ADESUA HO NYANSAHYƐ
Sua Biribi Fi Mfoni Ahorow No Mu
Mfoni pii wɔ yɛn nhoma ahorow mu a ɛma yɛte nsɛntitiriw bi ase. Wobɛyɛ dɛn anya mfoni a ɛtete saa so mfaso kɛse?
Ansa na wobɛkan asɛm biara no, di kan hwɛ mfoni no. Ani no na yedi kan de hu sɛ aduan bi bɛyɛ dɛ. Enti wohwɛ mfoni no a, ɛno nso betumi ama wo kɔn adɔ sɛ wobɛkan. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na mfoni no reka ho asɛm?’—Amos 7:7, 8.
Sɛ worekan a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a wɔde saa mfoni no dii dwuma. Sɛ wɔakyerɛw nsɛm bi wɔ mfoni no ho anaa mfoni ho nkyerɛkyerɛmu wɔ hɔ a, kenkan. Sɛnea mfoni no fa asɛm a worekan no ho ne sɛnea ɛfa w’asetena ho no, dwinnwen ho.
Sɛ wokan wie a, san hwɛ mfoni no, na hwɛ sɛ wobɛkae nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm a wokanee no mu. Kata w’ani na hwɛ sɛ mfoni no ne nea wusua fii mu no, wobɛkae a.
San hwɛ mfoni ahorow a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu, na hwɛ sɛ wubetumi akae nea wusua fii mu no anaa.