Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/05 kr. 8
  • Boa Afoforo ma ‘Womfi Komam Nyɛ Osetie’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo ma ‘Womfi Komam Nyɛ Osetie’
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wowɔ “Koma a Etie”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • “Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Yehowa Ani Sɔ Osetie A Wobɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Sua Osetie Denam Nteɛso A Wugye Tom So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 9/05 kr. 8

Boa Afoforo ma ‘Womfi Komam Nyɛ Osetie’

1. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ?

1 Osetie ho hia na yɛn som asɔ Yehowa ani. (Deut. 12:28; 1 Pet. 1:14-16) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn atemmu bɛba “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie . . . asɛmpa no so.” (2 Tes. 1:8) Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ma ‘wɔafi koma mu ayɛ osetie’ ama Onyankopɔn Asɛm?—Rom. 6:17.

2. Dɛn nti na ehia sɛ yɛboa afoforo ma wonya gyidi a emu yɛ den?

2 Boa Wɔn Ma Wonnya Gyidi ne Ɔdɔ: Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔde osetie bata gyidi ho. Ɔsomafo Paulo kaa “sɛnea daa Nyankopɔn ahyɛde te, na ama asoɔmmerɛw afa gyidi so aba” no ho asɛm. (Rom. 16:26) Hebrifo ti 11 ka nnipa pii gyidi ho nhwɛso a ɛfa Yehowa apɛde a wɔyɛe no ho asɛm. (Heb. 11:7, 8, 17) Nea ɛne no bɔ abira no, wɔde asoɔden bata gyidi a wonni ho. (Yoh. 3:36; Heb. 3:18, 19) Ehia sɛ yesua sɛnea yɛde Onyankopɔn Asɛm bedi dwuma na yɛatumi aboa afoforo ma wɔanya gyidi a ɛbɛma wɔayɛ osetie.—2 Tim. 2:15; Yak. 2:14, 17.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na osetie ne ɔdɔ wɔ abusuabɔ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible asuafo ma wɔanya Yehowa ho dɔ?

3 Osetie nso ne Onyankopɔn ho dɔ a yebenya no wɔ abusuabɔ. (Deut. 5:10; 11:1, 22; 30:16) Bible ka wɔ 1 Yohane 5:3 sɛ: “Na eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” Yɛbɛyɛ dɛn aboa Bible asuafo ma wɔanya ɔdɔ ama Yehowa? Sɛ woreyɛ adesua no a, hwehwɛ hokwan a wode bɛboa wɔn ma wɔakyerɛ Yehowa su ahorow ho anisɔ. Ma wonhu anisɔ kɛse a wowɔ ma Onyankopɔn no. Boa osuani no ma onsusuw abusuabɔ a ɔne Yehowa benya no ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ho dɔ bɛkanyan afoforo na akanyan yɛn ankasa nso ma yɛafi komam atie no.—Mat. 22:37.

4. (a) Dɛn nti na yɛn nhwɛso ho hia? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya “koma a etie”?

4 Denam Yɛn Nhwɛso So: Ɔkwan a tumi wom a yebetumi afa so ahyɛ afoforo nkuran ma wɔatie asɛmpa no ne yɛn nhwɛso. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ yɛn ho mmɔden nya “koma a etie.” (1 Ah. 3:9; Mmeb. 4:23) Dɛn na eyi hwehwɛ? Bible adesua ne nhyiam a wobɛkɔ daa no bɛboa wo ma wode honhom fam nneɛma ahyɛ wo komam. (Dw. 1:1, 2; Heb. 10:24, 25) Wo ne wɔn a wɔde wɔn koma afam nokware som ho mmɔ fekuw. (Mmeb. 13:20) Kɔ asɛnka daa na fi komam nya ɔpɛ sɛ wobɛboa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no. Bɔ Yehowa mpae ma ɔmmoa wo na woanya koma pa. (Dw. 86:11) Twe wo ho fi nneɛma te sɛ anigyede a ɛfa ɔbrasɛe anaa awudisɛm ho a ebetumi asɛe wo koma no ho. Di nneɛma a ɛtwe wo bɛn Onyankopɔn na ɛhyɛ wo ne ne ntam abusuabɔ mu den akyi.—Yak. 4:7, 8.

5. Ɔkwan bɛn so na wohyira wɔn a wɔyɛ osetie no?

5 Yehowa maa ne nkurɔfo a tete no ɔne wɔn nantewee no awerɛhyem sɛ sɛ wotie ne nne a, obehyira wɔn. (Deut. 28:1, 2) Saa ara na nnɛ Yehowa rehyira “wɔn a wotie no no.” (Aso. 5:32) Enti momma yɛmfa yɛn nkyerɛkyerɛ ne yɛn nhwɛso so mmoa afoforo ma womfi komam nyɛ osetie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena