ADESUA ASƐM 42
DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ
Sɛnea Wobɛma Wo Mpaebɔ Atu Mpɔn
“Mede me koma nyinaa frɛ wo. O Yehowa, gye me so.” —DW. 119:145.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Mpae a Yehowa asomfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu bɔe no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn nso yɛn mpaebɔ atu mpɔn.
1-2. (a) Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛka yɛn koma mu asɛm akyerɛ Yehowa? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ aso tie yɛn mpaebɔ?
ƐTƆ da a wote nka sɛ nsɛm koro no ara na woka wɔ wo mpaebɔ mu anaa? Anaa ɛyɛ a nea ɛwɔ wo koma mu paa no, wubue w’ano a ɛnyɛ ɛno na ɛba? Sɛ saa a, ka wo koma to wo yam na ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Ɛnnɛ adaagye a yenni nti, sɛ yɛrebɔ mpae a anhwɛ yɛbɛyɛ no gya-so-gya-so. Anaa anhwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa efisɛ yɛhwɛ yɛn ho a ebia yehu sɛ yɛmfata sɛ yɛbɔ no mpae.
2 Bible ma yehu sɛ ɛnyɛ nsɛm akɛse a yɛde bɛbɔ mpae no na Onyankopɔn pɛ, na mmom nea ɔpɛ ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛaka yɛn komam asɛm akyerɛ no. Bible ka sɛ Yehowa tie “ahobrɛasefo sufrɛ.” (Dw. 10:17) Asɛm biara a yɛbɛka akyerɛ no no, ɔyɛ aso tie, efisɛ yɛn asɛm yɛ n’asɛm.—Dw. 139:1-3.
3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Nanso ebia yebebisa sɛ: Adɛn nti na yebetumi de ahotoso abɔ Yehowa mpae? Yɛbɛyɛ dɛn aka yɛn komam nsɛm akyerɛ Yehowa? Mpae a Yehowa asomfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu bɔe no, sɛ yedwinnwen ho a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn mpaebɔ atu mpɔn? Afei nso, sɛ ɔhaw bi reteetee yɛn paa na yenhu sɛnea yɛbɛka ho asɛm akyerɛ Yehowa a, dɛn na yebetumi ayɛ? Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa no ho mmuae.
FA AHOTOSO BƆ YEHOWA MPAE
4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ Yehowa anim a yensuro? (Dwom 119:145)
4 Sɛ yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo paa a ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye a, yɛrekɔ n’anim a yɛrensuro. Wo de, yɛnhwɛ nea ɔkyerɛw Dwom 119 no. Ohyiaa ɔhaw pii wɔ n’asetenam. Atamfo kekaa atosɛm faa ne ho. (Dw. 119:23, 69, 78) Afei nso, ɛtɔ da a na ne sintɔ ma n’abam bu. (Dw. 119:5) Nanso esiane sɛ na Yehowa yɛ n’adamfo nti, na onsuro sɛ ɔbɛka ne komam asɛm akyerɛ no.—Kenkan Dwom 119:145.
5. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara siw yɛn kwan sɛ yɛbɛbɔ mpae? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.
5 Wɔn a wɔayɛ bɔne akɛse mpo Yehowa pɛ sɛ wɔbɔ no mpae. (Yes. 55:6, 7) Enti ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara siw yɛn kwan sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Yɛmfa no sɛ woayera wɔ kwaebirentuw bi mu. Sɛ wuhu obi a obetumi aboa wo a, fɛre nti wobɛka sɛ woremfrɛ no anaa? Wobɛfrɛ no dodo! Enti yɛn nso, sɛ ɛtɔ da bi na yɛn adwene atu afra, yenhu nea yɛnyɛ, anaa yɛayɛ bɔne bi a, yebetumi de ahotoso akɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu.—Dw. 119:25, 176.
NEA WOYƐ A ƐBƐMA WOATUMI AKA WO KOMAM NSƐM AKYERƐ YEHOWA
6-7. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka yɛn komam nsɛm akyerɛ Yehowa? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
6 Sɛ yɛka yɛn komam nsɛm kyerɛ Yehowa na yɛamfa biribiara ansie no a, ɛma yɛbɛn no paa. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
7 Dwinnwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho.a Sɛ yedwinnwen Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛbɛboa yɛn paa ma yɛaka yɛn komam nsɛm akyerɛ no. (Dw. 145:8, 9, 18) Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Kristine. Ná ne papa koko nye koraa; ɛreyɛ ara ni na ɔreto ne nsa. Wei nti na ɛyɛ den ma Kristine sɛ obegye adi sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, enti na ontumi nka ne komam nsɛm nkyerɛ no. Ná ɛyɛ no sɛ ne sintɔ nti, Onyankopɔn rentie no. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Yehowa dɔ a enni huammɔ a midwinnwen ho no ma metee nka sɛ ɔdɔ me. Minim sɛ ɔrennyaw me mu da, na sɛ mehwe ase mpo a, ne dɔ nti, ɔbɛma me so. Wei nti, sɛ mewɔ anigye mu a, meka kyerɛ no, me werɛ how nso a, memfa nsie no.”
8-9. Sɛ wudi kan dwen nea wobɛka ho ansa na woabɔ mpae a, ɛbɛboa wo sɛn? Kyerɛkyerɛ mu.
8 Dwen nea wobɛka ho. Ansa na wobɛbɔ mpae no, wubetumi abisa wo ho nsɛm bi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɔhaw pɔtee bɛn na merehyia no mprempren? Obi afom me a ehia sɛ mede ne bɔne kyɛ no anaa? Mepɛ sɛ Yehowa boa me wɔ biribi mu anaa?’ (2 Ahe. 19:15-19) Afei nso, kae sɛnea Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae no, na hwɛ nea wubetumi aka afa Yehowa din, n’Ahenni, ne n’apɛde ho.—Mat. 6:9, 10.
9 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Aliska. Bere a ohui sɛ ne kunu anya adwenem kansa bi a ɛde no bɛkɔ owu mu no, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛbɔ mpae. Ɔka sɛ: “Ná midwen a ensi so, enti na minhu sɛnea mɛbɔ mpae.” Dɛn na aboa no? Ɔkyerɛ mu sɛ: “Ansa na mɛbɔ mpae no, migye bere kakra de dwen nea mɛka ho. Meyɛ saa a, ɛboa me ma mitumi ka me komam nsɛm nyinaa kyerɛ Yehowa. Wei nti ɛnyɛ nea ehia me nko ara na meka ho asɛm kyerɛ no. Ɛno ma minya akomatɔyam, na mitumi bɔ mpae yiye.”
10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere ne Yehowa kasa? (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Gye bere na wo ne Yehowa nkasa. Ɛwom sɛ mpaebɔ tiawa ye, nanso sɛ yegye bere ne Yehowa kasa a, ɛno paa na ɛbɛboa yɛn ma yɛaka yɛn komam nsɛm akyerɛ no.b Aliska kunu Elijah ka sɛ: “Da biara mebɔ mmɔden bɔ mpae mpɛn pii. Minim sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa repɛ ntɛm akɔ baabiara. Enti meto me bo ase ne no kasa. Wei ama mabɛn no paa.” Wubetumi asɔ wei ahwɛ: Hwehwɛ baabi a dede nni a wubetumi abɔ mpae. Wunya baabi saa a, ɛyɛ a kɔ hɔ na gye bere bɔ Yehowa mpae. Wubetumi abɔ ama apue w’ano mpo.
Hwehwɛ baabi a dede nni a wubetumi abɔ mpae. Wunya baabi saa a, ɛyɛ a kɔ hɔ na gye bere bɔ Yehowa mpae (Hwɛ nkyekyɛm 10)
MPAE A YEHOWA ASOMFO A WƆN HO ASƐM WƆ BIBLE MU BƆE NO, DWINNWEN HO
11. Mpae a Yehowa asomfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu bɔe no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn sɛn? (Adaka a yɛato din “Sɛnea Wɔtee Nka No, Saa Ara Na Wo Nso Wote Nka Anaa?” no, hwɛ ɛno nso.)
11 Yehowa asomfo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, mpae a wɔbɔe, ne nnwom a wɔtoe no, sɛ wudwinnwen ho a, ebetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn, na ɛbɛboa wo nso ma woaka wo komam nsɛm akyerɛ Yehowa. Afei nso, wubetumi anya nsɛm a wubetumi de ahyehyɛ wo mpaebɔ mu. Bio nso, ɔhaw a wɔhyiae no, ebia na ɛsɛ wo de no, enti mpae a wɔbɔe no, wo nso wubetumi abɔ bi.
12. Sɛ yɛkan mpaebɔ bi wɔ Bible mu a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
12 Sɛ wokan mpaebɔ bi wɔ Bible mu a, bisa wo ho sɛ: ‘Hena na ɔbɔɔ saa mpae yi, na dɛn na na ɛrekɔ so wɔ n’abrabɔ mu saa bere no? Me nso, biribi a ɛte saa rekɔ so wɔ m’abrabɔ mu anaa? Dɛn na metumi asua afi mu?’ Nea ɛbɛyɛ na woanya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae no, ebia ebehia sɛ woyɛ nhwehwɛmu kakra, na wutumi yɛ nso a ɛbɛboa wo. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra.
13. Dɛn na yebetumi asua afi Hanah mpaebɔ no mu? (1 Samuel 1:10, 11) (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Kenkan 1 Samuel 1:10, 11. Bere a Hanah bɔɔ saa mpae no, na ɔrehyia ɔhaw akɛse mmienu. Nea edi kan, na ɔyɛ obonin. Afei nso, na ne kora no reteetee no. (1 Sam. 1:4-7) Wo nso, sɛ ɔhaw bi abegye agua wɔ w’abrabɔ mu a, dɛn na wubetumi asua fi Hanah mpaebɔ no mu? Ogyee bere kaa ne komam nsɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa, na ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. (1 Sam. 1:12, 18) Enti yɛn nso, sɛ ‘yɛdan yɛn adesoa to Yehowa so’ a, yɛn kɔn mu bedwo yɛn.—Dw. 55:22.
Ná Hanah yɛ obonin, na daa na ne kora no bɔ no akutia. Enti ɔkaa ne komam nsɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 13)
14. (a) Dɛn bio na yesua fi Hanah mpaebɔ no mu? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mpaebɔ tu mpɔn a, dɛn na yebetumi ayɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
14 Hanah woo Samuel no, mfe kakra akyi no, ɔde no kɔmaa Ɔsɔfo Panyin Eli. (1 Sam. 1:24-28) Ɛno akyi no, Hanah fii ne komam kamfoo Yehowa sɛ ɔbɔ n’asomfo anokwafo ho ban na ɔhwɛ wɔn so.c (1 Sam. 2:1, 8, 9) Ɛwom, ɔhaw a na ɔrehyia wɔ fie no, ɛbɛyɛ sɛ na ase ntui, nanso sɛnea na Yehowa rehyira no no, ɛno na ɔde n’adwene sii so. Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yehyia ɔhaw bi na yɛde yɛn adwene si sɛnea Yehowa rehyira yɛn no so a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina mu.
15. Sɛ nkurɔfo ne yɛn anni no yiye a, dɛn na odiyifo Yeremia yɛe a yebetumi asuasua? (Yeremia 12:1)
15 Kenkan Yeremia 12:1. Bere bi a odiyifo Yeremia hui sɛ abɔnefo di yiye no, ɛhaw no paa. Afei nso sɛnea ne mfɛfo Israelfo no teetee no no, n’ani annye ho koraa. (Yer. 20:7, 8) Ɛnnɛ, yɛn nso yehu sɛ nneɛma rekɔ yiye ma abɔnefo na nkurɔfo nso tumi di yɛn ho fɛw, enti sɛnea Yeremia tee nka no, yebetumi ate no ase. Ɛwom sɛ Yeremia ka kyerɛɛ Yehowa sɛ nea na ɛrekɔ so no haw no paa, nanso wankasa antia Yehowa. Bere a ohuu sɛnea Yehowa twee ne nkurɔfo asoɔdenfo no aso no, ɛmaa ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no yɛɛ kɛse. (Yer. 32:19) Yɛn nso, sɛ biribi reteetee yɛn a, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa, na yɛanya ahotoso sɛ ne bere a ɛsɛ mu no, obedi ho dwuma.
16. Sɛ biribi nti, yentumi nsom Yehowa sɛnea yɛpɛ a, dɛn na yebetumi asua afi Lewini no hɔ? (Dwom 42:1-4) (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Kenkan Dwom 42:1-4. Nea ɔkyerɛw saa dwom yi, na ɔyɛ Lewini, nanso biribi nti na ontumi nkɔka ne mfɛfo Israelfo no ho wɔ asɔrefie hɔ ne wɔn nsom. Dwom no mu nsɛm ma yehu sɛnea na ɔte nka. Sɛ yare anaa biribi nti yɛaka fie, anaa yɛn gyidi nti aban no akyere yɛn ato afiase a, sɛnea Lewini no tee nka no, yɛn nso yebetumi ate nka saa ara. Sɛ yɛwɔ tebea a ɛte saa mu a, sɛnea yɛte nka no tumi sesasesa; ɛnnɛ a na yɛn ani agye, ade bɛkye no, wobɛhwɛ na yɛn werɛ ahow. Sɛnea yɛte nka biara, ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn na nea yɛrefa mu no ammu yɛn abam. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Lewini no behui sɛ obenya hokwan afoforo de asom Yehowa. (Dw. 42:5) Afei sɛnea na Yehowa rehwɛ no no, odwinnwen ɛno nso ho. (Dw. 42:8) Sɛ yɛyere yɛn ho bɔ Onyankopɔn mpae a, ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea yɛrefa mu no ase, na yɛanya asomdwoe ne ahoɔden a yebetumi de agyina mu.
Lewini a ɔkyerɛw Dwom 42 no kaa ne komam nsɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Yɛn nso, sɛ yɛka yɛn komam nsɛm kyerɛ Onyankopɔn a, ebetumi aboa yɛn na nea yɛrefa mu no ammu yɛn abam (Hwɛ nkyekyɛm 16)
17. (a) Dɛn na yebetumi asua afi odiyifo Yona mpaebɔ no mu? (Yona 2:1, 2) (b) Sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu a, ɔkwan bɛn so na Dwom nhoma no mu nsɛm no bi betumi aboa yɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
17 Kenkan Yona 2:1, 2. Bere a odiyifo Yona hyɛ apataa kɛse no yam no na ɔbɔɔ saa mpae yi. Ɛwom sɛ na wayɛ Yehowa so asoɔden, nanso na ogye di sɛ Yehowa betie no. Yɛhwɛ ne mpae no a, yehu sɛ Dwom nhoma no mu nsɛm bebree hyehyɛ mu.d Ɛbɛyɛ sɛ na onim Nnwom a ɛtete saa no mu nsɛm. Enti bere a odwinnwen ho no, ɛma onyaa awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa no. Yɛn nso, sɛ yɛbɔ mmɔden kyere Bible mu nsɛm bi gu yɛn tirim na sɛ yɛkɔ ɔhaw bi mu a, ebia yɛbɛkae na yɛanya bi de abɔ mpae ma akyekye yɛn werɛ.
KƆ SO ARA BƆ YEHOWA MPAE, NA ƐBƐMA WOABƐN NO PAA
18-19. Sɛnea yɛte nka paa no, ɛtɔ da na yenhu sɛnea yɛnkyerɛ mu nkyerɛ Yehowa a, awerɛhyem bɛn na Romafo 8:26, 27 ma yenya? Ma ɛho nhwɛso.
18 Kenkan Romafo 8:26, 27. Ɛtɔ da a, dadwen tumi hyɛ yɛn so ara ma sɛnea yɛte nka paa no, ɛyɛ a yenhu sɛnea yɛbɛkyerɛ mu akyerɛ Yehowa. Nanso mmere a ɛtete saa mu no, Yehowa honhom no “srɛ” ma yɛn. Ɔkwan bɛn so? Yehowa de ne honhom kronkron no boaa Bible akyerɛwfo no ma wɔkyerɛw mpaebɔ bebree wɔ n’Asɛm no mu. Enti sɛ yenhu nea yɛnka a, mpaebɔ a ɛwɔ Bible mu no, ebia Yehowa bɛfa emu nsɛm no bi na wafa no sɛ yɛn na yɛbɔɔ saa mpae no na wabua.
19 Saa ntease yi boaa onuawa bi a ɔwɔ Russia a ne din de Yelena. Esiane sɛ na ɔbɔ mpae na ɔkenkan Bible nti, apolisifo kɔkyeree no. Nea ɔfaa mu no ho adwinnwen mmoroso nti, na ontumi mmɔ mpae. Ɔka sɛ: “Ɛhɔ ara na mekaee sɛ, sɛ ɔhaw bi hyɛ me so paa na minhu nea menka nkyerɛ Yehowa a, Yehowa asomfo mpaebɔ a ɛwɔ Bible mu no, Yehowa bɛfa emu nsɛm no bi . . . na wabua te sɛ nea me na mebɔɔ saa mpae no. . . . Saa mmere bɔne no mu no, wei kyekyee me werɛ paa.”
20. Sɛ dadwen hyɛ yɛn so paa a, dɛn na yebetumi ayɛ ansa na yɛabɔ mpae?
20 Sɛ dadwen hyɛ yɛn so paa na yɛrebɔ mpae a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn adwene bekyinkyin. Enti ansa na yɛbɛbɔ mpae no, Nnwom nhoma no mu nsɛm a wɔayɛ no ɔdio no, yebetumi abɔ bi atie. Afei nso, sɛnea yɛte nka no, yebetumi akyerɛw ato hɔ sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no. (Dw. 18, 34, 142; atifi nsɛm.) Nanso momma yɛnkae sɛ, wei nyɛ mmara, enti nea wohwɛ a ɛbɛboa wo paa no, ɛno na ɛsɛ sɛ woyɛ.—Dw. 141:2.
21. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ mpae?
21 Sɛnea yɛte nka no, Yehowa nim koraa ansa na yɛabue yɛn ano aka akyerɛ no. (Dw. 139:4) Nanso, sɛ ohu sɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu nti, yɛreka sɛnea yɛte nka akyerɛ no a, ɛma n’ani gye sɛ! Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ wo soro Agya no mpae. Mpae ahorow a ɛwɔ Bible mu no, sua biribi fi mu. Fi wo koma nyinaa mu bɔ Yehowa mpae. Anigye mu oo, awerɛhow mu oo, wo ne wo soro Agya no nkasa. Yehowa yɛ w’adamfo, enti ɔwɔ hɔ ma wo bere nyinaa!
DWOM 45 Me Komam Nsusuwii
a Wɔaka “Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no bi” ho asɛm wɔ Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra nhoma no mu. Wohwɛ asɛmti a ɛne “Yehowa” a, wubehu wɔ hɔ.
b Mpae a wɔbɔ wɔ asafo nhyiam ase no, mpɛn pii no, ɛyɛ a na ɛnware.
c Nsɛm a Hanah kae wɔ ne mpaebɔ mu no, ɛne nsɛm a Mose kyerɛwee no di nsɛ. Ɛda adi sɛ, na Hanah gye bere dwinnwen Kyerɛwnsɛm no ho. (Deut. 4:35; 8:18; 32:4, 39; 1 Sam. 2:2, 6, 7) Mfe pii akyi no, nsɛm a Yesu maame Maria kae de yii Yehowa ayɛ no, ɛsɛ Hanah de no paa.—Luka 1:46-55.
d Yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa Yona 2:3-9 toto Dwom 69:1; 16:10; 30:3; 142:2, 3; 143:4, 5; 18:6; ne 3:8 ho, na wubehu sɛ saa Nnwom yi mu nsɛm na Yona de hyehyɛɛ ne mpaebɔ no.