Adɛn Nti Na Akokoakoko Atena Hɔ Abesi Nnɛ?
Bible ma yehu nea akɔfa akokoakoko aba ne nea enti a atena hɔ abesi nnɛ.
BƆNE
Yɛn nyinaa fi Adam ne Hawa mu na ɛbae, na Onyankopɔn bɔɔ wɔn wɔ ne suban so. (Genesis 1:27) Ɛno kyerɛ sɛ, suban a Onyankopɔn wɔ te sɛ asomdwoe ne ɔdɔ no, anka ɛsɛ sɛ yetumi da bi adi. (1 Korintofo 14:33; 1 Yohane 4:8) Nanso Adam ne Hawa antie Onyankopɔn, na mmom wɔyɛɛ bɔne. Ɛno nti wɔde bɔne woo yɛn, na akɔfa owu abɛsoɛ yɛn nyinaa so. (Romafo 5:12) Bɔne a yenya fii wɔn hɔ no tumi ma yenya adwemmɔne, na yetumi di atirimɔdensɛm.—Genesis 6:5; Marko 7:21, 22.
NNIPA AMAMMU
Onyankopɔn ammɔ nipa sɛ onni ne yɔnko nipa so. Bible ka sɛ: “Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.” (Yeremia 10:23) Wei ma yehu sɛ, nnipa aban rentumi nnyi akokoakoko mfi hɔ korakora.
SATAN NE N’AHONHOMMƆNE DƆM
Bible ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Saa “ɔbɔnefo no,” yɛfrɛ no Satan Ɔbonsam na ɔyɛ owudifo. (Yohane 8:44) Akokoakoko a ɛrekɔ so wɔ wiase no, ɔne n’ahonhommɔne dɔm a wɔn tirim yɛ den no na ɛhyɛ akyi.—Adiyisɛm 12:9, 12.
Nneɛma a ɛkɔfa akokoakoko ba no, Onyankopɔn na obetumi atu ase, na ɛnyɛ nnipa