ADESUA HO NYANSAHYƐ
Fa Ahwehwɛ No Di Dwuma Yiye
Osuani Yakobo de Bible no totoo ahwehwɛ ho efisɛ ɛma yehu sɛnea yɛte ankasa. (Yak. 1:22-25) Yɛbɛyɛ dɛn de Bible no adi dwuma yiye sɛ ahwehwɛ?
To wo bo ase kenkan. Fa no sɛ woakogyina ahwehwɛ anim, nanso wohwɛɛ w’anim ara na wokɔɔ wo baabi. Sɛ biribi atɔ kyima wɔ wo ho a, worenhu. Bible no nso, sɛ yɛkenkan no gya-so-gya-so a, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu baabi a yɛtɔ sin na yɛatumi ayɛ ho adwuma. Enti ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho.
Hwɛ wo ho, ɛnyɛ afoforo. Sɛ wugyina nkyɛn baabi na worehwɛ ahwehwɛ mu a, ebia worenhu wo ho, mmom obi foforo na wubehu no. Bible no nso, sɛ yɛkan na yehu biribi a, anhwɛ a yɛbɛka sɛ ɛfa obi foforo ho. Nanso sɛ yɛyɛ saa na sɛ sintɔ bi wɔ yɛn ho a, ɛremmoa yɛn mma yɛnyɛ ho adwuma.
Nyɛ mmoro so. Sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ mu na yehu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn ho na yɛde yɛn adwene si so dodo a, ebetumi abu yɛn abam. Sɛ yɛkan Bible no na yehu mfomso bi wɔ yɛn ho a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn boro so, efisɛ Yehowa koraa, ɔnhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ.—Dw. 103:14.