Yehowa Hu Me Sɛn?
1. Adɛn nti na yebetumi de Bible atoto ahwehwɛ ho?
1 Mpɛn ahe na wohwɛ ahwehwɛ mu? Yɛn mu dodow no ara hwɛ ahwehwɛ mu da biara da na sɛ yehu sɛ yɛn ahosiesie nkɔ yiye a, yɛyɛ ho biribi. Wɔde Bible toto ahwehwɛ ho. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, ɛma yehu sɛnea yɛte ankasa; ɛno nso na Yehowa hwɛ. (1 Sam. 16:7; Yak. 1:22-24) Onyankopɔn Asɛm ‘tumi hu komam adwene ne nsusuwii.’ (Heb. 4:12) Sɛ yɛkenkan Bible daa na yedwinnwen ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu baabi a yɛtɔ sin a ɛsɛ sɛ yesiesie na ama yɛayɛ asɛmpakafo pa?—Dw. 1:1-3.
2. Ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn ho mu?
2 Fa Bible no Yɛ Ahwehwɛ: Yehowa asomfo anokwafo bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu ma yehu su a Yehowa ani gye ho. Wɔn mu bi ne Dawid. Ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn din ho hia no paa. (1 Sam. 17:45, 46) Yesaia nyaa akokoduru gye too ne ho so sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a wɔn aso yɛ den. (Yes. 6:8, 9) Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ n’Agya paa, enti obuu asɛnka adwuma no sɛ biribi a ɛma no akomatɔyam; wammu no sɛ ɛyɛ adesoa. (Yoh. 4:34) Asomafo bere so no, Kristofo a na wɔwɔ hɔ no de nsi kaa asɛm no, na wɔde wɔn ho too Yehowa so. Wɔkyerɛe sɛ ɛyere sɛ dɛn koraa a, wɔbɛka asɛm no. (Aso. 5:41, 42; 2 Kor. 4:1; 2 Tim. 4:17) Sɛ yedwinnwen nhwɛso ahorow yi ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde asi yɛn ani so sɛ yɛbɛyere yɛn ho de ɔsom kronn ama Yehowa.
3. Sɛ yehu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn som mu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm?
3 Yɛ Wo Sintɔ Ho Adwuma: Sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ mu na yehu sɛ biribi ankɔ yiye na yɛanyɛ ho hwee a, ɛnde yɛanhwɛ ahwehwɛ no mu a, anka eye. Enti ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn ma yenhu sɛnea yɛte ankasa. Afei nso, sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, ɔmmoa yɛn ma yentumi nyɛ. (Dw. 139:23, 24; Luka 11:13) Bere a aka no sua, na nnipa nkwa nso da asiane mu, enti sɛ ɛho behia sɛ yɛyɛ nsakrae bi a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ mmɔtohɔ.—1 Kor. 7:29; 1 Tim. 4:16.
4. Sɛ obi hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu hu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ ne som mu na ɔyɛ nsakrae a, dɛn na ebefi mu aba?
4 Yehowa hwɛ sɛnea yɛte wɔ komam; ɛno na ehia no, na ɛnyɛ sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so. (1 Pet. 3:3, 4) Sɛ obi hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu hu sɛ biribi nkɔ yiye na ɔyɛ nsakrae a, dɛn na ebefi mu aba? “N’ani begye sɛ ɔreyɛ saa efisɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo.” (Yak. 1:25) Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛayɛ yɛn som adwuma no yiye, efisɛ yɛda “Yehowa anuonyam adi sɛ ahwehwɛ.”—2 Kor. 3:18.