Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 October kr. 30-31
  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Dɛn Ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 October kr. 30-31

Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho

AFE afe nhyiam a wɔyɛɛ no OCTOBER 5, 2024 no, wɔde too gua sɛ, Onua Jody Jedele ne Onua Jacob Rumph abɛka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho. Wɔn mmienu nyinaa de nokwaredi asom Yehowa mfe pii.

Jody Jedele ne ne yere, Damaris

Wɔwoo Onua Jedele wɔ Missouri, U.S.A., na wɔtetee no wɔ nokware no mu. Baabi a na wɔte no na Yehowa Adansefo nnɔɔso wɔ hɔ. Enti na anuanom taa ba hɔ bɛboa asɛnka adwuma no. Wei ma ohyiaa anuanom pii a wɔfi aman ahorow so. Ɔdɔ ne baakoyɛ a na ɛwɔ wɔn ntam no yɛɛ no fɛ paa. Ɔbɔɔ asu October 15, 1983. Ná n’ani gye asɛnka adwuma no ho paa, enti owiee ntoaso sukuu no, ofii akwampae adwuma no ase September 1989.

Onua Jedele yɛ aberantewaa no, ná n’awofo de ɔne ne nuabea kɔ Betel nsrahwɛ. Wei ma wɔde sii wɔn ani so sɛ daakye wɔbɛkɔ Betel, na ampa ara nso wɔtumi kɔe. Onua Jedele kɔɔ Wallkill Betel September 1990. Ɔkɔe no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a ɛhwɛ siesie Betel, na akyiri yi ɔne wɔn a wɔhwɛ Betelfo apɔwmuden so kɔyɛɛ adwuma.

Saa bere no ara mu no, ná Spanish nsafo bi a ɛbemmɛn hɔ renya nkɔso ntɛmntɛm, enti na wɔhia anuanom a wɔbɛboa wɔn. Ɛbaa saa no, Onua Jedele kɔɔ saa nsafo no baako mu na ofii ase suaa Spanish kasa. Ankyɛ biara na ohyiaa Damaris, ná ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ saa ɔmansin no ara mu. Akyiri yi wɔwaree, na ɔbɛkaa Onua Jedele ho wɔ Betel.

Afe 2005 no, wɔfii Betel kɔhwɛɛ wɔn awofo. Saa bere no, wɔsomee sɛ daa akwampaefo. Onua Jedele nyaa hokwan kyerɛɛ ade wɔ Akwampaefo Sukuu. Afei nso, ɔne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ne Ɔmantam Adansi Boayikuw no bɔɔ mu yɛɛ adwuma.

Afe 2013 no, wɔsan too nsa frɛɛ Onua ne Onuawa Jedele sɛ wɔmmra Betel mmɛboa Warwick adansi adwuma no bi. Ɛno akyi no, wɔasom wɔ Patterson ne Wallkill nso. Onua Jedele ayɛ adwuma wɔ Adansi Dwumadibea ne Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea. March afe 2023 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔsom Boayikuw No Boafo. Sɛ obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Wɔde dwumadi foforo hyɛ yɛn nsa a, ebetumi ama yɛn ani so atan yɛn. Nanso saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛkae de yɛn ho to Yehowa so, efisɛ ɔno na adwuma biara a ɔde bɛma yɛn no, ɔboa yɛn ma yɛyɛ.”

Jacob Rumph ne ne yere, Inga

Wɔwoo Onua Rumph wɔ California, U.S.A. Ɔyɛ abofra no, ná ne maame agyae adesua ne asɛnka kɔ, nanso ɔbɔɔ mmɔden de nokware no kyerɛkyerɛɛ no. Afei nso, afe biara na ɔkɔsra ne nanabea a ɔyɛ Ɔdansefo no. Ne nana no boaa no maa n’ani begyee nokware no ho paa, enti odii mfe 13 no ɔkaa sɛ Adansefo no ne no nsua Bible. Ɔbɔɔ asu September 27, 1992. Anigyesɛm ne sɛ, ne maame fii ase kekaa ne ho bio, na ne papa ne ne nuanom a aka nso nyaa nkɔso bɔɔ asu.

Onua Rumph yɛ aberante no, ohuu sɛ akwampaefo ani gye paa. Enti owiee ntoaso sukuu no, ofii akwampae adwuma no ase September afe 1995. Afe 2000 mu no, otu kɔɔ Ecuador kɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia. Ɛhɔ na ohyiaa onuawa kwampaefo bi a ne din de Inga a ofi Canada, na akyiri yi wɔwaree. Wɔn aware akyi no, wɔkɔsom wɔ kurow ketewa bi mu wɔ Ecuador hɔ ara. Ná adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ nnɔɔso. Yɛrekasa yi, asafo a ɛwɔ hɔ no renya nkɔanim paa.

Bere rekɔ so no, Onua ne Onuawa Rumph bɛyɛɛ akwampaefo titiriw. Akyiri yi, wɔkɔyɛɛ ɔmansin adwuma no bi. Afe 2011 no, wɔnyaa hokwan kɔɔ Gilead. Ná wɔka adesuakuw a ɛtɔ so 132 no ho. Wɔwiei no, wɔkɔsomee wɔ aman ahorow pii so, na wɔyɛɛ nnwuma ahorow pii nso. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔasom wɔ Betel, ayɛ asɛmpatrɛwfo, na wɔayɛ ɔmansin adwuma no nso bi. Onua Rumph anya hokwan akyerɛ ade wɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu nso.

Esiane COVID-19 nsanyare no nti, Onua ne Onuawa Rumph san kɔɔ United States. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Wallkill Betel, na Onua Rumph kogyee ntetee wɔ Ɔsom Dwumadibea. Afei wɔsan de wɔn kɔɔ Ecuador Betel na Onua Rumph kɔkaa Baa Boayikuw a ɛwɔ hɔ no ho. Afe 2023 no, wɔsan de wɔn baa Warwick. January afe 2024 no, wɔpaw Onua Rumph sɛ Ɔsom Boayikuw No Boafo. Sɛ obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛ yɛka sɛ adwuma bi yɛ kama a, ɛnyɛ beae a yɛyɛ no no na ɛma ɛyɛ kama, na mmom wɔn a yɛne wɔn yɛ no na ɛma ɛyɛ kama.”

Adwumaden a saa mmarima yi reyɛ yi, yɛn ani sɔ paa. Nokwasɛm ne sɛ, wɔsom bo ma yɛn.—Filip. 2:29.

Seesei, Akwankyerɛ Kuw no mufo yɛ 11; wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔasra wɔn. Wɔn ne: Kenneth Cook, Jr.; Gage Fleegle; Samuel Herd; Geoffrey Jackson; Jody Jedele; Stephen Lett; Gerrit Lösch; Jacob Rumph; Mark Sanderson; David Splane; ne Jeffrey Winder.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena