ADESUA ASƐM 12
DWOM 119 Ɛsɛ sɛ Yenya Gyidi Ankasa
Kɔ So Nantew Gyidi Mu
“Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.”—2 KOR. 5:7.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea yɛbɛkɔ so anantew gyidi mu bere a yɛresisi gyinae a ɛho hia.
1. Bere a ɔsomafo Paul hwɛɛ sɛnea ɔbɔɔ ne bra no, adɛn nti na ne koma tɔɔ ne yam?
EDUU baabi no, na ɔsomafo Paul nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no, nanso bere a ɔhwɛɛ sɛnea wabɔ ne bra no, ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. Ɔkaa sɛ: “Matu mmirika no awie, makura gyidi no mu.” (2 Tim. 4:6-8) Gyinae a Paul sii sɛ ɔde ne nkwa bɛsom Yehowa no, na ɛyɛ gyinae pa, enti na ogye di sɛ Yehowa ani gye nea ɔyɛe no ho. Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yesisi gyinae pa na Yehowa gye yɛn tom. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
2. Sɛ yɛka sɛ yɛnam gyidi mu a, ɛkyerɛ sɛn?
2 Paul kaa sɛ Kristofo ‘nam gyidi mu, na ɛnyɛ nea wɔhu mu.’ (2 Kor. 5:7) Nea ɔkae no kyerɛ sɛn? Bible mu no, ɛtɔ da a asɛmfua ‘nantew’ no, ɛkyerɛ sɛnea obi bɔ ne bra. Sɛ obi nam nea ohu mu a, nneɛma a n’ani tua, nea ɔte, ne sɛnea ɔte nka nko ara na ogyina so sisi gyinae. Nanso sɛ obi nam gyidi mu a, gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn mu no, ɛno na ogyina so sisi gyinae. Ne nneyɛe ma yehu sɛ ogye di sɛ, sɛ ɔde Bible mu afotu bɔ ne bra a, Onyankopɔn behyira no, na ebesi no yiye.—Dw. 119:66; Heb. 11:6.
3. Sɛ yɛnantew gyidi mu a, mfaso bɛn na yenya? (2 Korintofo 4:18)
3 Yɛn nyinaa, ɛtɔ da a nea yehu, nea yɛte, ne sɛnea yɛte nka na yegyina so sisi gyinae. Nanso, sɛ nea yehu ne nea yɛte no, ɛno nko ara na yegyina so sisi gyinae a ɛho hia a, ɛnde anhwɛ a ɛde asɛm bɛba. Adɛn ntia? Efisɛ nea yehu ne nea yɛte no, ɛtɔ da a ebetumi adaadaa yɛn. Sɛ annaadaa yɛn mpo a, ebewie ase no, ebia wobɛhwɛ na yɛabu Onyankopɔn mmara so. (Ɔsɛnk. 11:9; Mat. 24:37-39) Nanso sɛ yɛnantew gyidi mu a, yebesisi gyinae a ‘ɛsɔ Awurade ani.’ (Efe. 5:10) Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu bɔ yɛn bra a, yebenya anigye ne akomatɔyam. (Dw. 16:8, 9; Yes. 48:17, 18) Sɛ yɛkɔ so nantew gyidi mu a, ɛbɛma yɛanya daa nkwa.—Kenkan 2 Korintofo 4:18.
4. Obi bɛyɛ dɛn ahu sɛ ɔnam gyidi mu anaa nea n’ani hu mu?
4 Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛnam gyidi mu anaa nea yɛn ani hu mu? Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa yɛn: Dɛn na yegyina so sisi gyinae? Nea yɛn ani tua nko ara so na yegyina sisi gyinae anaa? Anaa Yehowa mu gyidi ne n’afotu so na yegyina sisi gyinae? Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛkɔ so akyerɛ sɛ yɛnam gyidi mu bere a yɛresisi gyinae wɔ nneɛma mmiɛnsa a ɛho hia yi ho: adwuma, aware, ne bere a yɛn nsa aka akwankyerɛ bi afi Yehowa ahyehyɛde no hɔ. Emu biara no, yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho na aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa.
BERE A YƐREPƐ ADWUMA
5. Sɛ yɛrepɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
5 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yetumi hwɛ yɛn ho ne yɛn abusua. (Ɔsɛnk. 7:12; 1 Tim. 5:8) Nnwuma bi wɔ hɔ a sika wom paa. Ebetumi ama odwumayɛni bi anya sika a ɔde bɛhwɛ ne ho na wanya bi mpo de asie ama daakye. Nanso nnwuma no bi wɔ hɔ a, totɔ-biribi-di yi ara. Enti sɛ yɛrekɔpɛ adwuma a, ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ akatua no. Nanso, sɛ akatua no nko ara na obi gyina so si adwuma a ɔbɛyɛ ho gyinae a, ɛkyerɛ sɛ ɔnam nea n’ani hu mu.
6. Sɛ yɛrepɛ adwuma a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛnam gyidi mu? (Hebrifo 13:5)
6 Sɛ yɛnam gyidi mu a, adwuma a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, sɛnea ɛbɛka yɛne Yehowa ayɔnkofa no, ɛsɛ sɛ yesusuw ɛno nso ho. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Adwuma no bɛma mede me ho ahyehyɛ nneyɛe bi a Yehowa kyi mu anaa?’ (Mmeb. 6:16-19) ‘Ɛbɛma matoto adesua ne asɛnka mu anaa?’ ‘Ɛbɛma ayɛ den sɛ mɛyɛ abusua som anaa kokoam adesua anaa?’ ‘Ɛbɛma magyaw m’abusua hɔ bere tenten anaa?’ (Filip. 1:10) Sɛ nsɛmmisa yi ho mmuae yɛ yiw na sɛ adwuma ho yɛ na mpo a, adwuma a ɛte saa no, wohwɛ a nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ? Esiane sɛ yɛnam gyidi mu nti, ɛsɛ sɛ gyinae a yesisi no ma ɛda adi sɛ, yegye di paa sɛ Yehowa bɛma yɛn nea yehia.—Mat. 6:33; kenkan Hebrifo 13:5.
7-8. Dɛn na onua bi a ɔwɔ South America yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔnam gyidi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Javier,a a ɔwɔ South America. Ohui sɛ ehia paa sɛ ɔnantew gyidi mu. Ɔka sɛ: “Baabi a na meyɛ adwuma no, kwan bi bɛdaa hɔ a na ɛbɛma manya dibea kɛse, enti mekyerɛw kɔe sɛ mepɛ. Akatua a na menya no, sɛ mede toto nea na migye no ho a, na ebebu abɔ ho. Ná adwuma no bɛma m’ani agye paa.” Nanso na ɛda Javier koma so paa sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma no. Ɔtoa so sɛ: “Ɔpanyin a ɔda adwuma no ano wɔ ɔman no mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ minkohyia no na ommisabisa me nsɛm. Ansa na merekohyia no no, mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me, efisɛ na migye di sɛ Yehowa nim nea ɛbɛboa me paa. Ná mepɛ sɛ mekɔ m’anim wɔ adwuma no mu, nanso na mede botae bi asisi m’ani so wɔ Yehowa som mu. Enti sɛ na adwuma no remmoa me mma minnu me botae no ho a, ɛnde na meremfa me ti nkɔhyɛ mu.”
8 Javier ka sɛ: “Bere a ɔpanyin no rebisabisa me nsɛm no, ɔkaa sɛ ebehia sɛ metaa ka mu yɛ adwuma. Meka kyerɛɛ no nidi mu sɛ me som nti, merentumi nyɛ saa.” Enti, Javier yɛɛ n’adwene sɛ ɔrenyɛ adwuma no. Nnawɔtwe mmienu akyi no, ofii akwampae adwuma ase. Abosome kakra akyi no, okonyaa adwuma bi a na ɔremfa ne bere nyinaa nyɛ. Ɔkaa sɛ: “Yehowa tiee me mpaebɔ, na ɔma minyaa adwuma bi a na ɛbɛma me kwan ma mayɛ akwampae adwuma no. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ manya adwuma a ɛma mede me bere pii som Yehowa ne me nuanom.”
Sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ ɔbɛma wo dibea kɛse na wato w’akatua mu a, gyinae a wubesi no, ɛbɛkyerɛ sɛ wugye di sɛ Yehowa nim nea ɛbɛboa wo paa anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)
9. Dɛn na wusua fi Trésor suahu no mu?
9 Sɛ yehu sɛ adwuma a yɛyɛ seesei no, ɛmmoa yɛn mma yɛnnantew gyidi mu a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛnhwɛ onua bi a ɔwɔ Congo a ne din de Trésor. Ɔka sɛ: “Adwuma foforo bi a mikonyae de, na ɛnyɛ agorɔ koraa. Akatua a na migye no, na ɛyɛ m’adwuma dedaw no de mmɔho mmiɛnsa, na na nkurɔfo bu me paa.” Nanso na Trésor taa ka mu yɛ adwuma, enti na ɔtaa toto adesua mu. Afei nso, katasomuamuaso a na ɛkɔ so wɔ adwuma no mu no, na wɔhyɛ no sɛ mma ɔnnka ho asɛm. Ná Trésor pɛ sɛ ogyae adwuma no, nanso na osuro sɛ anhwɛ a ɔrennya adwuma foforo nyɛ. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: Habakuk 3:17-19 boaa me ma mihui sɛ, sɛ migyae saa adwuma no mpo a, nea ɛbɛyɛ biara Yehowa bɛhwɛ me. Enti migyaee.” Ɔkyerɛ mu sɛ: “Adwumawuranom bebree adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ obi nya adwuma a akatua wom a, obehuruw asɔ, na ɔde n’abusua ne ne som mpo bɛto nkyɛn. Ɛyɛ me dɛ sɛ mamma biribiara ansɛe me ne Yehowa ne m’abusuafo ntam. Afe baako akyi no, Yehowa boaa me ma minyaa adwuma kama bi. Ná akatua no ye, na na ɛma minya bere pii de som Yehowa. Sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetenam a, ebia mfiase no yɛn ho bɛkyere yɛn kakra, nanso Yehowa bɛhwɛ yɛn.” Sɛ yetie Yehowa afotu na yenya gyidi sɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛbam a, yɛbɛkɔ so anantew gyidi mu, na obehyira yɛn.
BERE A YƐREPƐ OBI AWARE NO
10. Sɛ yɛrepɛ obi aware no a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnam nea yehu mu?
10 Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, enti sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, ɛyɛ ne kwan so. Sɛ onuawa bi repɛ obi aware no a, ebia ɔbɛhwɛ onua no suban, n’ahoɔfɛ, din a ɔwɔ, sika a ɔwɔ, asɛde a ɔwɔ wɔ n’abusua mu, ne sɛnea ɔbɛma n’ani agye.b Saa nneɛma yi ho hia, nanso sɛ ɔhwɛ ɛno nko ara a, ɛnde na ɔnam nea ohu mu.
11. Sɛ yɛrepɛ obi aware no a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnam gyidi mu? (1 Korintofo 7:39)
11 Anuanom a wɔrepɛ obi aware no no, sɛ Yehowa hu sɛ wɔde n’akwankyerɛ reyɛ adwuma a, ɛma n’ani gye paa! Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Bible tu yɛn fo sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, ɔntwɛn nkosi sɛ obehu sɛ ‘ɔnyɛ abofra bio.’ Enti saa anuanom no tie saa afotu yi. (1 Kor. 7:36) Sɛ wɔhu obi a wɔpɛ sɛ wɔware no a, suban a Yehowa ka sɛ ɛbɛma obi ayɛ okunu pa anaa ɔyere pa no, ɛno na wɔhwɛ. (Mmeb. 31:10-13, 26-28; Efe. 5:33; 1 Tim. 5:8) Sɛ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo pɛ sɛ ɔne wɔn yɛ aware nhyehyɛe a, Bible afotu a ɛka sɛ “Awurade mu nko ara” na yɛnware no, wɔtie. Saa afotu no wɔ 1 Korintofo 7:39. (Kenkan.) Anuanom a ɛte saa no kɔ so nantew gyidi mu, efisɛ wɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama wɔn ani agye asen obi foforo biara.—Dw. 55:22.
12. Dɛn na yesua fi Rosa nhwɛso no mu?
12 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Rosa; ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ Colombia. Ɔbarima bi a ɔnyɛ Ɔdansefo a na ɔne no yɛ adwuma fii ase kyerɛɛ ne ho anigye. Ná Rosa nso twe ma no. Ɔka sɛ: “Wohwɛ no a, wuhu sɛ ɔyɛ onipa pa. Ná ɔboa ne mpɔtamfo, na na ɔmmɔ bra basabasa. Ná obu me, na na ɔne me di no yiye. Suban pa biara a na merehwehwɛ wɔ okunu pa ho no, na ɔwɔ bi, nanso na ɔnyɛ Ɔdansefo.” Ɔtoa so sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ mɛka akyerɛ no sɛ merentumi ne no nyɛ aware nhyehyɛe, efisɛ obi a ɔte saa na na mepɛ. Saa bere no, na mete nka sɛ mayɛ ankonam enti na mepɛ sɛ meware, nso na minnyaa onua biara a metumi aware no.” Nanso, Rosa amfa n’adwene ansi nea na ohu nko ara so. Sɛ ɔware saa aberante no a, sɛnea na ɛbɛsɛe ɔne Yehowa ntam no, ɔde kɔɔ adwinnwen mu. Ɛno nti, ɔne ɔbarima no twaa ayɔnkofa biara mu, na ɔyeree ne ho wɔ Yehowa som mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, na seesei ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw. Rosa ka sɛ: “Yehowa ama m’ani agye paa.” Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛnantew gyidi mu, ɛnkanka bere a yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛda yɛn koma so paa no, nanso sɛ yetie Yehowa a, yɛn nsa rensi fam da.
BERE A YƐN NSA AKA AKWANKYERƐ BI AFI YEHOWA AHYEHYƐDE NO HƆ
13. Sɛ yɛn nsa ka akwankyerɛ bi fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ a, dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnam nea yehu mu?
13 Asafo mu mpanyimfo, amansin so ahwɛfo, Betel, anaa Akwankyerɛ Kuw no taa ma yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yɛsom Yehowa. Nanso, ɛtɔ da a ebia yenhu nea enti a wɔde akwankyerɛ bi ma yɛn. Ɛba saa a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ akwankyerɛ no remmoa yɛn. Ebi mpo a anuanom a wɔde akwankyerɛ no maa yɛn no, yɛde yɛn adwene besi wɔn mfomso so.
14. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanantew gyidi mu bere a yɛn nsa aka akwankyerɛ bi afi Yehowa ahyehyɛde no hɔ? (Hebrifo 13:17)
14 Sɛ yɛnam gyidi mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yegye di sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan, na onim nea eye ma yɛn paa. Ɛno nti, yennwiinwii, mmom yɛyɛ ntɛm tie akwankyerɛ biara a wɔde bɛma yɛn. (Kenkan Hebrifo 13:17.) Yenim sɛ, sɛ yetie akwankyerɛ a, ɛde baakoyɛ ba asafo no mu. (Efe. 4:2, 3) Anuanom a edi nneɛma anim no, yenim sɛ wɔtɔ sin, nanso sɛ yetie wɔn a, Yehowa behyira yɛn. (1 Sam. 15:22) Bere a ɛsɛ mu no, biribiara a ehia sɛ Yehowa tenetene no no, ɔbɛyɛ saa.—Mika 7:7.
15-16. Onua bi a na n’adwenem yɛɛ no naa wɔ akwankyerɛ bi a ne nsa kae ho no, dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so nantew gyidi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
15 Sɛ yɛnantew gyidi mu a, ɛboa yɛn paa. Osuahu a edi so yi si wei so dua. Wokɔ Peru a, kasa a wɔka paa ne Spanish, nanso nnipa bebree nso ka wɔn kurom kasa. Kasa no mu baako ne Quechua. Mfe pii na anuanom a wɔka Quechua kasa no de hwehwɛɛ wɔn a wɔwɔ asaasesin no mu a wɔka Quechua. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbedi aban mmara so nti, ɔkwan a na wɔfa so hwehwɛ wɔn a wɔka Quechua kasa no, wɔyɛɛ mu nsakrae. (Rom. 13:1) Nsakrae a wɔyɛe no, anuanom bi tee nka sɛ ɛnyɛ ade a ɛbɛboa. Nanso bere a wɔde akwankyerɛ foforo no yɛɛ adwuma no, Yehowa boaa wɔn ma wɔhuu baabi a na wɔn a wɔka Quechua kasa no pii tete.
16 Kevin yɛ asafo mu panyin a ɔwɔ asafo bi a ɛka Quechua kasa mu; ɔka wɔn a na akwankyerɛ foforo no haw wɔn no ho. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Mibisaa me ho sɛ, ‘Seesei, yɛbɛyɛ dɛn anya wɔn a wɔka Quechua kasa?’” Dɛn na Kevin yɛe? Ɔka sɛ: “Mekaee asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5 no, na Mose ho asɛm besii me tirim. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onkodi Israelfo no anim mfi Egypt na wɔnkɔfa baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da no. Wohwɛ akwankyerɛ no a, asɛ na ntease nnim efisɛ na Egyptfo no betumi abɛtow ahyɛ wɔn so. Nanso Mose tiei, na Yehowa yɛɛ anwanwade de gyee ne nkurɔfo.” (Ex. 14:1, 2, 9-11, 21, 22) Enti Kevin fii ne pɛ mu gyee akwankyerɛ foforo no toom. Ekosii sɛn? Ɔka sɛ: “Sɛnea Yehowa hyiraa yɛn no, ɛyɛɛ me nwanwa. Kan no, ɛtɔ da a yetumi nantew asɛnka mu saa, nanso wɔn a ɛka Quechua kasa no baako anaa mmienu bi pɛ na na yenya wɔn. Seesei mmeae a wɔn a ɛka Quechua kasa dɔɔso wɔ hɔ no, ɛhɔ paa na yɛkɔ. Ɛno nti yetumi ne nnipa pii bɔ nkɔmmɔ, yɛ sankɔhwɛ, ne Bible adesua. Seesei nnipa dodow a ɛba adesua no akɔ soro.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛnantew gyidi mu a, Yehowa hyira yɛn bere nyinaa.
Anuanom hui sɛ nnipa pii a wɔhyiaa wɔn no, wɔtumi kyerɛɛ wɔn mmeae bi a wɔbehu wɔn a wɔka Quechua kasa no (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)
17. Dɛn na woasua afi adesua yi mu?
17 Yɛahu sɛnea yɛbɛkɔ so anantew gyidi mu bere a yɛresisi nneɛma mmiɛnsa bi a ɛho hia ho gyinae. Nanso biribiara a yɛyɛ wɔ asetenam no, sɛ yɛresi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nantew gyidi mu. Ebi ne bere a yɛrepɛ biribi de agyigye yɛn ani, baabi a yebesua nhoma akodu, ne sɛnea yɛbɛtete yɛn mma. Gyinae biara a yebesi no, ɛnyɛ nea yehu nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina so yɛ saa, mmom ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea ɛbɛka yɛne Yehowa ayɔnkofa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde n’afotu yɛ adwuma, na yɛkae sɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Yɛyɛ saa a, yebetumi ‘anantew Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.’—Mika 4:5.
DWOM 156 Mewɔ Gyidi
a Wɔasesa edin no bi.
b Saa nkyekyɛm yi, onuawa a ɔrehwehwɛ obi aware no ho asɛm na ɛka. Nanso sɛ onuabarima bi nso repɛ obi aware no a, saa afotu koro yi ara kɔ ma no.