Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp25 nɔma 1 kr. 4-5
  • Ɔko Ho Nsunsuanso Ka Yɛn Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔko Ho Nsunsuanso Ka Yɛn Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2025
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Bɛn Na Akokoakoko Begyae?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Wiase Aman Asɛe Sika Mpempem Bebrebee Wɔ Ɔko Ho—Amanehunu a Ɛde Aba Koraa Ne Asɛm No
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nea Ɛbɛma Akokoakoko Agyae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2025
  • Akodi
    Nyan!—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2025
wp25 nɔma 1 kr. 4-5
Mfoni Ahorow: 1. Sogyani bi nam baabi, ɛnna asogyafo kar a wɔde kɔ ɔko di n’akyi. 2. Ɔko ama mmarima, mmea, ne mmofra a ɛsono baabi a obiara fi adi amia.

Ɔko Ho Nsunsuanso Ka Yɛn Nyinaa

“Efi bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no bae besi seesei, ɔko nnɔɔso wɔ wiase sɛ nnɛ. Nnipa a ɔko ama wɔrehu amane no yɛ ɔpepepem 2, kyerɛ sɛ, nnipa nnan biara mu baako.”

Amanaman Nkabom Kyerɛwfo Panyin No Abadiakyiri Amina J. Mohammed, January 26, 2023.

Mmeae a seesei asomdwoe wɔ mpo, ɔko betumi asi wɔ hɔ prɛko pɛ. Esiane sɛ obi amane san obi nti, ɛnnɛ sɛ ɔko si wɔ ɔman bi so a, ɛho nsunsuanso tumi ka aman a ɛmmɛn hɔ mpo. Ɔko no ba awiei a, ɔhaw a ɛde ba no tumi tena hɔ kyɛ. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi:

  • Mfoni ketewa bi; wohwɛ a, wuhu sɛ nsa mmienu bi kura kyɛnsee a hwee nnim.

    Ɔkɔm. Boayikuw a Ɛhwɛ Aduan Ho Nsɛm So Wɔ Wiase ka sɛ, “ɛnnɛ yi nyinaa, ɔko ne ade titiriw a ɛde ɔkɔm ba. Nnipa a wɔredi kɔm wɔ wiase no, sɛ wuyi emu du a, emu nson wɔ mmeae a ɔko anaa basabasayɛ rekɔ so.”

  • Mfoni ketewa bi; wohwɛ a, wuhu maame bi a ne werɛ ahow ama ɔde ne nsa akata n’anim.

    Ebinom pirapira na ebinom nso nya adwenemhaw. Sɛ ɛkɔba sɛ ɔko bi repenpɛn so a, ennya mmae mpo no, ɛho hu tumi gyaw nkurɔfo adwinnwen ne kɔdaanna. Sɛ ɔko si baabi a, nea ɛtaa ba ne sɛ, nkurɔfo pirapira anaa wɔnya adwenemhaw. Wɔn nso na ɛyɛ a wɔntaa nnya ayaresa a wɔhia.

  • Mfoni ketewa bi; wohwɛ a, wuhu abusua bi a wɔsoso wɔn ho nneɛma.

    Ɔko ma nkurɔfo guan fi baabi a wɔte. Amanaman Nkabom Aguanfo Soafo Panyin no de too gua sɛ, eduu September 2023 no, na nnipa bɛboro ɔpepem 114 na aguan afi baabi a wɔte. Ade titiriw a ɛkɔfaa wei bae ne ɔko.

  • Mfoni ketewa bi; wohwɛ a, wuhu sɛ abusua bi gyina wɔn fie ketewa bi anim.

    Ɛde sikasɛm mu ahokyere ba. Ɔko si a, ɛde sikasɛm mu ahokyere ba; ebi ne sɛ, ɛma nneɛma bo yɛ den. Ɔko ba a, ɔman sika a anka ɛsɛ sɛ wɔde boa ayaresa ne nhomasua no, wobɛhwɛ na wɔde akɔhyɛ ɔko no mu, na ɛba saa a, ɛma nkurɔfo ho kyere wɔn. Afei nso, sɛ ɔko sɛe kurow bi a, egye sika pii ansa na wɔatumi asiesie ama asi ne dedaw mu.

  • Mfoni ketewa bi; wohwɛ a, wuhu sɛ dorobɛn bi apae ama fango a ɛwom no rehwie gu.

    Ɛsɛe yɛn asaase so nneɛma. Nneɛma a yehia na yɛatumi atena ase no, ɔko nti sɛ nkurɔfo hyɛ da sɛe no a, ɛde ɔhaw na ɛba. Sɛ wɔde nneɛma fĩ sɛe nsu, mframa ne asaase a, etumi ma nkurɔfo yareyare mfe pii. Sɛ ɔko no ba awiei mpo a, mfe pii akyi no, atopae a wɔgyaw wɔ asaase mu no tumi pae pirapira nkurɔfo anaa ekunkum wɔn mpo.

Ɛda adi pefee sɛ, ɔko sɛe ade na ɛde ka kɛse nso ba.

Dɛn Na Bible Nkɔmhyɛ Ka Fa Ɔko Ho?

Nneɛma a Bible nkɔmhyɛ kaa sɛ ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ “wiase yi awiei” no, ɔko ka ho bi. (Mateo 24:3) Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ:

  • “Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm. . . . Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.”—Mateo 24:​6, 7.

  • “Sɛ mote ɔko ne basabasayɛ ho nsɛm a, mommmɔ hu.”—Luka 21:9.

    Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “basabasayɛ” wɔ Luka 21:9 no, etumi kyerɛ atuatew, tumidi a wɔsɔre tia, ne ɔyɛkyerɛ a wɔyɛ basabasa wom.

Wopɛ sɛ wuhu pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ ‘Awiei Mmere’ Anaa ‘Nna a Edi Akyiri’ No Mu?” Ɛwɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena