ASETENAM NSƐM
“Ɔko No Yɛ Yehowa Dea”
JANUARY 28, 2010 no, na mewɔ France kurow Strasbourg a ɛhɔ fɛfɛɛfɛ no mu, na na awɔw wom paa. Nanso mankɔ hɔ sɛ merekɔhwehwɛ hɔ. Me ne anuanom bi na ɛkɔɔ hɔ; Europe Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So (ECHR) no, Betel somaa yɛn sɛ yɛnkɔ hɔ nkotwitwa nnye Yehowa Adansefo. Asɛm a na ɛda hɔ ne sɛ, na France aban no pɛ sɛ anuanom a ɛwɔ hɔ no tua tow kakraka bi. Ná ɛyɛ bɛyɛ euro ɔpepem 64 anaa dɔla ɔpepem 89. Enti yɛkɔe sɛ yɛrekɔkyerɛ sɛ ntease nnim sɛ aban no begye saa tow no. Nea na ehia yɛn paa ne Yehowa din a ɛho bɛtew, ne nkurɔfo a wɔbenya din pa, na wɔatumi asom no sɛnea wɔpɛ a obiara nhaw wɔn adwene. Nea esii wɔ asɛnnibea hɔ no sii so dua sɛ “ɔko no yɛ Yehowa dea.” (1 Sam. 17:47) Ma me nkyerɛkyerɛ mu.
Saa asɛm no hyɛɛ ase afe 1999. Saa bere no, France aban no kaa sɛ ntoboa a na France Betel no nsa aka fi afe 1993 kosi afe 1996 no, wɔntua ho tow bi a ntease biara nnim. Yɛde asɛm no kɔdan asɛnnibea ahorow bi wɔ France nanso ankosi hwee. Bere a yɛde asɛm no kɔdan asɛnnibea foforo wɔ France a yedii nkogu no, France Betel sika a na ɛwɔ sikakorabea no, aban no de ne nsa bɔɔ mu yii emu bɛboro euro ɔpepem nnan ne fã anaa dɔla ɔpepem nsia ne mpem ahasa. Afei, na yɛn anidaso nyinaa ne Europe Asɛnnibea no. Nanso ansa na Europe Asɛnnibea no bedi asɛm no, ɛkaa sɛ yɛne aban no mmaranimfo ne Asɛnnibea mpanyimfo no baako nhyia, na yɛnhwɛ sɛ yebetumi asiesie asɛm no a.
Ná yɛn adwene yɛ yɛn sɛ anhwɛ a Asɛnnibea panyin no bɛka sɛ yɛmpene so ntua sika no bi mfa nsiesie asɛm no. Nanso na yenim paa sɛ, sɛ yetua sika no mu euro baako pɛ mpo a, etia Bible mmara. Ná anuanom ayi saa ntoboa no de reboa Ahenni adwuma no, enti na sika no nyɛ aban no dea. (Mat. 22:21) Ne nyinaa akyi, obu a na yɛwɔ ma Asɛnnibea mpanyimfo no nti, yɛne wɔn hyiae.
Me ne anuanom a yɛkɔɔ Europe Asɛnnibea no gyina Asɛnnibea no anim, 2010
Asɛnnibea no adan fɛfɛɛfɛ a ɛwɔ hɔ no, yɛne aban no mmaranimfo ne asɛnnibea panyin no hyiae wɔ emu baako mu. Yɛhyɛɛ ase no, asɛ na anidaso nnim. Ɔpanyin no refi n’asɛm no ase no, nea ɔkae no kyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ Yehowa Adansefo a ɛwɔ France no tua tow a aban no regye no bi. Ɛhɔ ara na biribi pusuw yɛn, na yebisaa no sɛ, “Wunim sɛ yɛn sika a ɛda sikakorabea no, aban no ayi mu euro ɔpepem nnan ne fã dedaw?”
Ɛhɔ ara na n’anim tow tuo. Bere a aban no mmaranimfo no gye toom sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔayɛ saa no, ɔpanyin no adwene sesae wɔ asɛm no ho koraa. Otwiw wɔn anim, na ɛhɔ ara na otwaa asɛm no so. Mihui sɛ Yehowa na ɛde ne ho gyee mu ma biribiara sesae sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi nkonim. Anigye a yɛde fii hɔ kɔe no, na ɛnyɛ asɛm ketewa; asɛ na yɛreso dae.
June 30, 2011 no, Europe Asɛnnibea no atemmufo nyinaa adwene kɔɔ bɛnkoro mu dii asɛm no maa yɛn. Wɔkaa sɛ tow a aban no kaa sɛ yentua no, etia mmara, enti wɔnsan mfa yɛn sika mma yɛn na wɔntua nsiho nka ho. Saa gyinae a wɔsii no ama nokware som afa ne ntama pa afura wɔ France besi nnɛ. Saa asɛm a ebesii yɛn tirim prɛko pɛ a yebisae no, ɛsesaa biribiara; ɛte sɛ ɔbo a Dawid towee a ekowuraa Goliat tirim kum no no. Adɛn nti na yedii nkonim? Efisɛ sɛnea Dawid ka kyerɛɛ Goliat no, “ɔko no yɛ Yehowa dea.”—1 Sam. 17:45-47.
Ɛnyɛ wei nko ara ne nkonim a yɛadi. Besi nnɛ, aban ne ɔsom ahorow retan yɛn ani, nanso asɛnnibea akɛse a ɛwɔ aman 70 so ne asɛnnibea nketewa a ɛwɔ aman bi so adi nsɛm 1,225 ama yɛn. Nkonim a yɛadi no boa ma wɔntiatia yɛn fahodi so. Ebi ne sɛ ɛboa ma wɔgye yɛn som no tom wɔ mmara kwan so, na ɛboa ma yetumi ka asɛmpa no wɔ baabiara a yɛpɛ. Afei nso, dwumadi biara a afoforo yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn man no, ɛboa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi ho. Afei nso, ɛboa yɛn ma yetumi twe yɛn ho fi mogya ho.
Ná meresom wɔ Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti a ɛwɔ New York, U.S.A. no. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Yehowa Adansefo asɛm a na wɔredi wɔ Europe no, mebɛkaa ho bi?
ASƐMPATRƐWFO A WƆYƐ NSI TETEE ME
M’awofo a wɔn din de George ne Lucille kɔɔ Gilead adesuakuw a ɛtɔ so 12 no bi; bere a wɔwoo me wɔ afe 1956 mu no, na wɔresom wɔ Ethiopia. Wɔde me too ɔsɛmpakafo Filipo a ɔwɔ Bible mu no. (Aso. 21:8) Afe a edi hɔ no, aban no baraa yɛn som no wɔ Ethiopia. Ɛwom sɛ na misua paa, nanso mekae paa sɛ na yɛn abusua no hyiam som wɔ baabi a ɛbɛyɛ den sɛ obi behu yɛn. Esiane sɛ na meyɛ abofra na minnim nea ɛrekɔ so nti, na ɛno ma m’ani gye paa! Awerɛhosɛm ne sɛ afe 1960 no, aban mpanyimfo hyɛɛ yɛn ma yefii ɔman no mu.
Nathan H. Knorr (ɔno na ɔte benkum so paa no) abɛsra yɛn abusua no wɔ Addis Ababa, Ethiopia, 1959
Bere a yetu kɔɔ Wichita, Kansas, U.S.A. no, nsi ne ahokeka a na m’awofo de yɛ asɛmpatrɛw adwuma no antew ankɔ, na wɔde saa ahokeka no duaa me mu. Wɔde nokware no bɔɔ wɔn bra, na wɔde kyerɛkyerɛɛ me ne me nuabea panyin Judy, ne me nuabarima kumaa Leslie. Wɔn nyinaa nso, wɔwoo wɔn wɔ Ethiopia. Mebɔɔ asu no na madi mfe 13. Mfe mmiɛnsa akyi no, yetu kɔɔ baabi a na mmoa ho hia wɔ Arequipa a ɛwɔ Peru.
Afe 1974 bere a na madi mfe 18 pɛ no, Peru Betel maa me ne anuanom mmarima nnan kɔyɛɛ akwampaefo titiriw. Ná ɛsɛ sɛ yɛkɔka asɛmpa no wɔ Central Andes Mountains, baabi a na obiara nkɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ da. Wei kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ Quechuafo ne Aymarafo a na wɔwɔ hɔ no. Yɛde kar bi a na yɛasiesie mu de ayɛ yɛn fie na ɛkɔe. Esiane sɛ na ɛsɛ adaka nti, yɛtoo ne din “Adaka.” Ná mede Bible kyerɛkyerɛ kurom hɔfo sɛ ɛrenkyɛ Yehowa beyi ohia, yare, ne owu afi hɔ. Ɛnnɛ sɛ mekaakae a, ɛma m’ani gye paa. (Adi. 21:3, 4) Nnipa bebree begyee nokware no.
“Adaka,” 1974
MEKƆƆ WIASE NYINAA ADWUMAYƐBEA TI
Afe 1977 no, Albert Schroeder a na ɔyɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no baa Peru, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menhyehyɛ Betel akwammisa krataa na memmɛyɛ adwuma wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Enti meyɛɛ saa. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na mikofii adwuma ase wɔ Brooklyn Betel wɔ June 17, 1977. Mfe nnan a edi hɔ no, meyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ siesie Betel ne dwumadibea a ɛhwɛ siesie nneɛma a asɛesɛe.
Yɛn ayeforohyia da, 1979
June 1978 no, mihyiaa Elizabeth Avallone wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wɔ New Orleans, Louisiana. Ɔno nso, n’awofo a wɔtetee no no, na wɔde nokware no bɔ wɔn bra. Ná Elizabeth ayɛ daa kwampaefo mfe nnan, na na ɛda ne koma so sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no ne nkwa nna nyinaa. Efi hɔ rekɔ no, na yɛtaa di nkitaho. Ankyɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no mu yɛɛ den. Yɛwaree October 20, 1979, na yeboom yɛɛ adwuma wɔ Betel.
Asafo a yedii kan kɔɔ mu ne Brooklyn Spanish asafo, na anuanom a ɛwɔ hɔ no buee wɔn koma mu maa yɛn. Ɛno akyi no, asafo mmiɛnsa a yɛasom wɔ mu no, anuanom ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn, na wɔahyɛ yɛn nkuran ma yɛakɔ so ayɛ Betel som adwuma no. Yɛn ani sɔ mmoa a wɔde ama yɛn no paa. Yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔboaa yɛn ma yɛhwɛɛ yɛn awofo a na wɔn mfe akɔ anim no nso, yɛda wɔn ase paa.
Betelfo a na yɛwɔ Brooklyn Spanish asafo mu, 1986
MIFII ASE YƐƐ ADWUMA WƆ MMARA DWUMADIBEA
January 1982 no, ɛyɛɛ me nwanwa sɛ wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Betel no. Mfe mmiɛnsa akyi no, wɔkaa sɛ menkɔ mmaranimfo sukuu, na memmɛyɛ lɔya. Bere a na mekɔ saa sukuu no, mihui sɛ nsɛm a Yehowa Adansefo de akɔ asɛnnibea na wɔadi nkonim wom no, ɛno na aboa ma nnipa a wɔwɔ United States ne aman ahorow so anya fahodi de yɛ nneɛma pii. Wei yɛɛ me nwanwa paa. Yesuaa nsɛm a ɛtete saa ho ade kɔɔ akyiri.
Afe 1986 bere a na madi mfe 30 no, wɔpaw me sɛ menhwɛ Mmara Dwumadibea no so. Ná minyinii pii, na na adwuma no nso nna fam. Enti bere a wɔde hokwan no maa me no, na ɛsom bo ma me paa, nanso na me yam hyehye me.
Afe 1988 no, mebɛyɛɛ lɔya, nanso na minnim sɛ sukuu a mekɔe no, sɛɛ na ɛresɛe me ne Yehowa ntam saa. Sɛ obi kɔ sukuu kɔ akyiri a, obetumi de atu ne ho anaa obetumi ate nka sɛ nimdeɛ soronko bi a ɔwɔ nti, ɔkorɔn sen afoforo. Elizabeth na ɛboaa me. Nneɛma a na meyɛ de hyɛ me ne Yehowa ayɔnkofa mu den ansa na merekɔ mmaranimfo sukuu no, ɔboaa me ma mesan fii ase. Egyee bere, nanso mesan sii me dedaw mu. Metumi de me nsa asi me bo aka sɛ, ɛnyɛ ti a nimdeɛ soronko bi ahyɛ mu ma ne ade a ɛho hia paa wɔ abrabɔ mu. Mmom, ayɔnkofa a obi ne Yehowa wɔ, ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne ne nkurɔfo no, ɛno ne ade a ɛho hia paa wɔ asetena mu.
ASƐMPA NO A YƐBƆ HO BAN MMARA KWAN SO
Miwiee mmaranimfo sukuu no, sɛnea mɛboa ma yɛatoto nneɛma ama Mmara Dwumadibea wɔ Betel ne sɛnea mɛboa ma yɛabɔ asɛmpa no ho ban mmara kwan so no, ɛno na mede m’adwene sii so. Ná m’adwuma no yɛ anika, nanso na ɛnna fam, efisɛ na Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim ntɛmntɛm. Mɛyɛ nhwɛso a, kan no, yɛde yɛn nhoma no ma a na yegye sika, nanso afe 1991 no, Akwankyerɛ Kuw no ka kyerɛɛ Mmara Dwumadibea no sɛ yɛnhwɛ mma yennyae sika a yegye no. Efi saa bere no, Yehowa Adansefo de wɔn nhoma ma a, na wɔnnye sika. Wei maa adwuma a yɛyɛ wɔ Betel ne asɛnka mu no yɛɛ mmerɛw, na besi nnɛ aboa ma wɔnnye yɛn tow biara a ntease nnim. Ebinom adwene yɛɛ wɔn sɛ saa nsakrae yi nti, ebedu baabi no, yɛn sika bɛsa na yɛrennya nhoma mma nkurɔfo wɔ asɛnka mu bio. Nanso ɛnyɛ saa koraa na esii. Mmom efi afe 1990 no, nnipa dodow a ɛsom Yehowa no abu abɔ ho, na ɛnnɛ obiara a ɔpɛ yɛn nhoma no bi no, obetumi anya bi a ontua hwee. Me ara mahu sɛ Yehowa mmoa ne akwankyerɛ a ɔnam akoa nokwafo no so de ma yɛn no, ɛno na ama nsakrae akɛse a aba n’ahyehyɛde no mu no atumi ayɛ yiye.—Ex. 15:2; Mat. 24:45.
Ɛnyɛ sɛ yɛwɔ alɔyafo papa kɛkɛ nti na yetumi di nkonim wɔ asɛnnibea no. Mmom, mpɛn pii no, suban pa a Yehowa asomfo da no adi nti na aban mpanyimfo di boa yɛn. Afe 1998 no, Akwankyerɛ Kuw no mufo mmiɛnsa ne wɔn yerenom kɔɔ nhyiam titiriw bi wɔ Cuba. Nea esii saa bere no a me ara mede m’ani hui no ma mihu sɛ saa asɛm no yɛ nokware turodoo. Yɛne aban mpanyimfo bi hyiae, na yɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ yɛnyɛ amanyɔsɛm. Nanso ayamye ne obu a Akwankyerɛ Kuw no mufo daa no adi no, ɛno paa na ɛma wɔgye dii sɛ yɛnyɛ amanyɔsɛm ampa.
Sɛ ebinom pɛ sɛ wɔsiw yɛn som adwuma no kwan na yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye a, yɛde kɔ asɛnnibea sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ ‘asɛmpa no ho ban mmara kwan so.’ (Filip. 1:7) Mɛyɛ nhwɛso a, kɔ a yɛnkɔ sogya no, mfe pii twaam a na Europe ne South Korea aban no mpene so. Wei nti, anuanom mmarima bɛyɛ 18,000 a wɔwɔ Europe ne anuanom mmarima bɛboro 19,000 a wɔwɔ South Korea na akɔda afiase pɛn, efisɛ wɔn ahonim amma wɔn kwan sɛ wɔbɛkɔ sogya.
Awiei koraa no, July 7, 2011 no, Europe Asɛnnibea no buaa asɛm a ɛda Onua Bayatyan ne Armenia aban no ntam no. Wɔsii gyinae sɛ, sɛ obi ka sɛ ɔrenkɔ sraadi a, ɛsɛ sɛ aban no pɛ adwuma foforo ma ɔyɛ, enti na ɛsɛ sɛ aban ahorow a ɛwɔ Europe no nyinaa gye tom. Ɛno akyi no, June 28, 2018 no, asɛnnibea akɛse a ɛwɔ South Korea no mu baako nso sii gyinae bi a ɛte saa. Yɛn nuanom mmerante no, sɛ wɔn mu kakraa bi mpo penee so kɔɔ sogya a, anka nkonimdi a ɛte saa remma.
Mmara Dwumadibea a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti ne mmara dwumadibea a ɛwɔ Betel ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, wɔreyɛ adwumaden de abɔ asɛmpa no ho ban. Anuanom a aban no retan wɔn ani no, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yebetwitwa agye wɔn. Sɛ yedi nkonim wɔ asɛnnibea oo, sɛ yɛanni oo, kɔ a yɛkɔ hɔ no ara mpo di amrado ne ahemfo ne amanaman no adanse. (Mat. 10:18) Sɛ yɛde yɛn asɛm kɔ asɛnnibea a, nsɛm a yɛkyerɛw ne kyerɛwnsɛm a yɛde yɛn asɛm no gyina so, ne nea yekogyina adaka mu a yɛde kyerɛkyerɛ yɛn nsɛm mu no, ɛyɛ a atemmufo, aban ananmusifo, nsɛm ho amanneɛbɔfo, ne ɔmanfo hwɛ mu anaa wɔtie bi. Wei nti, ɛma komapafo hu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ, na wɔhu sɛ yɛn gyidi gyina Bible so. Saa nkurɔfo yi mu bi abɛyɛ yɛn nuanom Kristofo.
YEHOWA, MEDA WO ASE!
Bɛboro mfe 40 ni, manya hokwan ne Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Betel ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa adi nsawɔso. Afei nso, manya hokwan akɔ aban mpanyimfo pii anim, na makɔ asɛnnibea akɛse pii nso akɔboa yɛn nuanom. Anuanom a me ne wɔn yɛ adwuma wɔ Mmara Dwumadibea a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti ha, ne wɔn a wɔwɔ Mmara Dwumadibea a ɛwowɔ wiase nyinaa no, medɔ wɔn na mepɛ wɔn asɛm paa. Yehowa ahyira me paa na manya akomatɔyam nso.
Mfe 45 ni, Elizabeth ayi ne yam ataa m’akyi wɔ mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu. M’ani sɔ nea ɔyɛ no paa, efisɛ yare bi a ɛwɔ ne so nti, onni ahoɔden koraa.
Yɛn ara yɛahu sɛ ahoɔden a yɛwɔ ne nkonim a yedi no, ennyina yɛn mmɔdenbɔ so. Sɛnea Dawid kae no, “Yehowa yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo.” (Dw. 28:8) Nokwasɛm ne sɛ, “ɔko no yɛ Yehowa dea” ampa.