Nnipa rentumi mma akokoakoko nnyae
Nea Ɛbɛma Akokoakoko Agyae
Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn na obetumi ama ‘akodi agyae wɔ asaase nyinaa so,’ na ɛnyɛ nnipa.—Dwom 46:9.
ONYANKOPƆN BEYI NNIPA AMAMMU AFI HƆ
Bible ma yehu sɛ, Onyankopɔn de ɔko bi a yɛfrɛ no Armagedon na ebeyi nnipa amammu afi hɔ.a (Adiyisɛm 16:16) Edu saa bere no a, “asaase nyinaa so ahemfo” bɛboaboa wɔn ho ano akɔ “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” (Adiyisɛm 16:14) Onyankopɔn de Armagedon ko no na ebeyi akokoakoko a abu so wɔ wiase no nyinaa afi hɔ.
Onyankopɔn beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na ɔde n’Ahenni asi ananmu. Saa aban no befi soro na adi ade, na ɛno de, ɛrensɛe da. (Daniel 2:44) Onyankopɔn ayi ne Ba Yesu Kristo sɛ ɔnyɛ Ahenni no so Hene. (Yesaia 9:6, 7; Mateo 28:18) Saa Ahennib no na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ ho mpae no. (Mateo 6:9, 10) Sɛ Yesu bedi yɛn so a, nnipa nyinaa bɛyɛ baako, na aban baako adi obiara so.
Yesu nte sɛ nnipa a wɔdi yɛn so nnɛ no, enti ɔremfa ne tumi nyɛ nea ɔno ankasa pɛ. Ɛno nti sɛ Yesu bedi yɛn so a, sɛ obi fi he oo, sɛ ɔte sɛn oo, ɔne no bedi no yiye, efisɛ onyiyi nnipa mu. (Yesaia 11:3, 4) Afei nso obiara rente nka sɛ yɛresisi no bio. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu bɛma obiara asɛm ayɛ n’asɛm. “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. . . . Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.
Nneɛma a wɔde di ako no, Onyankopɔn Ahenni beyi ne nyinaa afi asaase so. (Mika 4:3) Nnipa abɔnefo a wɔpɛ ntɔkwaw a wopata wɔn baabiara a ɛmpata, ne wɔn a wɔsɛe nkurɔfo asomdwoe nso, Onyankopɔn Ahenni beyi wɔn nyinaa afi hɔ. (Dwom 37:9, 10) Ɔbarima oo, ɔbea oo, abofra oo, ɔpanyin oo, obiara nam baabiara a, ɔrensuro.—Hesekiel 34:28.
Onyankopɔn Ahenni bɛma obiara anya asetena pa. Nneɛma a etumi de ntɔkwaw ba, te sɛ ohia, ɔkɔm, ne baabi pa a nkurɔfo nnya ntena no, Ahenni no beyi saa ɔhaw no nyinaa afi hɔ. Obiara benya aduan pa adi ama ne ho atɔ no, na obiara anya dan papa atena mu ama ne ho adwo no.—Dwom 72:16; Yesaia 65:21-23.
Ɔhaw a akokoakoko akɔfa aba no, Onyankopɔn Ahenni beyi ne nyinaa afi hɔ. Wɔn a ɔko nti wɔadi dɛm, anaa akɔfa adwinnwen anaa adwene mu yare abɛto wɔn so no benya ayaresa. Wɔn a wɔawuwu mpo bɛsan anyan abɛtena asaase so bio. (Yesaia 25:8; 26:19; 35:5, 6) Yɛbɛsan ne yɛn abusuafo a wɔawuwu ahyia bio. Ɔhaw a ɔko de yɛn refa mu nnɛ no, ɛbɛka ‘kan nneɛma a ebetwam’ no ho.—Adiyisɛm 21:4.
ONYANKOPƆN BEYI BƆNE AFI HƆ
Onyankopɔn Ahenni no bɛka nnipa nyinaa abom, na wɔasom nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Ɔno ne “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn” Yehowa.c (2 Korintofo 13:11) Obiara besua sɛnea ɔne ne yɔnko bɛtena asomdwoe mu. (Yesaia 2:3, 4; 11:9) Obiara a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔbɛde ne ho afi bɔne ho.—Romafo 8:20, 21.
ONYANKOPƆN BEYI SATAN NE N’AHONHOMMƆNE DƆM NO AFI HƆ
Onyankopɔn Ahenni beyi Satan ne n’ahonhommɔne dɔm a wɔde akokoakoko ba no afi hɔ. (Adiyisɛm 20:1-3, 10) Sɛ wɔyi wɔn fi hɔ a, “asomdwoe pii bɛba.”—Dwom 72:7.
Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ obeyi akokoakoko afi hɔ no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔkwan biara so ɛbɛba mu. Obetumi ayi akokoakoko afi hɔ, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nso.
Onyankopɔn wɔ nyansa ne tumi a ɔde beyi akokoakoko afi hɔ. (Hiob 9:4) Biribiara nso no yɛ.—Hiob 42:2.
Sɛ nkurɔfo rehu amane a, Onyankopɔn mpɛ koraa. (Yesaia 63:9) Afei nso, “okyi obiara a n’ani gye awudisɛm ho.”—Dwom 11:5.
Onyankopɔn ka asɛm a ɔnnan n’ano; ɔrentumi nni atoro da.—Yesaia 55:10, 11; Tito 1:2.
Daakye, Onyankopɔn bɛma yɛanya asomdwoe a edi mu
Onyankopɔn beyi akokoakoko afi hɔ
a Kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Armagedon Ko No?” Ɛwɔ jw.org.
b Hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛwɔ jw.org.
c Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.