Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 September kr. 20-25
  • “Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BERE A NKURƆFO PƐ SƐ WƆTIE ASƐMPA NO
  • BERE A MOAFI BIBLE ADESUA ASE
  • BERE A EDI KAN A OBI ABA ADESUA
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    Afe 2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Sɛnea Wubenya Anigye Kɛse Wɔ Asɛnka Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 September kr. 20-25

ADESUA ASƐM 39

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

“Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa” No Betie

“Wɔn a wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa no nyinaa dan gyidifo.”—ASO. 13:48.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Bere a ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo sɛ yɛpɛ sɛ yɛne wɔn sua Bible, ne bere a ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra adesua.

1. Wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, sɛn na wɔn mu biara yɛ n’ade wɔ ho? (Asomafo Nnwuma 13:​47, 48; 16:​14, 15)

TETE Kristofo no bere so no, wɔn a wɔtee asɛmpa no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a, wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa na wɔbɛyɛɛ agyidifo. (Kenkan Asomafo Nnwuma 13:​47, 48; 16:​14, 15.) Ɛnnɛ nso, sɛ ebinom te asɛmpa no bere a edi kan a, wɔn ani gye paa. Ebinom mpo a mfiase no wɔnkyerɛ Asɛmpa no ho anigye no, akyiri yi, wɔtumi bue wɔn komam tie. Sɛ yehyia “wɔn a wɔwɔ koma pa” wɔ asɛnka mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2. Ɔkwan bɛn so na asuafoyɛ adwuma no te sɛ kuayɛ?

2 Yɛnhwɛ mfatoho bi. Yebetumi de asuafoyɛ adwuma no atoto kuayɛ ho. Sɛ okuafo dua nnɔbae a, ɛyɛ a ebi nyin gya bi, enti otwa nea anyin no ntɛm ara. Nanso ɔkɔ so ara dodɔ nea enyinii no ho gugu so nsu kosi sɛ ɛno nso benyin. Yɛn nso, sɛ yenya obi a n’ani gye asɛmpa no ho a, yɛpɛ sɛ yɛboa no ntɛm ara ma ɔbɛyɛ Kristo suani. Nanso wɔn a wɔnyɛɛ krado no, yɛkɔ so ara boa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbehu sɛnea asɛmpa no som bo fa. (Yoh. 4:​35, 36) Sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan pɔtee a yɛbɛfa so aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ bere a edi kan a yɛahyia wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho no. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛboa saafo no ama wɔanya nkɔso.

BERE A NKURƆFO PƐ SƐ WƆTIE ASƐMPA NO

3. Sɛ yehu sɛ ebinom ani gye asɛmpa no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (1 Korintofo 9:26)

3 Sɛ yɛreka asɛmpa no na yehyia wɔn a wɔn ani gye ho a, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔfi ase nantew nkwa kwan no so ntɛm pa ara. Yehyia wɔn a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn amonom hɔ ara sɛ yɛpɛ sɛ yɛne wɔn sua Bible. Afei nso, da a edi kan no ara, ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra adesua.—Kenkan 1 Korintofo 9:26.

4. Ka osuahu bi a ɛma yehu obi a na ɔpɛ sɛ osua Bible no ntɛm pa ara.

4 Ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no. Wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, ebinom ani gye ho sɛ wɔbesua Bible no amonom hɔ ara. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yawda bi, ɔbea bi a ɔwɔ Canada kɔɔ baguam adansedi trɔk ho koyii Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no baako. Onuawa a na ogyina trɔk no ho no kyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔbea no sɛ, yɛne afoforo sua saa nhomawa no a yennye sika. Ɔbea no ani gyee ho paa, na ɔde ne fon nɔma maa onuawa no. Saa da no ara, ɔbea no sɛndee onuawa no tɛs mɛsegye bisaa no bere a wɔbɛhyɛ adesua no ase. Bere a onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔba Memeneda no, ɔbea no bisaa no sɛ: “Na ɔkyena ɛ? Merenyɛ hwee.” Wɔyɛɛ adesua no Fida no. Ne Kwasida no, ɔbea no kɔɔ n’adesua a edi kan, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm.

5. Yɛbɛyɛ dɛn ada nhumu adi bere a yɛpɛ sɛ yɛka Bible adesua ho asɛm kyerɛ obi no? (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Ɛwom, ɛnyɛ obiara na n’ani begye ho sɛ yɛne no besua Bible no amonom hɔ ara te sɛ ɔbea a yɛkaa ne ho asɛm no. Ebinom wɔ hɔ a, ebegye bere. Ebia ebehia sɛ yɛde biribi a wɔn ani gye ho fi nkɔmmɔbɔ no ase. Sɛ yɛwɔ anidaso sɛ wɔbetumi abɛsom Yehowa na yɛkɔ so kyerɛ wɔn ho anigye a, ebia ɛrenkyɛ yebetumi ne wɔn afi Bible adesua ase. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne wɔn fi Bible adesua ase a, asɛm bɛn na yebetumi aka? Wɔde saa asɛmmisa no too anuanom binom anim; sɛnea yefi Bible adesua ase no, saa anuanom no nim yɛ paa.

Mfoni: 1. Anuanom mmarima mmienu akɔto papa bi a ne mfe akɔ anim; ɔte n’abrannaa so. 2. Anuanom mmea mmienu ne ɔbaatan bi rekasa wɔ ne pon ano, na wɔama no “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhomawa no bi. Ɔbaatan no afa ne babarima kumaa no, na ne babarima panyin no nso gyina ne nkyɛn.

Wɔn a yehu wɔn wɔ mfoni yi mu no, dɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a ebetumi ama wɔn ani agye ho sɛ wɔbesua Bible? (Hwɛ nkyekyɛm 5)a


6. Sɛ obi ani gye asɛmpa no ho na yɛpɛ sɛ yɛne no toa nkɔmmɔ no so a, yɛbɛyɛ no sɛn?

6 Adawurubɔfo ne akwampaefo a wɔbisaa wɔn ɔkwan a wɔfa so fi Bible adesua ase no, wɔkyerɛɛ mu sɛ mmeae bi wɔ hɔ a, sɛ woreka Bible adesua ho asɛm akyerɛ obi a, ɛbɛyɛ yiye a, nsɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wokwati. Ebi ne sɛ wobɛka akyerɛ no sɛ, “me ne wo rebesua ade,” “mepɛ sɛ me ne wo sua Bible” anaa “mepɛ sɛ mekyerɛkyerɛ wo.” Anuanom no abehu sɛ, nea ɛyɛ a ɛtaa boa paa ne sɛ yɛbɛka nsɛm bi te sɛ, “mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ,” “mepɛ sɛ yesusuw asɛm bi ho” anaa “mepɛ sɛ yehu Bible mu yiye.” Sɛ wopɛ sɛ wo ne nipa no toa nkɔmmɔ no so a, wubetumi aka biribi sei: “Nsɛmmisa a ɛho hia paa wɔ asetenam no, sɛnea Bible ma ho mmuae no, ɛyɛ nwanwa paa,” anaasɛ “Bible no nyɛ nyamesom nhoma bi kɛkɛ, na mmom yebetumi de emu nsɛm no abɔ yɛn bra.” Wubetumi aka biribi sei aka ho: “Enhia bere tenten biara; yebetumi de bɛyɛ simma 10 kosi 15 asua biribi a ɛbɛboa yɛn wɔ abrabɔ mu.” Ɛho nhia sɛ woka sɛ “ma yɛnyɛ nhyehyɛe,” anaa “mɛba nnawɔtwe biara,” anyɛ saa a onipa no betumi anya adwene sɛ, kyenkyen ara ɛsɛ sɛ musua ade nnawɔtwe biara.

7. Bere bɛn na ebinom dii kan huu nokware no? (1 Korintofo 14:​23-25)

7 To nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra adesua. Ɔsomafo Paul bere so no, ɛbɛyɛ sɛ ebinom wɔ hɔ a, bere a edi kan a wɔkɔɔ Kristofo nhyiam no, saa bere no na wɔhuu nokware no. (Kenkan 1 Korintofo 14:​23-25.) Ɛnnɛ nso saa na ɛte. Nnipa pii wɔ hɔ a, sɛ wɔfi ase ba adesua a, wɔnya nkɔso ntɛmntɛm. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ obi ma ɔba adesua? Sɛ wohwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no adesua 10 no a, ɛboa ma yɛto nsa frɛ obi ma ɔba adesua, nanso enhia sɛ yedu hɔ ansa na yɛato nsa afrɛ nipa no. Bere a edi kan a yɛne obi bɛbɔ nkɔmmɔ no ara, yebetumi ato nsa afrɛ no ama waba adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe awiei no bi. Ebia yebetumi aka ɔkasa a wɔbɛma no asɛmti anaa asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu akyerɛ no.

8. Sɛ yɛreto nsa afrɛ obi a, nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ama wahu? (Yesaia 54:13)

8 Sɛ yɛreto nsa afrɛ obi a n’ani gye asɛm no ho ama waba adesua a, ɛsɛ sɛ yɛma ohu sɛ, nea yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no, ɛnte sɛ nea ɛkɔ so wɔ nsɔre a ebia onim no mu no. Bere a edi kan a Bible suani bi kɔɔ adesua a na wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban no, obisaa nea ɔne no sua ade no sɛ, “Enti nea ɔrehwɛ so no nim obiara din?” Onuawa no kyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, sɛnea yenim yɛn abusuafo din no, yɛn nyinaa nso rebɔ mmɔden sɛ yebehu asafo no mufo nyinaa din. Osuani no kaa sɛ, asɔre a ɔkɔ de, ɛnte saa wɔ hɔ koraa, nnipa dodow no ara nnim afoforo din mpo. Wei ma yehu sɛ, nnipa pii wɔ hɔ a, wɔnnim nea ɛkɔ so wɔn yɛn adesua ase. (Kenkan Yesaia 54:13.) Sɛ yɛkɔ adesua a, yɛkɔsom Yehowa, yesua ne ho ade, na yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Heb. 2:12; 10:​24, 25) Enti adesua a yɛkɔ no, nhyehyɛe da biribiara a yɛyɛ ho, na nneɛma a yesua no nso wubetumi de abɔ wo bra; ɛnyɛ ɔsom mu amanne bi na yedi akyi. (1 Kor. 14:40) Baabi a yehyiam som no, ɛnyɛ kuntann. Enti ɛnyɛ den sɛ wode w’adwene bedi adesua no akyi. Esiane sɛ yɛntaa amanyɔkuw biara akyi nti, yɛnyɛ amanyɔsɛm wɔ hɔ. Afei nso, yɛnkɔfa asɛm bi mma, nnye ho akyinnye sɛ obiara nkyerɛ n’adwene. Sɛ yeyi video a wɔato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no kyerɛ no ansa na waba a, ebetumi aboa no paa. Ɛbɛma wahu nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ.

9-10. Sɛ yɛreto nsa afrɛ obi a, dɛn na yebetumi aka akyerɛ no, na sɛ ɔba a ne yam anhyehye no? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Obi wɔ hɔ a, nea enti a ɔmpɛ sɛ ɔba adesua ne sɛ, osuro sɛ, sɛ ɔba a, yɛbɛhyɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Yehowa Danseni. Enti obi saa no, ka ne koma to ne yam, na ma onhu sɛ, sɛ ɔba bi a ɛnkyerɛ sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yehowa Danseni, efisɛ yɛn adesua no de obiara tumi ba bi. Afei nso, ma onhu sɛ yɛnhyɛ obiara sɛ ɔne yɛn mmɛsom anaa ɔba a nea ɛbɛkɔ so no, kyenkyen ara ɔmfa ne ho nhyem. Obetumi de n’abusua aba; sɛ ɔwɔ mma nkumaa mpo a, obetumi de wɔn aka ne ho aba. Sɛ yehyiam a, yɛmmoa mmofra nko ara ano wɔ baabi nkyerɛkyerɛ wɔn. Mmom, awofo ne wɔn mma tena bom na wɔsua ade bom. Wei ma awofo tumi de wɔn ani di wɔn mma no akyi, na wɔhu nea wɔn mma no resua nso. (Deut. 31:12) Yɛnto kɔlɛhyen wɔ hɔ. Mmom, Yesu asɛm a ɔkae no, ɛno ara na yedi akyi. Ɔkaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Wubetumi nso aka akyerɛ onipa no sɛ, enhia sɛ ɔkɔpɛ ataade bi a ne bo yɛ den ansa na watumi aba bi. Onyankopɔn de, ɔhwɛ yɛn komam na ɛnyɛ yɛn ataade a yɛhyɛ.—1 Sam. 16:7.

10 Sɛ onipa no ba a, yɛ nea wubetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a n’ani bɛka. Fa no kyia mpanyimfo no ne adawurubɔfo no. Sɛ n’ani ka a, ɛda adi sɛ ɔno ara bɛsan aba. Sɛ adesua no rekɔ so, na wuhu sɛ onni Bible a, ma ɔnhwɛ wo de no mu bi. Afei nso, sɛnea ɔkasafo no rekyerɛkyerɛ nsɛm mu anaa sɛnea adesua no rekɔ no, boa no ma ɔnte ase.

Ɔbaatan no a ɔwɔ mfoni a edi kan no mu no, waba Ahenni Asa so, na anuanom agye no fɛfɛɛfɛ. Wafa ne babarima kumaa no abɔ ne bo, na ne babarima panyin no nso ne abarimaa bi rekasa.

Sɛ obi hyɛ adesuakɔ ase ntɛm a, ɔne Yehowa ayɔnkofa mu betumi ayɛ den ntɛm (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)


BERE A MOAFI BIBLE ADESUA ASE

11. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wubu wo Bible suani?

11 Sɛ wo ne obi fi Bible adesua ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwene mu? Nhyehyɛe biara a wo ne no bɛyɛ no, di so fa kyerɛ sɛ wubu no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a mode adesua no bɛhyɛ no, di so pɛpɛɛpɛ. Sɛ baabi a wote no nkurɔfo nni bere so mpo a, wo de, di bere so. Afei nso, da a edi kan a mubesua ade no, mma adesua no nnyɛ tenteenten. Anuanom a wɔn ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu no, wɔn mu bi ka sɛ, sɛ wo ne obi resua ade a, bɔ mmɔden sɛ wubewie ntɛm. Sɛ osuani no pɛ sɛ musua bi ka ho mpo a, wo de, fa si hɔ ara. Nnye adesua no mmɔ so. Ma osuani no mmom nkasa bebree.—Mme. 10:19.

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so bere a yɛne obi afi Bible adesua ase?

12 Sɛ wo ne obi fi Bible adesua ase a, fa si w’ani so sɛ wobɛboa onii no ama wahu Yehowa ne Yesu yiye na wadɔ wɔn. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wode Bible mmom boa onipa no, na ɛnyɛ w’adwene anaa wo nimdeɛ bi. (Aso. 10:​25, 26) Ɔsomafo Paul sei, sɛ ɔrekyerɛkyerɛ a na ɔtwe adwene si Yesu Kristo so; ɔno na Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛboa yɛn ma yenhu Yehowa na yɛnnɔ no. (1 Kor. 2:​1, 2) Afei nso, Paul maa anuanom no hui sɛ, ɛho hia paa sɛ wɔboa wɔn a wɔaba asafo no mu foforo ma wɔnya suban pa; suban pa a ɛte saa te sɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ ne aboɔden abo. (1 Kor. 3:​11-15) Saa suban pa no bi ne gyidi, nyansa, nhumu ne Yehowa ho suro. (Dw. 19:​9, 10; Mmeb. 3:​13-15; 1 Pet. 1:7) Suasua sɛnea Paul kyerɛkyerɛe no, na boa wo Bible asuafo ma wɔn gyidi nyɛ den na wɔne wɔn soro Agya Yehowa mfa adamfo.—2 Kor. 1:24.

13. Sɛ yɛne obi a wakyerɛ asɛm no ho anigye resua ade a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ onipa no ho abotare na yɛte no ase? (2 Korintofo 10:​4, 5) (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sɛ worekyerɛkyerɛ a, nya onipa no ho abotare na te no ase fa suasua Yesu. Mmisa no nsɛm a ɛbɛma wafɛre. Sɛ moresua biribi na ɛyɛ den sɛ ɔbɛte ase a, mubetumi atoa adesua no so, na akyiri yi moasan aba so bio. Sɛ́ anka wobɛhyɛ no kyenkyen ara sɛ onnye nkyerɛkyerɛ bi ntom no, ma no bere na ɔmfa nnwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a nokware no betumi ayɛ ne koma mu adwuma. (Yoh. 16:12; Kol. 2:​6, 7) Bible ka sɛ atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ “nneɛma a ase atim denneennen” a ehia sɛ ‘yetutu gu.’ (Kenkan 2 Korintofo 10:​4, 5.) Yɛhwɛ kasa a wɔde kyerɛw saa asɛm no a, nsɛmfua a wɔde dii dwuma no, nea ɛkyerɛ paa ne abantenten bi a ehia sɛ wɔdwiriw gu. Sɛ yɛbɛka a, ebia na atoro nkyerɛkyerɛ ayɛ te sɛ abantenten bi a osuani no akɔbɔ ne ho aguaa wom. Enti ansa na yebedwiriw agu no, ɛsɛ sɛ yesi foforo a obetumi aguan akɔhyɛ mu, ɛne sɛ yɛbɛboa no ma wanya Yehowa mu gyidi na ɔde no ayɛ ne guankɔbea. Ɛba saa a, atoro nkyerɛkyerɛ a okura mu denneennen no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegyaa mu.—Dw. 91:9.

Ɔbarima a ne mfe akɔ anim a na ɔwɔ mfoni a edi kan no mu no, anuanom mmarima mmienu ne no resua “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no. Abasobɔde a onyae bere a na ɔyɛ sogyani no si pon bi so.

Ma wo suani no bere ma ɔmfa nwinnwen nea ɔresua no ho sɛnea ɛbɛyɛ a nokware no besian akɔ ne komam (Hwɛ nkyekyɛm 13)


BERE A EDI KAN A OBI ABA ADESUA

14. Sɛ obi ba adesua bere a edi kan a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne no di?

14 Wɔn a wɔba adesua bere a edi kan no, sɛ wɔfi he oo, sɛ wɔwɔ sika oo, sɛ wɔnni bi oo, Yehowa pɛ sɛ yɛne wɔn mu biara di no yiye a yɛnyɛ nyiyim. (Yak. 2:​1-4, 9) Enti wɔn a wɔba adesua bere a edi kan no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn?

15-16. Wɔn a wɔba adesua bere a edi kan no, yɛbɛyɛ dɛn ama wɔn ani aka?

15 Ebinom wɔ hɔ a, nea enti a wɔba adesua ne sɛ wɔrebɛhwɛ nea ɛkɔ so wɔ hɔ. Ebinom nso, ebia afoforo a wɔte baabi na ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ adesua. Enti sɛ yehu sɛ obi yɛ hɔho a, ɛsɛ sɛ yɛtwe bɛn no ntɛm ara. Ma no akwaaba na wo ne no mmɔ nkɔmmɔ, nanso nyɛ mma ɛmmmoro so anyɛ saa a ɔbɛyɛ basaa. Wubetumi ama watena wo nkyɛn. Bible anaa nhoma a yɛresua no, wubetumi ama wahwɛ wo de no mu bi, anaa wubetumi agye bi ama no. Afei nso, sɛ wuhu sɛ ɔfɛre a, ka ne koma to ne yam. Bere a ɔbarima bi kɔɔ yɛn Ahenni Asa so da a edi kan no, ɔka kyerɛɛ onua a ɔmaa no akwaaba no sɛ, ohu sɛ watɔ mu, efisɛ na n’ahosiesie no nte sɛ wɔn a aka no. Onua no kaa ɔbarima no koma too ne yam, na ɔma ohui sɛ Yehowa Adansefo nyɛ nnipa soronko. Akyiri yi, ɔbarima no bɔɔ asu, na asɛm a onua no ka kyerɛɛ no no, ne werɛ amfi da. Ansa na yebefi adesua ase anaa bere a yɛapɔn no, wo ne wɔn a wɔaba adesua ase foforo no mmɔ nkɔmmɔ, nanso hwɛ yiye na woamfeefee wɔn nsɛm mu.—1 Pet. 4:15.

16 Ade foforo nso a yebetumi ayɛ ama wɔn ani aka ne sɛ, sɛ yɛredi wɔn ho nkɔmmɔ anaa yɛrema mmuae a, yɛbɛma yɛn kasa akyerɛ sɛ yebu wɔn. Afei nso, sɛ yɛreyɛ dwumadi bi na emu nsɛm no fa wɔn a wɔnyɛ Adansefo ho anaa wɔn gyidi ho a, ɛnsɛ sɛ yɛde bɔ wɔn akyi. Nkeka nsɛm bi a ɛbɛto wɔn hintidua anaa ɛbɛma wɔate nka sɛ worebu wɔn animtiaa. (Tito 2:8; 3:2) Sɛ nhwɛso no, nea wɔgye di no, ɛnsɛ sɛ yɛde yi nsɛnkwaa anaa yɛkasa tia da. (2 Kor. 6:3) Anuanom a wɔma baguam kasa paa na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wei nsow. Afei nso, nsɛm bi a ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo bɛte ase no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kyerɛkyerɛ mu ma emu da hɔ.

17. Sɛ yehyia wɔn a “wɔwɔ koma pa” wɔ asɛnka mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?

17 Ade rekye a ade resa nyinaa, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no. Afei nso, daa yehyia wɔn a “wɔwɔ koma pa a ebetumi ama wɔanya daa nkwa.” (Aso. 13:48) Wɔn a wɔte saa no, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase koraa sɛ yɛbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ wɔn anaa yɛbɛto nsa afrɛ wɔn aba adesua. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi aboa wɔn ama wɔabɛfa ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu’ no so.—Mat. 7:14.

WUBEBUA SƐN?

  • Bere a edi kan a yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn a “wɔwɔ koma pa” no, dɛn na yebetumi ayɛ?

  • Sɛ yɛne obi fi ase sua ade a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa no?

  • Wɔn a wɔba adesua bere a edi kan no, dɛn na yebetumi ayɛ ama wɔn ani aka?

DWOM 64 Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom mmarima mmienu akɔto sogyani bi a wakɔ pɛnhyen; ɔte n’abrannaa so regye mframa; anuanom mmea mmienu redi ɔbaatan bi a onni adaagye adanse tiawa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena