Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 September kr. 32
  • Yesu ‘Suaa Osetie’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu ‘Suaa Osetie’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Osuaa Osetie”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Sua Osetie Denam Nteɛso A Wugye Tom So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Wowɔ “Koma a Etie”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Osetie So Ɛyɛ Ade a Ɛho Hia sɛ Wosua no Mmofraase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 September kr. 32

BIBLE MU ASƐM BI

Yesu ‘Suaa Osetie’

Efi teteete nyinaa Yesu tie Yehowa. (Yoh. 8:29) Ɛnde, adɛn nti na Bible ka sɛ: “Osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu”?—Heb. 5:8.

Bere a Yesu baa asaase so no, nneɛma a ɔfaa mu no, na ɔmfaa biribi a ɛte saa mu da wɔ soro. Ná n’awofo dɔ Yehowa, nanso na bɔne wɔ wɔn ho. (Luka 2:51) Nyamesom akannifo a na nyaatwom ahyɛ wɔn ma ne atumfoɔ a wɔbu ntɛnkyea no, ohuu amane wɔ wɔn nsam. (Mat. 26:59; Mar. 15:15) Afei nso, “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu.” Ná ne wu no mu yɛ yaw paa.—Filip. 2:8.

Nea Yesu faa mu wɔ asaase so no, ɔwɔ soro no, wamfa biribi a ɛte saa mu da, enti nea ɔfaa mu no ma osuaa osetie no bi kaa ho. Nea ɔfaa mu no nti, na obetumi abɛyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin a odi mu a obetumi ate yɛn ase. (Heb. 4:15; 5:9) Amanehunu a Yesu faa mu nti, osuaa osetie, na wabɛyɛ obi a ɔsom bo kɛse ma Yehowa. Yɛn nso, sɛ yehyia ɔhaw wɔ yɛn asetenam na yɛkɔ so yɛ osetie a, Yehowa bebu yɛn sɛ yɛsom bo, na obetumi de adwuma biara ahyɛ yɛn nsa.—Yak. 1:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena