ADESUA ASƐM 32
DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ
Yehowa Pɛ Sɛ Obiara Sakra N’adwene
‘Yehowa . . . mpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.’—2 PET. 3:9.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɛbɛma yɛahu nea adwensakra kyerɛ ne nea enti a ɛho hia paa. Afei nso, ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa aboa nnipa ahorow nyinaa bi ama wɔasakra.
1. Dɛn na adwensakra kyerɛ?
SƐ YƐYƐ bɔne a, ɛho hia paa sɛ yɛsakra yɛn adwene. Sɛ Bible ka sɛ obi asakra n’adwene a, ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho wɔ bɔne bi a wayɛ ho, wagyae saa bɔne no yɛ, na wasi ne bo sɛ ɔrenyɛ bio.—Mat. 3:8; Aso. 3:19; 2 Pet. 3:9.
2. Adɛn nti na ehia sɛ yɛn nyinaa hu nea adwensakra kyerɛ? (Nehemia 8:9-11)
2 Ɛsɛ sɛ ɔdasani biara hu nea adwensakra kyerɛ. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nyinaa yɛ bɔne da biara. Esiane sɛ yɛyɛ Adam ne Hawa asefo nti, wɔde bɔne awo yɛn mu biara, na ɛno nso na ɛma yewu no. (Rom. 3:23; 5:12) Nnipa a na wɔwɔ gyidi paa te sɛ ɔsomafo Paul mpo, na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛko atia bɔne. (Rom. 7:21-24) Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ yɛn bɔne nti, daa ɛsɛ sɛ yɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ anaa? Daabi, efisɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye. Momma yɛmfa Yudafo a na wɔwɔ Nehemia bere so no nyɛ nhwɛso. (Kenkan Nehemia 8:9-11.) Ná Yehowa mpɛ sɛ bɔne a wɔayɛ atwam nti, wɔbedi awerɛhow aboro so, efisɛ na ɔpɛ sɛ wɔde anigye som no. Yehowa nim sɛ adwensakra de anigye ba, ɛno nti ɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsakra yɛn adwene. Sɛ yɛsakra fi yɛn bɔne ho a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ mmɔborɔhunu Agya no de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Momma yensua adwensakra ho ade no bi nka ho. Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa ho. Nea edi kan, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa Israelfo no ma wɔhuu nea adwensakra kyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa abɔnefo ma wɔsakraa wɔn adwene. Nea etwa to no, sɛnea Yesu boaa n’akyidifo ma wɔhuu nea adwensakra kyerɛ no, yebesusuw ho.
SƐNEA YEHOWA BOAA ISRAELFO NO MA WƆHUU NEA ADWENSAKRA KYERƐ
4. Dɛn na Yehowa maa Israel man no hu faa adwensakra ho?
4 Bere a Israelfo bɛyɛɛ ɔman no, Yehowa ne wɔn yɛɛ apam. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔdi ne mmara so a, ɔbɛbɔ wɔn ho ban na wahyira wɔn. Ɔkaa mmara a ɔde maa wɔn no ho asɛm sɛ: “Mmara a mede rema wo nnɛ yi nyɛ den dodo mma wo, na enni akyiri dodo mma wo.” (Deut. 30:11, 16) Yehowa ma wɔhui sɛ, sɛ wɔyɛ ne so asoɔden anaa wɔkɔsom abosom a, obeyi ne nhyira afi wɔn so na wɔahu amane. Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛpo wɔn afebɔɔ. Ná wɔbetumi ‘asan aba Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn na wɔatie n’ahyɛde.’ (Deut. 30:1-3, 17-20) Wei kyerɛ sɛ na wɔbetumi asakra wɔn adwene. Wɔyɛ saa a, na Yehowa bɛbɛn wɔn na wasan ahyira wɔn bio.
5. Dɛn na Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ wantow ne man ankyene? (2 Ahene 17:13, 14)
5 Yehowa nkurɔfo a na wapaw wɔn no yɛɛ no so asoɔden mpɛn pii. Wɔkɔsom abosom, na wɔyɛɛ atantanne pii nso. Wei nti, wɔhuu amane. Nanso Yehowa antow wɔn ankyene. Ɔsomaa n’adiyifo kɔɔ wɔn kyɛn mpɛn pii sɛ wɔnkɔka nkyerɛ wɔn sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔnsan mmra ne nkyɛn.—Kenkan 2 Ahene 17:13, 14.
6. Sɛn na Yehowa faa n’adiyifo so maa ne nkurɔfo huu nea enti a adwensakra ho hia? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Ná Yehowa taa fa n’adiyifo no so bɔ ne nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Onyankopɔn nam Yeremia so kaa sɛ: “San bra, O ɔkobɔfo Israel . . . Meremmuna nkyerɛ mo, efisɛ meyɛ ɔnokwafo . . Meremfa nhyɛ me mu afebɔɔ. Ɛno ara ne sɛ, gye wo bɔne tom, efisɛ woatew Yehowa wo Nyankopɔn so atua.” (Yer. 3:12, 13) Odiyifo Yoel nso, Yehowa nam ne so kaa sɛ: “Mumfi mo koma nyinaa mu nsan mmra me nkyɛn.” (Yoel 2:12, 13) Ɔmaa Yesaia nso kaa sɛ: “Monhohoro mo ho, montew mo ho; munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim; munnyae bɔne yɛ.” (Yes. 1:16-19) Afei nso, Yehowa nam Hesekiel so bisae sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu anaa? Ɛnyɛ nea m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwan ho na wanya nkwa? . . . Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ obi bewu. Enti monsakra na munnya nkwa.” (Hes. 18:23, 32) Sɛ abɔnefo sakra fi wɔn bɔne ho a, ɛma Yehowa ani gye, efisɛ ɔpɛ sɛ wɔtena ase daa. Enti Yehowa ntena hɔ saa ara nhwɛ sɛ abɔnefo nsakra wɔn adwene ansa na waboa wɔn. Momma yɛnhwɛ wei ho nhwɛso afoforo.
Sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ ne so asoɔden a, na ɔtaa fa n’adiyifo no so bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 6-7)
7. Dɛn na Yehowa nam odiyifo Hosea ne ne yere asɛm no so kyerɛɛ ne nkurɔfo?
7 Yɛnhwɛ nea Yehowa nam odiyifo Hosea yere Gomer asɛm no so kyerɛɛ ne nkurɔfo. Gomer sɛee aware akyi no, okodii mmarima afoforo nso akyi. Wohwɛ a, ɛno kyerɛ sɛ na watew nkensen a wɔboa no a ɛrenyɛ yiye anaa? Yehowa a otumi hu nea ɛwɔ onipa koma mu no ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “San kɔ, kɔdɔ ɔbea a ɔbarima foforo dɔ no, ɔbea a wasɛe aware no. Kɔdɔ no sɛnea Yehowa dɔɔ Israelfo bere a wofii n’akyi kodii anyame foforo akyi” no. (Hos. 3:1; Mmeb. 16:2) Hyɛ no nsow sɛ, na Hosea yere no da so ara te ne bɔne no mu. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ ɔmfa ne yere no bɔne nkyɛ no, na wɔnsan ntena.a Saa ara nso na na Yehowa ntoo ne man asoɔdenfo no paahwii. Ɛwom sɛ na wɔreyɛ bɔne akɛseakɛse de, nanso na Yehowa da so ara dɔ wɔn na ɔkɔɔ so hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔnsesa wɔn akwan. Saa nhwɛso yi kyerɛ sɛ, Yehowa a “ɔhwehwɛ koma mu” no, sɛ obi da so ara reyɛ bɔne kɛse mpo a, obetumi aboa no ma wasakra n’adwene. (Mmeb. 17:3) Nhwɛso afoforo si wei so dua.
SƐNEA YEHOWA BOA ABƆNEFO MA WƆSAKRA WƆN ADWENE
8. Dɛn na Yehowa yɛe sɛ ɔde reboa Kain ma wasakra n’adwene? (Genesis 4:3-7) (Hwɛ mfoni no nso.)
8 Ná Adam ne Hawa ba panyin ne Kain. N’awofo de bɔne woo no. Afei nso, Bible ka Kain ho asɛm sɛ: “Na ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne.” (1 Yoh. 3:12) Ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Yehowa ‘ani ansɔ Kain ne n’afɔre no.’ Sɛ́ anka ɔbɛsesa n’akwan no, ne “bo fuwii denneennen na omunae.” Dɛn na Yehowa yɛe? Ɔkasa kyerɛɛ Kain. (Kenkan Genesis 4:3-7.) Hyɛ no nsow sɛ Yehowa too ne bo ase ne Kain kasae, na ɔma ohui sɛ anidaso wɔ hɔ. Afei ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔnhwɛ yiye na bɔne anni ne so nkonim. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kain buu nnua guu n’asom. Mmoa a na Yehowa de rema no ama watumi asakra n’adwene no, ɔpoe. Wohwɛ a, nea Kain yɛe yi nti, Yehowa sii gyinae sɛ ɔremmoa ɔbɔnefo biara bio mma ɔnsakra n’adwene anaa? Ɛnte saa koraa!
Yehowa too ne bo ase ne Kain kasae, na ɔma ohui sɛ anidaso wɔ hɔ. Afei ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔnhwɛ yiye na bɔne anni ne so nkonim (Hwɛ nkyekyɛm 8)
9. Sɛn na Yehowa boaa Dawid ma ɔsakraa n’adwene?
9 Ná Yehowa dɔ Ɔhene Dawid paa. Ɔkaa mpo sɛ ‘ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ nea ne koma pɛ.’ (Aso. 13:22) Nanso Dawid yɛɛ bɔne akɛseakɛse; ɔsɛe aware, na okum nipa. Wohwɛ Mose Mmara no mu a, na anka ɛsɛ sɛ wɔkum Dawid. (Lev. 20:10; Num. 35:31) Nanso Yehowa de ne ho gyee mu.b Ɛwom sɛ na Dawid nyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ w’asakra n’adwene, nanso Yehowa somaa odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔnkɔkasa nkyerɛ no. Natan maa mfatoho bi a epusuw Dawid. Ɛkaa Dawid koma paa ma ɔsakrae. (2 Sam. 12:1-14) Ɔkyerɛw dwom bi a ɛma yehu sɛ na n’adwensakra no nyɛ daadaakra. (Dw. 51, atifi asɛm) Saa dwom no akyekye abɔnefo pii werɛ na akanyan wɔn ma wɔasakra wɔn adwene. Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ Yehowa boaa ne somfo Dawid ma ɔsakraa n’adwene anaa?
10. Sɛnea Yehowa nya yɛn ho abotare na ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no, ɛma wote nka sɛn?
10 Yehowa kyi bɔne, na ɔnsosɔ bɔne so koraa. (Dw. 5:4, 5) Nanso onim sɛ yɛn nyinaa yɛ abɔnefo, na ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti, ɔboa yɛn ma yɛko tia bɔne. Wɔn a bɔne adonnɔn wɔn mpo, bere biara ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔsakra wɔn adwene na wɔbɛn no. Wei a yenim no kyekye yɛn werɛ paa! Sɛnea Yehowa nya yɛn ho abotare na ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware ama no, na sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛbɛyɛ ntɛm asakra yɛn adwene. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea Yesu boaa n’akyidifo ma wɔhuu nea adwensakra kyerɛ.
SƐNEA YESU BOAA N’AKYIDIFO MA WƆHUU NEA ADWENSAKRA KYERƐ
11-12. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, ɔkwan bɛn so na Yesu boaa n’asuafo no ma wɔtee ase? (Hwɛ mfoni a no.)
11 Afe 29 no, na bere aso sɛ Mesia no yi ne ti. Sɛnea yɛadi kan aka wɔ adesua a edi wei anim mu no, Yehowa nam Yohane Suboni ne Yesu Kristo so kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ ɛho hia paa sɛ wɔsakra wɔn adwene.—Mat. 3:1, 2; 4:17.
12 Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’atiefo ma wɔhui sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Ɔkwan baako a ɔfaa so yɛɛ saa ne sɛ, ɔkaa ɔba desɛefo bi ho asɛm. Saa aberante no fii fie kɔyɛɛ nneɛma bɔne. Nanso “n’ani baa ne ho so,” na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Ɔreyɛ adu fie no, dɛn na ne papa yɛe? Yesu kaa sɛ, “bere a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” Aberante no ka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma ɔnyɛ n’apaafo no mu baako, nanso papa no san gyee no sɛ ‘ne ba.’ Papa no kaa sɛ: “Ɔyerae, na yɛahu no.” (Luka 15:11-32) Bere a na Yesu wɔ soro no, ɛda adi pefee sɛ sɛnea n’Agya daa tema adi mpɛn pii kyerɛɛ abɔnefo a na wɔasakra wɔn adwene no, ohui. Saa asɛm a Yesu kae yi kyekye yɛn werɛ paa, na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunu Agya ampa!
Ɔba desɛefo a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no resan akɔ fie, na ne papa de mmirika rekohyia no (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)
13-14. Dɛn na ɔsomafo Petro sua faa adwensakra ho, na dɛn na ɔno nso maa afoforo hu faa ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Ɔsomafo Petro suaa adwensakra ne bɔnefakyɛ ho ade pii fii Yesu hɔ. Petro dii mfomso mpɛn pii, na Yesu nso de kyɛɛ no mpɛn pii. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Awurade. Ɛno akyi no, Petro werɛ howee paa sɛ ɔyɛɛ saa. (Mat. 26:34, 35, 69-75) Nanso bere a Yesu nyan fii awufo mu no, ɛda adi sɛ oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro bere a na obiara nni hɔ. (Luka 24:33, 34; 1 Kor. 15:3-5) Ná Yesu nim sɛ Petro asakra n’adwene, enti ɔde saa hokwan no hyɛɛ no nkuran, na ɔma ohui sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no.—Mar. 16:7.
14 Afei de, na Petro abɛte adwensakra ne bɔnefakyɛ ase yiye, enti na obetumi aboa afoforo ma wɔate ase. Pentekoste afahyɛ no akyi no, Petro maa ɔkasa bi kyerɛɛ Yudafo a na wɔnyɛ agyidifo no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn na wɔkum Mesia no. Nanso ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho mma wɔmpopa mo bɔne. Sɛ moyɛ saa a, ahotɔ mmere befi Yehowa ankasa nkyɛn aba.” (Aso. 3:14, 15, 17, 19) Petro ma ɛdaa adi sɛ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wasakra n’adwene ne sɛ, obegyae bɔne a ɔreyɛ no, na wayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Afei nso, ɔkyerɛe sɛ, sɛ obi sakra n’adwene a, Onyankopɔn bɛpopa ne bɔne no korakora. Bio nso, mfe pii akyi no, Petro kyerɛkyerɛɛ Kristofo sɛ: ‘Yehowa wɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.’ (2 Pet. 3:9) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Kristoni bi yɛ bɔne kɛse bi mpo a, ɛwom sɛ akyea de, nanso emmui.
Yesu hyɛɛ ɔsomafo Petro nkuran, na ɔma ohui sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)
15-16. (a) Bɔnefakyɛ ho ade bɛn na ɔsomafo Paul suae? (1 Timoteo 1:12-15) (b) Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?
15 Yɛreka wɔn a na wɔhia adwensakra ne bɔnefakyɛ a, yɛrentumi nka nnyaw Saul a na ofi Tarso no, efisɛ ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse. Ɔtan Kristofo ani denneennen. Ɛda adi sɛ na Kristofo dodow no ara bu no sɛ ɔyɛ ɔyera ba. Nanso Yesu de, na onim sɛ Saul betumi asesa. Ɔne n’Agya hui sɛ Saul wɔ suban pa. Yesu kaa sɛ: “Ɔbarima yi yɛ anwenne a wɔayi ama me.” (Aso. 9:15) Yesu yɛɛ anwanwade de boaa Saul ma ɔsakrae. (Aso. 7:58–8:3; 9:1-9, 17-20) Akyiri yi, bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni a na wɔfrɛ no ɔsomafo Paul no, na ɔtaa ka sɛ ayamye ne mmɔborɔhunu a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ no no, n’ani sɔ paa. (Kenkan 1 Timoteo 1:12-15.) Paul kaa sɛ: “Onyankopɔn ayamye nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wunya adwensakra.”—Rom. 2:4.
16 Bere bi a Paul nyaa no ntee sɛ ɔbarima bi a ɔwɔ Korintofo asafo no mu ayɛ bɔne kɛse bi no, sɛn na odii ho dwuma? Sɛnea odii ho dwuma no ma yehu paa sɛ, sɛ Yehowa somfo bi yɛ bɔne a, esiane ɔdɔ a ɔdɔ no nti, ɔtene onii no so, na sɛ ɔsakra n’adwene a, ohu no mmɔbɔ. Yebesusuw saa asɛm no ho akɔ akyiri wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa
a Saa asɛm yi yɛ soronko. Ɛnnɛ sɛ obi fi ne kunu anaa ne yere akyi a, Yehowa nhwɛ kwan sɛ kyenkyen ara a nea ne ho nni asɛm no ne nea wasɛe aware no nsan nka mmom. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa maa ne Ba no kaa sɛ, sɛ obi hokafo sɛe aware a, nea ne ho nni asɛm no pɛ a, obetumi agyae aware no.—Mat. 5:32; 19:9.
b Hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Yehowa Fafiri Ka Wo Dɛn?” no. Ɛwɔ November 15, 2012, Ɔwɛn-Aban no mu, kr. 21-23, nky. 3-10.