Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 October kr. 24-29
  • Kae Sɛ Wobɛbɔ Mpae Ama Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kae Sɛ Wobɛbɔ Mpae Ama Afoforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WOBƆ MPAE MA AFOFORO?
  • EHIA SƐ YƐBƆ MPAE MA AFOFORO
  • BERE A YƐREBƆ MPAE AMA ANKOROANKORO
  • NEA ƐSƐ SƐ YƐKAE WƆ YƐN MPAEBƆ HO
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Wobɛma Wo Mpaebɔ Atu Mpɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Mommɔ Mpae Mma Mo Ho Mo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 October kr. 24-29

ADESUA ASƐM 43

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

Kae Sɛ Wobɛbɔ Mpae Ama Afoforo

“Mommɔ mpae mma mo ho . . . Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.”—YAK. 5:16.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea enti a ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo ne nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa.

1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn mpaebɔ ho hia Yehowa?

MPAEBƆ yɛ ade a ɛsom bo paa. Wo de dwen ho hwɛ: Yehowa de nnwuma ahyehyɛ abɔfo no nsa. (Dw. 91:11) Ne Ba no nso, ɔde nnwuma akɛse ahyehyɛ ne nsa. (Mat. 28:18) Nanso yɛn mpaebɔ de, ɔmfa nhyɛɛ obiara nsa sɛ ontie. Ɛno de, ɔno ankasa na otie, efisɛ Bible ka sɛ ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo.”—Dw. 65:2.

2. Sɛ ɛba mpaebɔ a, nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paul yɛ maa yɛn?

2 Ɛwom, yebetumi abɔ Yehowa mpae na yɛaka yɛn haw akyerɛ no, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo nso. Ɔsomafo Paul yɛɛ wei ho nhwɛso maa yɛn. Bere bi, ɔkyerɛw kɔmaa Efeso asafo no sɛ: “Migu so ara bɔ mo din wɔ me mpaebɔ mu.” (Efe. 1:16) Paul bɔɔ mpae maa ankorankoro nso. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Meda Onyankopɔn ase. . . . Daa mekae wo wɔ me nkotosrɛ mu awia ne anadwo.” (2 Tim. 1:3) Ná Paul wɔ ne haw a obetumi abɔ ho mpae. (2 Kor. 11:23; 12:​7, 8) Nanso wamma ne werɛ amfi sɛ ɔbɛbɔ mpae ama afoforo.

3. Adɛn nti na anhwɛ a yɛn werɛ betumi afi sɛ yɛbɛbɔ mpae ama afoforo?

3 Ɛtɔ da a, anhwɛ a yɛn werɛ befi sɛ yɛbɛbɔ mpae ama afoforo. Adɛn ntia? Onuawa bi a ne din de Sabrinaa ma yehu ade baako nti a biribi a ɛte saa betumi asi. Ɔka sɛ: “Nnipa nni adaagye koraa. Enti yɛn haw betumi agye yɛn adwene ara ma yɛanhwɛ yiye a, ɛno nko ara na yɛbɛbɔ ho mpae.” Wo nso ɛ, ɛtɔ da a biribi saa tumi to wo anaa? Sɛ saa a, adesua yi betumi aboa wo ma woahu nea enti a ɛho hia sɛ wobɔ mpae ma afoforo, ne nea ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WOBƆ MPAE MA AFOFORO?

4-5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ mpae a yɛbɔ ma afoforo no “wɔ tumi kɛse”? (Yakobo 5:16)

4 Mpae a yɛbɔ ma afoforo no “wɔ tumi kɛse.” (Kenkan Yakobo 5:16.) Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛyɛ ampa sɛ ebetumi asesa nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam anaa? Asɛm a Yesu ka faa ɔsomafo Petro ho no ma yehu sɛ ebetumi aba saa. Ná onim sɛ ɛrenkyɛ Petro beyi no ama, nanso ɔkaa sɛ: “Masrɛ ama wo, na wo gyidi ansa.” (Luka 22:32) Ná Paul nso nim sɛ mpaebɔ betumi asesa nea ɛrekɔ so wɔ obi asetenam. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a wɔbuu no atɛnkyea de no too afiase wɔ Roma no, ɔkyerɛw Filemon sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ mo mpaebɔ nti, wɔbɛsan de me abrɛ mo.” (Filem. 22) Ampa-ne-ampa ara, ankyɛ na wɔgyaa Paul, na ɔsan kɔyɛɛ asɛnka adwuma no bio.

5 Wei nkyerɛ sɛ yɛn mpaebɔ betumi ahyɛ Yehowa ama wayɛ nea yɛpɛ biara ama yɛn. Onim nea n’asomfo refa mu, na ɛtɔ da a ɔyɛ wɔn abisade ma wɔn. Esiane sɛ yenim saa nokwasɛm yi nti, ɛboa yɛn ma yefi yɛn komam bɔ yɛn haw ho mpae, na yegyaw ma Yehowa, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ obedi ho dwuma wɔ bere a ɛsɛ mu.—Dw. 37:5; hwɛ 2 Korintofo 1:11 no.

6. Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, mfaso bɛn na ɛde ba? (1 Petro 3:8)

6 Yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛma yenya “ayamhyehye” ma wɔn. (Kenkan 1 Petro 3:8.) Obi a ɔwɔ ayamhyehye no, sɛ ohu sɛ obi rehu amane a, ɛyɛ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi de boa no. (Mar. 1:​40, 41) Yɛnhwɛ asafo mu panyin bi a ne din de Michael. Ɔka sɛ: “Sɛ mebɔ mpae ma afoforo a, ɛma mete ɔhaw a wɔrefa mu no ase yiye. Wei ma ɔdɔ a mewɔ ma wɔn no yɛ kɛse. Ɛwom sɛ ebia wɔrenhu sɛ medɔ wɔn, nanso ɛma mete nka sɛ me ne wɔn ayɔnkofa no mu ayɛ den.” Asafo mu panyin bi a ne din de Richard nso ka sɛ: “Sɛ yɛbɔ mpae ma obi a, etumi kanyan yɛn sɛ yɛnyɛ biribi mfa mmoa no. Sɛ yɛyɛ biribi pɔtee de boa onii a yɛrebɔ mpae ama no no a, ɛte sɛ nea Yehowa nam yɛn so rebua onii no mpaebɔ.”

7. Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛboa yɛn sɛn? (Filipifo 2:​3, 4) (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛboa yɛn ma yennwen yɛn haw ho mmoro so. (Kenkan Filipifo 2:​3, 4.) Esiane sɛ yɛte Satan wiase yi mu nti, obiara mfaa ne ho nnii, yɛn mu biara rehu amane. (1 Yoh. 5:19; Adi. 12:12) Enti sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛbɔ mpae ama afoforo a, ɛkae yɛn sɛ ‘amanehunu koro no ara na yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.’ (1 Pet. 5:9) Onuawa kwampaefo bi a ne din de Katherine ka sɛ: “Sɛ mebɔ mpae ma afoforo a, ɛkae me sɛ obiara mfaa ne ho nnii. Ɛno mma minnwen me haw ho mmoro so.”

Mfoni: Anuanom a yehu wɔn wɔ mfoni yi mu no, wɔwɔ wɔn haw, nanso wɔrebɔ mpae ama afoforo. 1. Abaayewa bi te ne mpa so rebɔ mpae; mfoni a ɛka ho no mu no, nsu ayiri afa abusua bi fi, na wɔte korow mu refi hɔ akɔ. 2. Abusua a na wɔte korow mu no abom rebɔ mpae; mfoni a ɛka ho no mu no, onua bi da afiase. 3. Onua a ɔda afiase a na ɔwɔ mfoni baako no mu no rebɔ mpae; mfoni a ɛka ho no mu no, onuawa aberewa bi a ɔyare da mpa so wɔ ayaresabea. 4. Onuawa aberewa no rebɔ mpae; mfoni a ɛka ho no mu no, abaayewa a na ɔwɔ mfoni a edi kan no mu no wɔ sukuu mu, na ne sukuufo redi obi awoda, na aka ɔno nko ara te hɔ.

Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛboa yɛn ma yennwen yɛn haw ho mmoro so (Hwɛ nkyekyɛm 7)d


EHIA SƐ YƐBƆ MPAE MA AFOFORO

8. Henanom na yebetumi abɔ mpae ama wɔn?

8 Henanom saa na yebetumi abɔ mpae ama wɔn? Yebetumi abɔ mpae ama wɔn a wɔyare, mmerante ne mmabaa a wɔn sukuufo di wɔn ho fɛw anaa wɔpiapia wɔn sɛ wɔnkɔyɛ bɔne, anaa nkwakoraa ne mmerewa. Yɛn nuanom Kristofo bebree nso, wɔn abusuafo anaa aban no retan wɔn ani. (Mat. 10:​18, 36; Aso. 12:5) Ebinom nso wɔ hɔ a, basabasayɛ a amanyɔsɛm akɔfa aba nti, wɔatu afi wɔn fie. Atoyerɛnkyɛm ama afoforo nso rehu amane. Ebia yennim saa anuanom yi, nanso sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn a, ahyɛde a Yesu de maa yɛn sɛ ‘yɛnnodɔ yɛn ho’ no, ɛkyerɛ sɛ yɛredi so.—Yoh. 13:34.

9. Wɔn a wɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa asafo no mu ne wɔn yerenom no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma wɔn?

9 Afei nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn a wɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa asafo no mu no. Wɔn ne Akwankyerɛ Kuw no mufo ne wɔn aboafo, Baa Boayikuw no mufo, anuanom a wɔdeda nnwuma ano wɔ Betel, amansin so ahwɛfo, asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Saa anuanom yi mu bebree wɔ wɔn haw, nanso wɔyere wɔn ho boa yɛn. (2 Kor. 12:15) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔmansin sohwɛfo bi a ne din de Mark ka sɛ: “Me haw kɛse paa baako ne sɛ, m’awofo mfe akɔ anim, na wɔyare nso, nanso mente mmɛn wɔn. Ɛwom sɛ me nuabea ne ne kunu rehwɛ wɔn, nanso ɛyɛ me yaw sɛ minni hɔ a mɛyɛ biribi de aboa wɔn.” Anuanom a wɔyɛ adwumaden yi, sɛ yenim nea wɔrefa mu oo, sɛ yennim oo, ɛsɛ sɛ yɛkae na yɛbɔ mpae ma wɔn. (1 Tes. 5:​12, 13) Yebetumi abɔ mpae ama saa anuanom yi yerenom nso, efisɛ mmoa a wɔde ma wɔn kununom no, ɛboa wɔn ma wɔkɔ so yɛ wɔn adwuma no.

10-11. Sɛ yɛka yɛn nuanom nyinaa bom bɔ mpae ma wɔn a, Yehowa ani gye ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Sɛnea yɛadi kan ahu no, yɛtaa bɔ mpae ma anuanom nyinaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia yɛremmɔ asomasi anaa ɔbenten din, na mmom yɛbɛka akyerɛ Yehowa sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ afiase ne wɔn a wɔahwere wɔn adɔfo no, ɔmmoa wɔn anaa ɔnkyekye wɔn werɛ. Asafo mu panyin bi a ne din de Donald ka sɛ, “Yɛn nuanom a wɔrefa ɔhaw mu no dɔɔso ara ma ɛtɔ da a, nea yɛka kyerɛ Yehowa ara ne sɛ ɔmmoa wɔn a wɔrehu amane no nyinaa.”

11 Wohwɛ a, Yehowa ani gye mpae a ɛte saa ho anaa? Yiw, n’ani gye ho! Ade yi, yennim ɔhaw pɔtee a onua biara refa mu. Enti sɛ yɛka wɔn nyinaa bom bɔ mpae ma wɔn a, ɛyɛ ne kwan so a. (Yoh. 17:20; Efe. 6:18) Mpaebɔ a ɛte saa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ‘yɛdɔ anuanom nyinaa.’—1 Pet. 2:17.

BERE A YƐREBƆ MPAE AMA ANKOROANKORO

12. Sɛ yɛde yɛn ani to fam a, henanom nso na yebetumi abɔ mpae ama wɔn?

12 Fa w’ani to fam. Anuanom nyinaa a yɛbɛbɔ mpae ama wɔn akyi no, yebetumi abobɔ ankorankoro nso din abɔ mpae ama wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na yare koankɔ bi abɛtena obi so wɔ w’asafo mu. Ebi nso a, nhyɛso a aberante anaa ababaa bi rehyia wɔ sukuu mu nti, ama n’abam abu. Afei nso, ebia na ɛyɛ den ma ɔwofo bi sɛ ɔde “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ” bɛtete ne ba. (Efe. 6:4) Sɛ wode w’ani to fam hwɛ ɔhaw a wo nuanom refa mu a, ɛbɛma woanya tema kɛse ama wɔn, na ɛbɛkanyan wo ama woabɔ mpae ama wɔn.b—Rom. 12:15.

13. Wɔn a yenhyiaa wɔn da no, yɛbɛyɛ dɛn abɔ mpae ama wɔn?

13 Bobɔ ankorankoro din bɔ mpae ma wɔn. Wɔn a yenhyiaa wɔn da mpo, yebetumi abɔ mpae ama wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi abɔ mpae ama anuanom a wɔda afiase wɔ Crimea, Eritrea, Russia, ne Singapore. Sɛ wokɔ jw.org a wubehu wɔn a wɔda afiase no din wɔ hɔ.c Ɔmansin sohwɛfo bi a ne din de Brian ka sɛ: “Sɛ mekyerɛw onua anaa onuawa bi a ɔda afiase din na mebɔ ne din no ma epue m’ano a, ɛboa me ma sɛ merebɔ mpae a mekae bɔ bi ma no.”

14-15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi aka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu?

14 Ka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ wo mpaebɔ mu. Michael a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Sɛ merekan anuanom a wɔda afiase no ho nsɛm wɔ jw.org a, ɛyɛ a mede m’adwene bu sɛ, ‘Sɛ me na meda afiase a, anka mɛte nka sɛn?’ Minim sɛ anka medwen me yere ho na mahwɛ sɛ ne nsa bɛka nea ohia biara. Wei ma minya biribi pɔtee a mɛka wɔ me mpaebɔ mu bere a merebɔ mpae ama anuanom a wɔaware a wɔda afiase no.”—Heb. 13:​3, ase hɔ asɛm.

15 Anuanom a wɔda afiase no, sɛ yɛde yɛn adwene bu nea wɔfa mu da biara da a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nsɛm afoforo a yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi abɔ mpae sɛ awɛmfo a wɔwɔ afiase hɔ ne yɛn nuanom nni no yiye. Afei nso, yebetumi abɔ mpae sɛ Yehowa nka atumfoɔ no koma ma wɔmma anuanom no kwan ma wɔntumi nsom no. (1 Tim. 2:​1, 2) Yebetumi nso abɔ mpae sɛ onua a ɔda afiase no nokwaredi nhyɛ n’asafo mufo nkuran. Anaa yebetumi abɔ mpae sɛ wɔn a wɔnyɛ adansefo no behu yɛn nua a ɔda afiase no suban pa, na akanyan wɔn ma wɔatie asɛmpa no. (1 Pet. 2:12) Yɛn nuanom a wɔrehyia sɔhwɛ afoforo nso, yebetumi afa saa ɔkwan koro yi ara so abɔ mpae ama wɔn. Sɛ yɛde yɛn ani to fam, yɛbobɔ ankorankoro din bɔ mpae ma wɔn, na yɛka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho paa.—1 Tes. 3:12.

NEA ƐSƐ SƐ YƐKAE WƆ YƐN MPAEBƆ HO

16. Sɛ yɛrebɔ mpae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (Mateo 6:8)

16 Yɛahu sɛ yɛn mpaebɔ betumi asesa nea ɛrekɔ so wɔ obi asetenam. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛbɔ mpae a, ɛnyɛ sɛ biribi a Yehowa nnim na yɛreka akyerɛ no, anaa yɛretu no fo sɛ ɔnyɛ sei anaa sei. Ade yi, ansa na Yehowa asomfo de wɔn ahiasɛm bɛto n’anim no, na onim dedaw. (Kenkan Mateo 6:8.) Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo? Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa no, yɛaka bi ho asɛm wɔ adesua yi mu dedaw. Ɛno da nkyɛn a, yɛbɔ mpae ma afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho na yɛdɔ wɔn. Sɛ Yehowa hu sɛ n’asomfo suasua ne dɔ a, ɛma n’ani gye paa.

17-18. Dɛn na yebetumi de mpae a yɛbɔ ma yɛn nuanom Kristofo no atoto ho?

17 Sɛ yɛbɔ mpae na asɛ ansesa hwee wɔ yɛn nuanom Kristofo asetenam mpo a, mpae no ara a yɛabɔ no kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na Yehowa hu ne nyinaa. Yɛmfa abusua bi a wɔwɔ mma nkumaa mmienu nyɛ mfatoho; baako yɛ ɔbea na baako yɛ ɔbarima. Ɔbarima no yare da mpa mu, na ɔbea no reka akyerɛ ne papa sɛ: “Dada, me nuabarima no yare paa, mesrɛ wo boa no wai!” Yɛreka yi nso, papa no rehwɛ ne ba no dedaw, na ɔreyɛ nea obetumi biara de aboa no efisɛ ɔdɔ no. Nanso, sɛ papa no hwɛ sɛnea ne babea no dwen ne nuabarima no ho na ɔresrɛ no sɛ ɔmmoa no no a, ɛma n’ani gye paa.

18 Yɛn nso, Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yennwen yɛn nuanom ho na yɛmmɔ mpae mma wɔn. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yennnwen yɛn nko ara yɛn ho, na mmom ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo paa, na Yehowa hu ne nyinaa. (2 Tes. 1:3; Heb. 6:10) Afei nso, yɛahu sɛ ɛtɔ da a, yɛn mpaebɔ betumi asesa nea ɛrekɔ so wɔ obi asetenam. Enti, momma yɛnkae daa sɛ yɛbɛbɔ mpae ama afoforo.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ Bible ka sɛ yɛn mpaebɔ “wɔ tumi kɛse” a, ɛkyerɛ sɛn?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma anuanom nyinaa?

  • Sɛ yɛrebɔ mpae ama ankorankoro a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi aka nneɛma pɔtee ho asɛm?

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

a Wɔasesa edin no bi.

b Hwɛ video a yɛato din Takeshi Shimizu: Yehowa yɛ “Mpaebɔ Tiefo” no. Ɛwɔ jw.org.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu anuanom a wɔda afiase no din a, kɔ jw.org na hwehwɛ “Jehovah’s Witnesses Imprisoned for Their Faith—By Location.”

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom a yehu wɔn wɔ mfoni yi mu no, wɔwɔ wɔn haw, nanso wɔrebɔ mpae ama afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena