Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 February kr. 2-7
  • Nea Enti a Yɛn Ani Sɔ Yehowa Bɔnefakyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Yɛn Ani Sɔ Yehowa Bɔnefakyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SIE A YƐNE YEHOWA BESIESIE YƐN NTAM
  • YEHOWA YƐƐ MPATA HO NHYEHYƐE
  • YEHOWA YƐƐ NHYEHYƐE A ƆDE BETUA AGYEDE NO
  • YEHOWA GYE YƐN NA OBU YƐN BEM SƐ ATRENEEFO
  • Dɛn Na Yesua Fi Agyede No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nhyira a Yehowa Dɔ Ma Yenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Sɛnea Wubetumi Anya Yehowa Bɔnefakyɛ So Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nea Yehowa Ayɛ a Ɔde Begye Yɛn Afi Bɔne Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 February kr. 2-7

ADESUA ASƐM 6

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

Nea Enti a Yɛn Ani Sɔ Yehowa Bɔnefakyɛ

“Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.”—YOH. 3:16.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Wei bɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa bɔnefakyɛ no ayɛ kɛse.

1-2. Tebea a adasamma wom no, ɔkwan bɛn so na ɛte sɛ aberante a ne ho asɛm wɔ nkyekyɛm 1 no?

MOMMA yɛmfa no sɛ aberante bi awofo wɔ sika paa. Da koro bi n’awofo nyaa akwanhyia wui. Ɔtee no, ebubuu no. Nanso, sɛɛ na ɔrebɛte asɛm foforo nso ama ne ho adwiriw no paa. Obehui sɛ sika bebrebe a na n’awofo wɔ no, wɔadi ne nyinaa na wɔasan agyaw ɛka kɛse ato hɔ. Wo ara hwɛ oo, sɛ́ anka wɔn sika no bɛba abedi ne nsam no, ɛka mmom na wɔde gyaw no. Enti daa na nkurɔfo redan no ka. Ɔtwe ne mu tann a, ɔrentumi ntua saa ka no da.

2 Tebea a yɛwom no te sɛ aberante a yɛreka ne ho asɛm yi. Ná yɛn awofo a wɔdi kan, Adam ne Hawa te paradise fɛfɛɛfɛ bi mu. Ná bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho. (Gen. 1:27; 2:​7-9) Ná anka wɔbetumi atena ase agye wɔn ani afebɔɔ. Nanso awerɛhosɛm bi sii; wɔyɛɛ bɔne. Ɛno nti Yehowa pam wɔn fii Paradise hɔ, na anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no nso bɔɔ wɔn. Wohwɛ a, agyapade bɛn na na wɔde begyaw wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no? Bible ka sɛ: “Ɛnam onipa baako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Rom. 5:12) Agyapade a Adam de gyaw yɛn ne bɔne ne owu. Bɔne a abɛsoɛ yɛn so no te sɛ ɛka kɛse bi a abɛtɔ yɛn so a yɛrentumi ntua da.—Dw. 49:8.

3. Adɛn nti na yebetumi de bɔne atoto ‘ɛka’ ho?

3 Yesu de bɔne totoo ‘ɛka’ ho. (Mat. 6:12; Luka 11:4) Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ka. Enti ɛsɛ sɛ yetua saa ka no. Sɛ yɛantumi antua saa ka no a, gye sɛ yewu de tua.—Rom. 6:​7, 23.

4. (a) Esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, sɛ Yehowa ammoa yɛn a, dɛn na anka ɛbɛto yɛn nyinaa? (Dwom 49:​7-9) (b) Bible de asɛmfua “bɔne” di dwuma a, dɛn na ɛkyerɛ? (Hwɛ adaka a yɛato din “Bɔne” no.)

4 Nea Adam ne Hawa hweree no, yɛn nsa betumi asan aka anaa? Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛrenyɛ yiye. (Kenkan Dwom 49:​7-9.) Sɛ Yehowa ammoa yɛn a, anka yenni daakye anaa owusɔre ho anidaso biara. Nea ɛwom ne sɛ, yewu a anka yɛne mmoa nyinaa bɛyɛ pɛ.—Ɔsɛnk. 3:19; 2 Pet. 2:12.

Bɔne

Bible mu no, asɛmfua “bɔne” betumi akyerɛ nneɛma pii:

  • nea edi kan, bɔne a Adam yɛ tiaa Yehowa Nyankopɔn.—Gen. 3:​17-19; Rom. 5:​14, 17.

  • nea ɛtɔ so mmienu, bɔne ne sintɔ a Adam de agyaw yɛn mu biara.—Dw. 51:5.

  • nea ɛtɔ so mmiɛnsa, nneɛma bɔne biara a sintɔ nti ebia yɛhyɛ da yɛ anaa yɛnhyɛ da sɛ yɛbɛyɛ.—Yoh. 8:34; Yak. 1:​14, 15.

5. Sɛn na Yehowa aboa yɛn ma yɛatua bɔne ho ka a yɛde no? (Hwɛ mfoni no.)

5 Yɛnhwɛ aberante a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Sɛ osikani bi ka sɛ obetua ne ka no nyinaa ama no a, wohwɛ a, ɔbɛte nka sɛn? Ayamye a osikani no daa no adi kyerɛɛ aberante no, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani bɛsɔ paa. Yɛn nso, Yehowa akyɛ yɛn biribi a ebetumi atua bɔne ho ka a Adam de gyaw yɛn no. Yesu kaa wei ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Akyɛde koro yi ara betumi ama yɛne Yehowa afa adamfo denneennen.

Mfoni: 1. Yesu rekasa anadwo. 2. Roma asraafo reyi Yesu amu no afi asɛndua no so.

Agyede afɔre a Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn no, Yesu kaa ho asɛmpa. ( Yoh. 3:​16) Ɛno akyi no, ofi ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre de yɛɛ agyede no (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6. Bible mu nsɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia?

6 Akyɛde a ɛso bi nni yi, sɛn na ebetumi ama Yehowa de yɛn bɔne anaa yɛn “aka” akyɛ yɛn? Bible mu nsɛm bi a yebesusuw ho no bɛma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae. Ebi ne sie a yɛne Yehowa besiesie yɛn ntam, mpata, asomdwoe a ɛbɛba yɛne Yehowa ntam, agyede, ogye, ne bu a wɔbebu yɛn sɛ atreneefo. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea saa nsɛm yi mu biara kyerɛ. Sɛ yedwinnwen nkyerɛkyerɛmu no ho a, nea Yehowa ayɛ ama yɛanya bɔnefakyɛ no, yɛn ani bɛsɔ paa.

SIE A YƐNE YEHOWA BESIESIE YƐN NTAM

7. (a) Dɛn bio na Adam ne Hawa hweree? (b) Sɛ́ Adam ne Hawa asefo no, dɛn paa na yehia? (Romafo 5:​10, 11)

7 Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa no bɔɔ wɔn. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, ansa na Adam ne Hawa reyɛ bɔne no, na wɔka Onyankopɔn abusua no ho. (Luka 3:38) Nanso bere a wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no, ɔpam wɔn fii n’abusua no mu ansa na wɔrewo mma. (Gen. 3:​23, 24; 4:1) Esiane sɛ yɛyɛ wɔn asefo nti, ehia sɛ yɛne Yehowa siesie yɛn ntam. (Kenkan Romafo 5:​10, 11.) Yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛsɛ sɛ yɛsan ne no nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Nhoma bi ka sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sie a yɛne obi besiesie yɛn ntam” no, ebetumi nso akyerɛ sɛ “wobɛma wo tamfo abɛyɛ w’adamfo.” Nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, Yehowa mmom na odii kan tuu anammɔn sɛ obesiesie yɛne no ntam. Ɔyɛɛ no sɛn?

YEHOWA YƐƐ MPATA HO NHYEHYƐE

8. Dɛn ne mpata?

8 Mpata yɛ nhyehyɛe a Yehowa yɛe a ɛbɛma nnipa a bɔne wɔ wɔn ho ne ne ntam asan ayɛ kama. Nea ɛkyerɛ ne sɛ wode ade baako resesa ade foforo; ɛsɛ sɛ ne mmienu nyinaa bo yɛ pɛ. Wei nti, biribi a ayera anaa asɛe no, yɛn nsa betumi asan aka anaa yebetumi anya foforo ahyɛ ananmu. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no nso, ɛde asɛm bi a ɛne “mpata” di nsɛ di dwuma. Ɛno nso kyerɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɛbɛma asomdwoe aba yɛne ne ntam.—Rom. 3:25.

9. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛe a ɛma otumi de Israelfo no bɔne kyɛɛ wɔn?

9 Nea ɛbɛyɛ na Israelfo no ne Yehowa ntam ayɛ kama no, ɔyɛɛ nhyehyɛe bi a na ɛbɛma ɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. Tete Israel no, afe biara na wɔdi Mpata Da afahyɛ no. Saa da no du a, na ɔsɔfo panyin no de mmoa bɔ afɔre ma Israel man no. Ɛwom, mmoa afɔrebɔ no antumi ampopa obiara bɔne korakora efisɛ nnipa som bo koraa sen mmoa. Nanso sɛ Israelfo no sakra fi wɔn bɔne ho, na wɔbɔ afɔre a Yehowa hwehwɛ sɛ wɔbɔ no a, na ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn. (Heb. 10:​1-4) Afɔre a na wɔbɔ no Mpata Da no, ne bɔne ho afɔre afoforo a na wɔbɔ no, ne nyinaa maa Israelfo no hui paa sɛ, bɔne adonnɔn wɔn, na wɔhia biribi a ebetumi apopa wɔn bɔne korakora.

10. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛe a ebetumi ama ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn korakora?

10 Ná Yehowa wɔ nhyehyɛe bi wɔ n’adwene mu a ɛbɛma watumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn korakora. Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa ne Dɔba no ‘bɛbɔɔ afɔre prɛko de soaa nnipa pii bɔne.’ (Heb. 9:28) Yesu de “ne nkwa ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Ɛnde, dɛn ne agyede?

YEHOWA YƐƐ NHYEHYƐE A ƆDE BETUA AGYEDE NO

11. (a) Sɛ Bible ka agyede a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Dɛn na na wɔde betua agyede no?

11 Sɛ Bible ka agyede a, ɛyɛ biribi a yetua de pata obi anaa biribi a yetua de siesie yɛne afoforo ntam.a Yehowa fam no, agyede no na ɔnam so ma yɛn nsa ka nea yɛhweree no. Ɔkwan bɛn so? Kae sɛ, na bɔne ne sintɔ biara nni Adam ne Hawa ho. Afei nso, na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbetumi atena ase daa. Nanso wɔhweree ne nyinaa. Enti na ɛsɛ sɛ agyede no ne nea wɔhweree no nyinaa bo yɛ pɛ. (1 Tim. 2:6) Onii a na obetua agyede no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a wanyin. Afei nso, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a (1) bɔne ne sintɔ biara nni ne ho; (2) obetumi atena ase daa wɔ asaase so; na (3) ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ama yɛn. Obi a ɔte saa na na obetumi de ne nkwa asesa nea yɛhweree no, anaa apata ama yɛn.

12. Adɛn nti na Yesu na na ɔfata sɛ otua agyede no?

12 Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛmaa Yesu tumi tuaa agyede no. (1) Ná sintɔ biara nni ne ho—“wanyɛ bɔne biara.” (1 Pet. 2:22) (2) Ɛno nti, na obetumi atena ase daa wɔ asaase so. (3) Ná wayɛ krado sɛ obewu de ne nkwa abɔ afɔre ama yɛn. (Heb. 10:​9, 10) Ná bɔne ne sintɔ biara nni Yesu ho; ansa na Adam reyɛ bɔne no, saa ara na na ɔno nso te. (1 Kor. 15:45) Enti bere a Yesu wui no, otumi de ne nkwa sesaa nea Adam hweree no de tuaa Adam bɔne no ho ka. (Rom. 5:19) Wei nti, Yesu bɛyɛɛ “Adam a odi akyiri.” Ɛho nhia sɛ yenya onipa foforo a bɔne ne sintɔ biara nni ne ho ma ɔsan betua nea Adam hweree no. Yesu wui “prɛko.”—Heb. 7:27; 10:12.

13. Mpata ne agyede no, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

13 Ɛnde, mpata ne agyede no, nsonsonoe bɛn na ɛwom? Mpata yɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛe a ɛbɛma nnipa ne ne ntam asan ayɛ kama. Agyede no a wɔtuae no na ɛma etumi yɛɛ yiye sɛ Yehowa de nnipa bɔne bɛkyɛ wɔn. Yesu mogya a ɛsom bo no na ɔde tuaa agyede no maa yɛn.—Efe. 1:7; Heb. 9:14.

YEHOWA GYE YƐN NA OBU YƐN BEM SƐ ATRENEEFO

14. Dɛn na yɛrebesusuw ho, na adɛn ntia?

14 Mpata nhyehyɛe a Yehowa yɛe no, mfaso bɛn na ɛde aba? Bible de nsɛm bi di dwuma de kyerɛkyerɛ mfaso a saa nhyehyɛe no de ba mu. Ɛwom sɛ saa nsɛm yi ntease reyɛ ayɛ pɛ de, nanso emu biara ma yehu biribi pɔtee fa mpata nhyehyɛe a Yehowa yɛe a ɛma yenya bɔnefakyɛ no ho. Yebesusuw saa nsɛm yi ho, na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu mfaso a yɛn mu biara nya wɔ so.

15-16. (a) Sɛ Bible ka sɛ ‘wɔagye’ yɛn a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Gye a Yehowa agye yɛn no, ɛma yɛte nka sɛn?

15 Bible ka sɛ esiane sɛ wɔatua agyede no nti, wɔagye yɛn anaa yɛade yɛn ho. Ɔsomafo Petro kaa ho asɛm sɛ: “Na munim sɛ mo abrabɔ hunu a mo agyanom de gyaw mo no, ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛe te sɛ dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ na wɔde gyee mo fii mu. Mmom ɛnam Kristo mogya a ɛsom bo no so; ɛte sɛ oguan ba a dɛm ne nkekae biara nni ne ho mogya.”—1 Pet. 1:​18, 19.

16 Agyede afɔre no nti, yebetumi anya yɛn ho atetew afi bɔne ne owu nsam. (Rom. 5:21) Anokwa, Yesu mogya anaa ne nkwa a ɛsom bo a Yehowa de gyee yɛn fii bɔne ne owu mu no, yɛn ani sɔ paa, enti yɛda Yehowa ne Yesu ase papaapa!—1 Kor. 15:22.

17-18. (a) Bu a Yehowa abu yɛn bem sɛ atreneefo no, ɛkyerɛ sɛn? (b) Mfaso bɛn na wei ma yenya?

17 Bu a Yehowa abu yɛn bem sɛ atreneefo no kyerɛ sɛ bɔne ho ka biara a yɛde no, watwam. Wei a Yehowa yɛe no nkyerɛ sɛ wabu n’atɛntrenee ho mmara so. Ɛnyɛ adwuma bi a yɛayɛ nti na obu yɛn sɛ atreneefo; saa ara nso na bu a obu yɛn bem no nkyerɛ sɛ ɔsosɔ bɔne so. Nanso nea Yehowa ne Yesu yɛe a ɛmaa yɛn nsa kaa agyede no, esiane sɛ yɛwɔ mu gyidi nti, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn.—Rom. 3:24; Gal. 2:16.

18 Bu a Yehowa abu yɛn bem sɛ atreneefo no, sɛn na yɛn mu biara nya so mfaso? Wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi ade wɔ soro no, Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne mma. (Tito 3:7; 1 Yoh. 3:1) Onyankopɔn de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Seesei tebea a wɔwom no te sɛ nea wɔnyɛɛ bɔne biara da, enti wɔfata sɛ wɔkɔ Ahenni no mu. (Rom. 8:​1, 2, 30) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so daa no, Onyankopɔn de wɔn bɔne akyɛ wɔn na obu wɔn sɛ ne nnamfo. (Yak. 2:​21-23) Nnipakuw kɛse a wɔbetwa Armagedon no wɔ anidaso sɛ wɔrenwu da. (Yoh. 11:26) “Atreneefo” ne “wɔn a wɔnyɛ atreneefo” a wɔawuwu no, Yehowa benyan wɔn. (Aso. 24:15; Yoh. 5:​28, 29) Awiei koraa no, Yehowa asomfo asoɔmmerɛwfo a wɔwɔ asaase so nyinaa ‘benya anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no.’ (Rom. 8:21) Nhyira kɛse paa na ɛda hɔ retwɛn yɛn; yɛhwɛ kwan denneennen sɛ ɛrenkyɛ yɛn nyinaa betumi abɛyɛ Onyankopɔn mma a bɔne ne sintɔ biara nni yɛn ho.

19. Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, sɛn na asesa tebea a na yɛwom no? (Adaka a yɛato din “Yehowa Bɔnefakyɛ” no, hwɛ ɛno nso.)

19 Nokwasɛm ne sɛ, na tebea a yɛwom no te sɛ aberante a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Ɔhweree biribiara, na n’awofo gyaw no ɛka kɛse a na ɔrentumi ntua da. Nanso Yehowa abɛyɛ yɛn mmoa. Tebea a yɛwom no asesa, efisɛ Yehowa yɛɛ nhyehyɛe a ɔnam so de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na Yesu tuaa agyede no. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu nti, Yehowa betumi agye yɛn anaa yebetumi anya yɛn ho atetew afi bɔne ne owu ho. Afei nso, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn korakora na ayɛ te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne koraa da. Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, seesei yebetumi ne yɛn soro Agya Yehowa anya ayɔnkofa a emu yɛ den.

Mfoni: 1. Nnipa a wɔfi aman horow so. 2. Yesu asɛndua no da ne kɔn ho.

Yehowa Bɔnefakyɛ

SIE A YƐNE YEHOWA BESIESIE YƐN NTAM: Yehowa pɛ sɛ nnipa a bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho ne no nya ayɔnkofa a emu yɛ den

MPATA: Nhyehyɛe a Yehowa yɛe na ama asomdwoe asan aba ɔne nnipa a bɔne wɔ wɔn ho ntam

AGYEDE: Ɛyɛ Yesu mogya a ɔde tuaa yɛn bɔne ho ka na ama asomdwoe aba yɛne Yehowa ntam

YEHOWA GYE YƐN: Ɛkyerɛ sɛ wɔatua yɛn bɔne ho ka, enti yɛanya yɛn ho atetew

YEHOWA ABU YƐN BEM SƐ ATRENEEFO: Ɛkyerɛ sɛ bɔne ho ka biara a yɛde no, watwam te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne koraa da

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Sɛ yedwinnwen nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no ho a, ɛma anisɔ a yɛwɔ ma wɔn no yɛ kɛse. (2 Kor. 5:15) Sɛ wɔammɛyɛ yɛn mmoa a, anka yenni anidaso biara. Sɛn na yɛn mu biara betumi anya Yehowa bɔnefakyɛ so mfaso? Yebesusuw wei ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

WUBEBUA SƐN?

  • Adɛn nti na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma watumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn?

  • Dɛn na Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn?

  • Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, mfaso bɛn na yenya?

DWOM 10 Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!

a Kasa ahorow bi mu no, asɛmfua “agyede” no, sɛ wɔkyerɛ ase tee a, ɛkyerɛ “biribi a wɔtua de gye obi nkwa” anaa “ade a wɔde tua biribi ho ka.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena