpɛ biara na Ɔdan kɔ.”—Mmeb. 21:1.
Bere bi a atwam no, me ne Europe mmarahyɛ baguani bi twetwee nkɔmmɔ, na me werɛ remfi da. Ná mayɛ ara sɛ me ne no bɛkasa nso na minnya no, nanso awiei koraa no, ɔmaa kwan ma me ne no hyiae. Ɔkaa sɛ, “Mɛma wo simma nnum pɛ, baako koraa mmɛtɔ so.” Misii me ti ase bɔɔ mpae. Mmarahyɛ baguani no yam hyee no kakra, na obisaa me sɛ, “Dɛn na woreyɛ no?” Memaa me ti so kaa sɛ, “Ná mereda Onyankopɔn ase efisɛ woyɛ ne somfo.” Obisaa me sɛ, “Worepɛ akyerɛ sɛn?” Mede asɛm a ɛwɔ Romafo 13:4 no kyerɛɛ no. Ná ɔkɔ asɔre na na ogye Bible di, enti saa kyerɛwsɛm yi kaa ne koma. Ekosii sɛn? Ɔmaa me simma aduasa na nkɔmmɔ no kɔɔ yiye paa. Ɔkae mpo sɛ n’ani gye yɛn adwuma no ho.
Yehowa asomfo ho nsɛm a akopue Europe asɛnnibea ahorow no dɔɔso. Ebi fa sraadi a yɛnkɔ, ne towtua ho. Afei nso sɛ awaregyae ba a, onii a mmofra no bɛkɔ akodi ne nkyɛn, ne nea ɛkeka ho nso, ɛho asɛm akopue asɛnnibea. Yehowa Adansefo ho nsɛm a akopue Europe Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no, emu bɛboro 140 na yɛadi nkonim wom.
ANUANOM NYAA AHOFADI WƆ CUBA
Efi afe 1990 reba no, me ne Onua Philip Brumley, a ɔwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti, ne Onua Valter Farneti, a ofi Italy no boom yɛ adwuma. Ná anuanom a ɛwɔ Cuba no nnya kwan nsom Yehowa sɛnea wɔpɛ, enti na yɛreboa wɔn ma wɔanya ahofadi asom Yehowa. Mekyerɛw kɔɔ asoɛe a ɛhwɛ Cubafo ho nsɛm so wɔ Belgium, na mikohyiaa aban nanmusini a wɔapaw no sɛ ɔnhwɛ nni yɛn asɛm no ho dwuma no. Nsɛmnsɛm a ɛsɔree a ɛmaa aban no sii gyinae sɛ wɔremma anuanom kwan mma wɔnsom Yehowa sɛnea wɔpɛ no, mfiase no yɛne wɔn kaa ho asɛm ara nanso ankosi hwee.
Me ne Philip Brumley ne Valter Farneti; wei yɛ bere a me ne wɔn kɔɔ Cuba afe 1990 mu hɔ no mu baako
Bere a yɛbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ akyi no, yɛsrɛe sɛ wɔmma yɛn kwan na yɛmfa Bible 5000 nkɔ Cuba, na wɔpenee so. Bible no nyinaa kodui, na wɔkyekyɛ maa anuanom. Wei ma yehui sɛ na Yehowa rehyira yɛn mmɔdenbɔ so. Ɛno akyi no, yɛsrɛe bio sɛ wɔmma yɛn kwan na yɛmfa Bible 27,500 nsan nkɔma anuanom. Wei nso aban no penee so. Boa a yɛboaa anuanom a ɛwɔ Cuba maa wɔn mu biara nsa kaa Bible no bi no, ɛmaa m’ani gyei paa.
Mekɔɔ Cuba mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a me ne alɔyafo a wɔwɔ hɔ no bedi nsawɔso na ama aban no agye yɛn atom. Bere a meyɛɛ saa no, ɛmaa me ne aban mpanyimfo bebree faa nnamfo.
YƐKƆBOAA ANUANOM A ƐWƆ RWANDA
Afe 1994 no, wɔkunkum Tutsifo bɛboro 1,000,000 wɔ Rwanda sɛ wɔde retɔre wɔn ase. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔkunkum yɛn nuanom binom nso. Ankyɛ na wɔpaw anuanom bi sɛ wɔmmoaboa nneɛma ano mfa nkɔma anuanom a ɛwɔ Rwanda no.
Bere a yekoduu ɔman no ahenkurow Kigali mu no, yehui sɛ baabi a wɔkyerɛ nsɛm ase ne baabi a wɔde nhoma gu no, atuo aboba asɛe dan no ho pasaa. Yɛtee sɛ wɔde sekan akunkum anuanom bebree; na ɛyɛ asefem paa. Nanso yɛtee nso sɛ anuanom kyerɛe sɛ wɔdodɔ wɔn ho paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yehyiaa onua bi a ɔkɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ amena bi mu nnafua 28 wɔ Adansefo bi a wɔyɛ Hutufo fie. Nhyiam bi a yɛyɛe wɔ Kigali no, yɛhyɛɛ anuanom bɛboro 900 nkuran na yɛkyekyee wɔn werɛ.
Benkum: Tuo aboba atetew nhoma bi wɔ baabi a yɛkyerɛ nhoma ase no
Nifa: Yɛreboaboa nneɛma ano ayɛ ho nhyehyɛe de akɔma anuanom
Ná anuanom a ɛwɔ Rwanda no bebree aguan kɔ atubrafo atenae a ɛbɛn Goma a ɛwɔ Zaire (a seesei yɛfrɛ no Democratic Republic of the Congo) no. Enti yefii Rwanda no, yɛkɔɔ hɔ sɛ yɛrekɔhwehwɛ wɔn. Yeduu hɔ no, yɛanhu wɔn, enti yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yenhu wɔn. Afei yehui sɛ obi renantew hyia yɛn, na yebisaa no sɛ onim Yehowa Danseni bi anaa. Ɔkaa sɛ, “Yiw meyɛ bi a. M’ani begye sɛ mede mo bɛkɔ anuanom a wɔde mmoa rema yɛn no hɔ.” Bere a yɛne anuanom a wɔde mmoa rema no bɔɔ nkɔmmɔ wiei no, yehyiaa anuanom bɛyɛ 1,600 a wɔwɔ atubrafo atenae hɔ no, na yɛhyɛɛ wɔn nkuran kyekyee wɔn werɛ. Yɛkenkan Akwankyerɛ Kuw no krataa bi nso kyerɛɛ wɔn. Nsɛm a Akwankyerɛ Kuw no kae no bi ni: “Daa yɛbɔ mpae ma mo. Yenim sɛ Yehowa rennyaw mo da.” Bere a anuanom no tee saa asɛm no, ɛkaa wɔn koma paa. Asɛm a Akwankyerɛ Kuw no kae no, na ɛyɛ nokware turodoo. Ɛnnɛ, Adansefo bɛboro 30,000 na wɔde anigye resom wɔ Rwanda!
MASI ME BO SƐ MƐKƆ SO ASOM YEHOWA
Afe 2011 na me yere Elly wui. Owui no, na yɛaware bɛyɛ mfe 58. Mekaa sɛnea na awerɛhow ahyɛ me so no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa, na ɔkyekyee me werɛ. Afei nso, Ahenni no ho asɛmpa a meka kyerɛɛ afoforo no kyekyee me werɛ.
Ɛwom sɛ madi boro mfe 90, nanso nnawɔtwe biara, mekɔ asɛnka. Afei nso, ɛyɛ me anigye sɛ mereboa Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Belgium Betel ha no. Ɛno da nkyɛn a, ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi ka me suahu kyerɛ afoforo, na mehyɛ mmerante ne mmabaa a ɛwɔ Betel abusua no mu no nkuran.
Bere a edi kan a mebɔɔ Yehowa mpae no, bɛyɛ mfe 84 atwam. Efi saa bere no na me ne Yehowa ayɔnkofa no fii ase, na seesei ɔyɛ m’adamfo paa. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ, m’asetena nyinaa mu no, Yehowa atie me mpaebɔ.—Dw. 66:19b
a Onua Schrantz asetenam nsɛm baa September 15, 1973 Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu, kr. 570-574.
b Onua Marcel Gillet wui February 4, afe 2023, bere a na yegu so reyɛ n’asetenam nsɛm yi ho adwuma no.