Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 7/15 kr. 29-31
  • So Wowɔ “Koma a Etie”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ “Koma a Etie”?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Wɔwɔ Koma a Etie
  • Osetie a Enni Mu Mfata
  • Osetie a Woyɛ no Di Mu Dɛn?
  • Koma a Etie De Nhyira Ba
  • Yehowa Ani Sɔ Osetie A Wobɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Boa Afoforo ma ‘Womfi Komam Nyɛ Osetie’
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Sua Osetie Denam Nteɛso A Wugye Tom So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yesu ‘Suaa Osetie’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 7/15 kr. 29-31

So Wowɔ “Koma a Etie”?

BERE a Salomo bɛyɛɛ ɔhene wɔ tete Israel no, ɔtee nka sɛ ɔmfata. Enti obisaa nyansa ne nimdeɛ fii Onyankopɔn hɔ. (2 Beresosɛm 1:10) Salomo bɔɔ mpae nso sɛ: “Ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn.” (1 Ahene 3:9) Sɛ na Salomo wɔ “koma a etie” a, anka obetumi adi Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm so na wanya Yehowa nhyira.

Koma a etie nyɛ adesoa na mmom ɛde anigye ba. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn. Anyɛ yiye koraa no, Yehowa ne yɛn Bɔfo Kɛse no. Ɔno na asase ne nea ɛwom nyinaa, dwetɛ ne sika mpo, wɔ no. Enti yentumi mfa honam fam nneɛma ankasa mma Onyankopɔn, ɛwom sɛ ɔma kwan ma yɛde yɛn sika di dwuma de da ɔdɔ a yɛwɔ ma no no adi de. (1 Beresosɛm 29:14) Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔ no, yefi ahobrɛase mu ne no nantew, na yɛyɛ n’apɛde.—Mika 6:8.

Bere a wobisaa Yesu Kristo nea ɛyɛ Mmara no mu kɛse no, ɔkae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” (Mateo 22:36-38) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ada ɔdɔ a ɛte saa adi ne sɛ yebetie Onyankopɔn. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mpae sɛ Yehowa mma yɛn koma a etie.

Na Wɔwɔ Koma a Etie

Nhwɛso a ɛfa wɔn a na wɔwɔ koma a etie ho abu so wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka kɛse a wɔde begye nkurɔfo nkwa. Na eyi yɛ adwuma kɛse a egyee mfe bɛyɛ 40 anaa 50. Wɔ nnɛyi nnwinnade ne mfiri afoforo a ɛwɔ hɔ mprempren a wɔde yɛ adwuma nyinaa akyi mpo no, ebegye mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛkɔ anim na wɔapam adaka kɛse a ebetumi atɛn nsu ani a ɛte saa. Afei nso, na ɛsɛ sɛ Noa de kɔkɔbɔ ma nkurɔfo a akyinnye biara nni ho sɛ wodii ne ho fɛw no. Nanso ɔyɛɛ osetie kosii ase. Bible ka sɛ: “Ɔyɛɛ sa.” (Genesis 6:9, 22; 2 Petro 2:5) Noa daa ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no adi denam mfe pii a wɔde yɛɛ osetie kosii ase no so. Hwɛ nhwɛso pa a eyi yɛ ma yɛn nyinaa!

Susuw tete agya Abraham nso ho. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ontu mfi Kaldeafo kurow Ur a edi yiye no mu nkɔ asase a onnim so so. Abraham ampopo ne ti. (Hebrifo 11:8) Ɔne n’abusua traa ntamadan mu wɔ ne nkwa nna a na aka nyinaa mu. Bere a ɔde mfe pii traa asase no so sɛ ɔhɔho no, Yehowa hyiraa ɔne ne yere Sara ɔsoɔmmerɛfo no na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo ne din Isak. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Abraham a na wadi mfe 100 no dɔɔ ne nkwakoraa bere mu ba yi! Wɔ mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak nkɔbɔ ɔhyew afɔre. (Genesis 22:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ na saa a Abraham bɛyɛ no ho nsusuwii ma odii yaw. Nanso, ɔyɛɛ osetie efisɛ na ɔdɔ Yehowa, na na ɔwɔ gyidi sɛ aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no befi Isak mu, sɛ na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nyan no fi awufo mu mpo a. (Hebrifo 11:17-19) Nanso, bere a na Abraham rebekum ne ba no, Yehowa siankaa no kae sɛ: “Afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.” (Genesis 22:12) Esiane osetie a Abraham a na osuro Onyankopɔn yɛe nti, wɔbɛfrɛɛ no “Yehowa adamfo.”—Yakobo 2:23, NW.

Yesu Kristo ne osetie ho nhwɛso a ɛsen biara a yebetumi asua. Bere a na ɔmmɛyɛɛ ɔdesani no, osetie a ɔde yɛɛ ne soro Agya adwuma no ma onyaa anigye. (Mmebusɛm 8:22-31) Sɛ ɔdesani no, Yesu tiee Yehowa wɔ biribiara mu, na ɔde anigye yɛɛ n’apɛde daa. (Dwom 40:8; Hebrifo 10:9) Enti, Yesu tumi kae wɔ nokwarem sɛ: “Memmɔ m’ankasa me tirim menyɛ biribi, na sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. Na nea ɔsomaa me no ka me ho; onnyaw me nko, efisɛ meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:28, 29) Awiei koraa no, nea ɛbɛyɛ na Yesu abu Yehowa tumidi bem na wagye adesamma asoɔmmerɛfo no, ofi ne pɛ mu de ne nkwa mae, na owuu animguase wu a na ɛyɛ yaw. Nokwarem no, ‘bere a ɔbɛyɛɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii owu mu, asɛndua ho wu mu.’ (Filipifo 2:8) Koma a etie a wɔda no adi ho nhwɛso bɛn ara ni!

Osetie a Enni Mu Mfata

Ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wotie Onyankopɔn no nyinaa na wɔyɛɛ osetie maa no ankasa. Susuw tete Israel Hene Saul ho. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔntɔre Amalekfo nsɛmmɔnedifo no ase. (1 Samuel 15:1-3) Ɛwom sɛ Saul sɛee wɔn man no de, nanso wankum wɔn hene no na ɔkoraa wɔn nguan ne wɔn anantwi so. Samuel kae sɛ: “Ɛdɛn nti na woantie [Yehowa, NW]?” Na Saul buae sɛ: “Sɛ matie [Yehowa, NW] . . . Na [Israel man] no faa asade no mu nguan ne anantwi, ahyirade no mu adikanne, . . . , rebɛbɔ [Yehowa, NW] . . . afɔre.” Bere a Samuel resi osetie a edi mu so dua no, ɔkae sɛ: “So [Yehowa, NW] pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie [Yehowa, NW] anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade. Na atuatew te sɛ atoro nkɔmhyɛ, na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom! Esiane sɛ woapa [Yehowa, NW] asɛm nti, ɔno nso apa wo afi ahenni no so.” (1 Samuel 15:17-23) Hwɛ ade kɛse a Saul hweree esiane sɛ wannya koma a etie nti!

Ɔhene Salomo nyansafo no mpo a ɔbɔɔ mpae srɛɛ koma a etie no ankɔ so anyɛ osetie amma Yehowa. Nea ɛne Onyankopɔn apɛde bɔ abira no, ɔwaree mmea ananafo a wɔma ɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn. (Nehemia 13:23, 26) Salomo hweree Onyankopɔn anim dom efisɛ wankɔ so anya koma a etie. Kɔkɔbɔ bɛn ara na eyi yɛ ma yɛn sɛɛ yi!

Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa hwehwɛ pɛyɛ fi n’asomfo a wɔyɛ nnipa hɔ. ‘Ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.’ (Dwom 103:14) Ɛda adi pefee sɛ ɛtɔ da bi a yɛn nyinaa di mfomso, nanso Onyankopɔn betumi ahu sɛ ebia yefi koma mu pɛ sɛ yɛsɔ n’ani anaa. (2 Beresosɛm 16:9) Sɛ pɛ a yɛnyɛ nti yɛfom nanso yenu yɛn ho a, yebetumi agyina Kristo agyede afɔrebɔ no so asrɛ bɔne fafiri, a yɛwɔ ahotoso sɛ ‘firi a Yehowa de firi no dɔɔso.’ (Yesaia 55:7; 1 Yohane 2:1, 2) Yebehia Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ nso mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bɛtɔ yɛn wɔ honhom fam na yɛanya gyidi a edi mu ne koma a etie.—Tito 2:2; Yakobo 5:13-15.

Osetie a Woyɛ no Di Mu Dɛn?

Sɛ Yehowa asomfo no, ɛda adi pefee sɛ yɛn mu dodow no ara te nka sɛ yɛwɔ koma a etie. Yebetumi anya adwene sɛ, So menyɛ Ahenni asɛnka adwuma no bi? So minnyina pintinn bere a nsɛm a emu yɛ den te sɛ afa biara a Kristofo nni sɔre no? Na so menkɔ Kristofo nhyiam daa, sɛnea ɔsomafo Paulo hyɛe no? (Mateo 24:14; 28:19, 20; Yohane 17:16; Hebrifo 10:24, 25) Nokwarem no, Yehowa nkurɔfo nyinaa da osetie a efi koma mu adi wɔ nsɛm a ehia a ɛtete sɛɛ ho.

Nanso yɛbɔ yɛn bra dɛn wɔ yɛn da biara da asetram, ebia wɔ nsɛm a ɛte sɛ nea ɛyɛ nketenkete mu? Yesu kae sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.” (Luka 16:10) Enti ɛfata sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, So mewɔ koma a etie wɔ nneɛma nketenkete anaa nsɛm a nnipa foforo nnim mpo mu?

Odwontofo no daa no adi sɛ wɔ ne fie a afoforo nhu no mpo mu no, ‘ɔnantewee ne koma pɛyɛ mu.’ (Dwom 101:2) Sɛ wowɔ wo fie a, ebia wobɛsɔ wo TV na wafi ase ahwɛ sini bi. Wobetumi asɔ osetie a woyɛ ahwɛ wɔ hɔnom ara. Ebia na ɔbrasɛe bɛba sini no mu. So wobɛkɔ so ahwɛ, na wayi wo ho ano sɛ eyi ne sini a woyi nnansa yi? Anaasɛ koma a etie a wowɔ no bɛka wo ma wadi Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi so, ‘aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa de, mommma wɔmmmɔ din mpo wɔ mo mu’? (Efesofo 5:3-5) So wubedum TV no, sɛ asɛm no yɛ anigye mpo a? Anaasɛ wubekyim ato baabi foforo bere a basabasayɛ ba dwumadi no mu no? Odwontofo no kae sɛ: “Yehowa ankasa pɛɛpɛɛ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nso mu hwɛ, na Ne kra tan nea n’ani gye basabasayɛ ho.”—Dwom 11:5, NW.

Koma a Etie De Nhyira Ba

Nokwarem no, asetram nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ahwehwɛ yɛn ho mu yiye wɔ ho ahwɛ sɛ yefi koma mu tie Nyankopɔn ankasa anaa. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛsɔ n’ani na yɛyɛ nea ɔnam N’asɛm Bible so ka kyerɛ yɛn no. Koma a etie bɛma yɛne Yehowa anya abusuabɔ pa. Nokwarem no, sɛ yɛyɛ osetie kosi ase a, ‘yɛn anom nsɛm ne yɛn koma mu nkɔmmɔ bɛyɛ Yehowa dɛ.’—Dwom 19:14.

Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔkyerɛkyerɛ yɛn osetie ma ɛso ba yɛn ankasa mfaso. Na yenya mfaso kɛse fi koma mu a yefi tie Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ no. (Yesaia 48:17, 18) Enti, momma yɛmfa anigye nye mmoa a yɛn soro Agya no nam N’asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde so de ma yɛn no ntom. Wɔrekyerɛkyerɛ yɛn yiye ma ayɛ te sɛ nea yɛte asɛm bi wɔ yɛn akyi sɛ: “Eyi ne kwan, . . . monnantew so.” (Yesaia 30:21) Bere a Yehowa nam Bible no, Kristofo nhoma horow, ne asafo nhyiam horow so kyerɛkyerɛ yɛn no, ɛmmra sɛ yebetie, de nea yesua no adi dwuma, na yɛayɛ ‘osetie wɔ ade nyinaa mu.’—2 Korintofo 2:9.

Koma a etie bɛma yɛanya anigye ne nhyira pii. Ɛbɛma yɛanya asomdwoe efisɛ yebehu sɛ yɛresɔ Yehowa Nyankopɔn ani yiye na yɛrema ne koma atɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Koma a etie no bɛbɔ yɛn ho ban bere a yehyia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛayɛ bɔne no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yetie yɛn soro Agya no na yɛbɔ mpae sɛ: “Ma w’akoa koma a etie.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Efi Self-Pronouncing Edition of the Holy Bible a King James ne Revised versions wom no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena