ADESUA ASƐM 46
DWOM 17 ‘ Mepɛ na Mɛyɛ’
Yesu—Yɛn Sɔfo Panyin a Ɔwɔ Tema
“Ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no, ɔnyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase.”—HEB. 4:15.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yesu ne Ɔsɔfo Panyin a oye sen biara, efisɛ ɔwɔ tema ne ayamhyehye ma yɛn, na obetumi aboa yɛn wɔ akwan pii so nnɛ.
1-2. (a) Adɛn nti na Yehowa somaa ne Ba no baa asaase so? (b) Ɛdɛn na adesua yi bɛka ho asɛm? (Hebrifo 5:7-9)
BƐYƐ mfe 2,000 a atwam ni, Yehowa Nyankopɔn somaa ne Ba a ɔsom bo ma no paa no baa asaase so. Adɛn nti na ɔma ɔbaa asaase so? Nneɛma a ɛmaa Onyankopɔn somaa Yesu baa asaase so no, ebi ne sɛ ommegye nnipa mfi bɔne ne owu mu, na ɔnhwɛ nsiesie ɔhaw a Satan de aba wiase no nyinaa. (Yoh. 3:16; 1 Yoh. 3:8) Ná Yehowa nim nso sɛ, sɛ Yesu bɛyɛ onipa na ɔtena asaase so a, ɛbɛboa no ama wabɛyɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ tema, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na ɔwɔ ayamhyehye kɛse. Yesu bɔɔ asu afe 29, saa bere no na ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin.a
2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea asaase so a Yesu bɛtenae no boaa no ma ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ tema paa. Ehia sɛ yɛte nea ɛmaa Yesu bɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin a ‘owie pɛyɛ’ no ase yiye, efisɛ sɛ yɛte ase yiye a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi abɔ Yehowa mpae na yɛabɛn no, titiriw bere a yɛayɛ bɔne, anaa yɛadi mfomso no.—Kenkan Hebrifo 5:7-9.
ONYANKOPƆN DƆBA NO BAA ASAASE SO
3-4. Ɛdɛn na Yesu gyaw hɔ wɔ soro baa asaase so, na asetena bɛn na ɔbaa mu wɔ asaase so?
3 Yɛn mu pii wɔ hɔ a, nneɛma asesa wɔ yɛn asetena mu pɛn. Ebia na yɛte fie bi mu na na yɛn ani kã hɔ, nanso ɛho behiae sɛ yetu fi hɔ, na yegyaw yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo hɔ. Nsakrae a ɛte saa no, ɛyɛ a ɛnna fam. Nanso, yɛn mu biara nni hɔ a nsakrae akɛse aba n’asetena mu kyɛn Yesu. Bere a Yesu wɔ soro no, ɔno na na ɔyɛ abɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa panyin. Ná Yehowa dɔ no paa, na na n’ani gye bere nyinaa, efisɛ na ɔde anigye som wɔ Onyankopɔn “nifa so,” kyerɛ sɛ, na ɔne Onyankopɔn bom yɛ adwuma. (Dw. 16:11; Mmeb. 8:30) Nanso Filipifo 2:7 ka sɛ, Yesu ‘penee so maa biribiara fii ne nsa,’ kyerɛ sɛ, ogyaw dibea kɛse a na ɔwɔ wɔ soro no hɔ, na ɔne nnipa a bɔne adonnɔn wɔn no bɛtenaa asaase so.
4 Afei nso, momma yɛnhwɛ nsɛm a esisii wɔ Yesu awo mu ne ne mmofraase. Abusua a wɔwoo Yesu toom no, na wɔyɛ ahiafo. Nea ɛma yehu saa ne sɛ, bere a wɔwoo Yesu no, nnomaa nketewa mmienu na n’awofo tumi nyae de kɔbɔɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ. (Lev. 12:8; Luka 2:24) Bere a Ɔhene Herode a ne tirim yɛ den no tee sɛ wɔawo Yesu no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum no. Nea ɛbɛyɛ na Herode rennya Yesu a saa bere no na ɔyɛ abofra no nkum no no, Yesu abusua no tu kɔtenaa obi man so wɔ Egypt kosii bere bi. (Mat. 2:13, 15) Sɛ wode asetena a na Yesu aba mu wɔ asaase so no toto nea na ɔwom wɔ soro no ho a, na ɛyɛ soronko koraa!
5. Ɛdɛn na Yesu behui wɔ asaase so, na sɛn na asaase so a ɔbae no boaa no ma ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin a ɔte nnipa ase paa? (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ohuu nnipa pii a na wɔrehu amane. Ohuu sɛnea sɛ obi dɔfo wu a, ɛyɛ yaw fa. Yebetumi aka sɛ, bere a Yesu wɔ asaase so no, nnipa pii a na onim wɔn wui ma ohui. Yesu papa Yosef a ɔtetee no no sei, bere a owui no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu hui. Yesu san huu nnipa bi a na wɔyare paa, wɔn a na wɔn ani afura, wɔn a na wɔntumi nnantew, ne wɔn a na wɔn mma awuwu. Saa nkurɔfo no, wɔn ho yɛɛ no mmɔbɔ paa. (Mat. 9:2, 6; 15:30; 20:34; Marko 1:40, 41; Luka 7:13) Ɛwom sɛ bere a Yesu wɔ soro no, ohui sɛ nnipa rehu amane de, nanso bere a ɔbɛyɛɛ onipa wɔ asaase so no, sɛnea na nnipa rehu amane no, ɔtee ase yiye paa. (Yes. 53:4) Nea Yesu behui wɔ asaase so no nti, sɛ yɛrehu amane, sɛ yɛn ani tutu ka yɛn nsam, anaa yɛrete yaw wɔ yɛn nipadua mu a, ɛma otumi te yɛn ase yiye paa. Ɔhaw a nnipa nyinaa refa mu no, Yesu nso faa ebi mu. Mmere bi wɔ hɔ a ɔbrɛe, ne ho yeraw no, na odii awerɛhow mpo.
Ná Yesu wɔ tema paa ma nnipa a wɔatwa ne ho ahyia, na na ɔhaw ne ɛyaw a wɔrefa mu no ho asɛm haw no paa (Hwɛ nkyekyɛm 5)
YESU NYAA TEMA MAA NKURƆFO
6. Mfatoho a odiyifo Yesaia de dii dwuma no, dɛn na ɛma yehu fa Yesu ho? (Yesaia 42:3)
6 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, onyaa tema kɛse maa nnipa a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ, ne wɔn a na wɔnni kamafo. Saa a Yesu yɛe no maa nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu baa mu. Sɛ wokan Hebri Kyerɛwnsɛm no a, wubehu sɛ nnipa a wɔdi yiye, na wɔwɔ nipadua mu ahoɔden no, ɛtɔ da a, ɛde wɔn toto turo a wɔgugu so nsu yiye, ne nnua atenten a ase atim ho. (Dw. 92:12; Yes. 61:3; Yer. 31:12) Nanso, ahiafo ne mmɔborɔwafo de, ɛde wɔn toto demmire a abukaw ne ntamaban a ɛrefi wusiw ho. Demmire a abukaw ne ntamaban a ɛrefi wusiw de, wode yɛ hwee a ɛnyɛ yiye. (Kenkan Yesaia 42:3.) Onyankopɔn maa odiyifo Yesaia de demmire a abukaw ne ntamaban a ɛrefi wusiw yɛɛ mfatoho. Ɔde kyerɛe sɛ, nnipa a nkurɔfo mmu wɔn na wɔmfa wɔn nyɛ hwee no, Yesu de, ɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, na wanya tema ama wɔn.
7-8. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛmaa Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu?
7 Odiyifo Yesaia kyerɛwee wɔ Yesaia 42:3 sɛ: “[Yesu remmu] demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban a ɛrefi wusiw biara.” Asɛmpa kyerɛwfo Mateo ma yehu sɛ, Yesu maa Yesaia nkɔmhyɛ yi baa mu. (Mat. 12:20) Anwanwade a Yesu yɛe no, ebi wɔ hɔ a, ɔyɛ de boaa mmɔborɔwafo a na wɔte sɛ demmire a abukaw, ne nnipa a wɔnni anidaso a na wɔte sɛ ntamaban a ɛrefi wusiw a na ɛrebedum. Nkurɔfo a Yesu boaa wɔn no, baako ne ɔbarima bi a na kwata ayɛ ne ho nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no nni anidaso biara sɛ bere bi bɛba ama wanya ayaresa, anaa ɔne n’abusuafo ne ne nnamfo abom agye wɔn ani. (Luka 5:12, 13) Bere bi nso, Yesu hyiaa ɔbarima bi a na n’aso asiw a na ontumi nkasa yiye. Wo de, fa no sɛ wo ne saa ɔbarima no. Wutumi hu sɛ nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ serew a wɔn ani agye. Nkɔmmɔ yi a, wonte bi, wo nso a wuntumi nka bi. Anka wobɛte nka sɛn? (Marko 7:32, 33) Sɛ na ɔbarima no haw nyinaa no no a, anka ɔbɛfa no saa ara.
8 Yesu bere so no, na Yudafo pii gye di sɛ, sɛ obi yare anaa wadi dɛm bi a, ɛyɛ bɔne a ɔno anaa n’awofo ayɛ ho asotwe nti na ama aba saa. (Yoh. 9:2) Saa gyidi a enni nnyinaso yi nti, na nkurɔfo taa yɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔadi dɛm no basabasa. Enti, na wɔn a nkurɔfo teetee wɔn saa no di yaw paa. Yesu maa Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu; ɔsaa saa nkurɔfo no yare, na ɔboaa wɔn ma wɔbehui sɛ Onyankopɔn dwen wɔn ho. Ɛnde, awerɛhyem bɛn na saa asɛm yi ma yenya?
9. Sɛn na Hebrifo 4:15, 16 ma yehu sɛ yɛn sɔfo Panyin Yesu a ɔwɔ soro no te yɛn ase?
9 Kenkan Hebrifo 4:15, 16. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu benya tema ama yɛn bere nyinaa. Yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛn? Onipa a ɔwɔ tema no, sɛ ohu sɛ ne yɔnko nipa rehu amane na ɔredi awerɛhow a, ɛhaw no paa. Greek asɛm a yɛakyerɛ ase ‘Yesu te yɛn mmerɛwyɛ ase’ no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛn asɛm yɛ no mmɔbɔ, anaa yɛn sũ yɛ ne sũ, na yɛn haw nso yɛ ne haw. (Hwɛ Hebrifo 10:34 nso.) Sɛ yɛhwɛ anwanwade a Yesu yɛe a, ɛma yehu sɛ nkurɔfo a na wɔrefa yaw mu no, na wɔn asɛm yɛ Yesu mmɔbɔ paa, na ne yam hyehyee no maa wɔn. Nkurɔfo a Yesu saa wɔn yare no, na ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ ɔsa wɔn yare ara kɛkɛ nti na ɔsaa wɔn yare. Mmom yebetumi aka sɛ, na odwen wɔn ho paa, na na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Yɛnhwɛ bere a Yesu saa ɔkwatani bi yare sei. Anka Yesu betumi agyina akyirikyiri baabi asa no yare, nanso Yesu bɛn ɔbarima no, na ɔde ne nsa kaa no saa no yare. Wohwɛ mu a, ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima no yare no nti, na mfe pii atwam a na obiara mfaa ne nsa nsoo ne mu da! Afei nso, bere bi a na Yesu pɛ sɛ ɔsa ɔbarima bi a n’aso asiw yare no, ɔde ɔbarima no fii nnipadɔm a na wɔreyɛ gyegyeegye no mu kɔɔ nkyɛn baabi a ɛhɔ yɛ dinn kɔsaa no yare. Saa a Yesu yɛe no kyerɛ sɛ, na ɔwɔ tema paa. Bere bi nso de, ɔbea bi de ne nisu fɔw Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popae. Farisini bi hui no, ɔkasa tiaa ɔbea no, nanso Yesu gyinaa ɔbea no akyi kaa bi maa no, na otwiw Farisini no anim. (Mat. 8:3; Marko 7:33; Luka 7:44) Nkurɔfo a na wɔyare ne wɔn a na wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru no, Yesu anyi wɔn towkyene da. Mmom, ɔfrɛɛ saa nkurɔfo no sɛ wɔmmra ne nkyɛn, na ɔma wɔhui sɛ ɔdɔ wɔn. Sɛnea Yesu nyaa tema maa nkurɔfo bere a na ɔwɔ asaase so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, yɛn nso ɔwɔ tema ma yɛn.
NEA YEBETUMI AYƐ DE ASUASUA YƐN SƆFO PANYIN NO NNƐ
10. Ɛnnɛ, ɛdɛn na yebetumi de aboa wɔn a wɔyɛ mum ne wɔn a wɔn ani afura no ama wɔatumi asua Yehowa ho ade? (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua no na yɛada ɔdɔ adi akyerɛ nkurɔfo, na yɛanya tema ne ayamhyehye ama wɔn. (1 Pet. 2:21; 3:8) Ɛwom sɛ yɛrentumi nyɛ anwanwade mfa nsa wɔn a wɔyɛ mum ne wɔn a wɔn ani afura yare, nanso yebetumi aboa wɔn ama wɔasua Yehowa ho ade, na wɔabɛn no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnnɛ yɛwɔ Bible ho nhoma wɔ mum kasa bɛboro 100 mu. Wɔn a wɔn ani nhu ade papa nso, yɛde anifuraefo nkyerɛwee ayɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 60 mu ama wɔn. Afei nso, wɔ kasa bɛboro 100 mu no, yɛyɛ video a yɛde nkyerɛkyerɛmu aka ho, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɛrekɔ so wɔ video no mu no, wɔn a wɔn ani nhu ade papa no bɛte ase. Yɛyɛ weinom nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn a wɔyɛ mum ne wɔn a wɔn ani afura no ama wɔabɛn Yehowa ne ne Ba no.
Yɛayɛ Bible ho nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu
Benkum: Yɛayɛ nhoma wɔ mum kasa bɛboro 100 mu
Nifa: Yɛde anifuraefo nkyerɛwee ayɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 60 mu
(Hwɛ nkyekyɛm 10)
11. Ɛdɛn na Yehowa asafo no ayɛ de asuasua tema a Yesu wɔ ma nnipa ahorow nyinaa no? (Asomafo Nnwuma 2:5-7, 33) (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Yehowa asafo no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa nnipa ahorow nyinaa ama wɔabɛn Yehowa. Sɛ yɛbɛkae a, bere a Yehowa nyan Yesu fii awufo mu no, Yesu hwiee honhom kronkron guu n’asuafo no so. Yesu yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a n’asuafo no betumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a na wɔahyiam wɔ Pentekoste afahyɛ no ase nyinaa wɔ wɔn ‘ara kasa’ mu. (Kenkan Asomafo Nnwuma 2:5-7, 33.) Ɛnnɛ, wɔ Yesu akwankyerɛ ase no, Yehowa asafo no ayɛ Bible ho nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu. Kasa no bi wɔ hɔ a, nnipa kakraa bi na wɔka. Nhwɛso bi ni. Nnipa a wɔte North America ne South America no bi ka Amerindiafo kasa. Saa kasa horow no, ebi wɔ hɔ a nnipa a wɔka no nnɔɔso koraa. Nanso, Yehowa asafo no ayɛ Bible ho nhoma wɔ saa Amerindiafo kasa ahorow no bɛboro 160 mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii a wɔka saa kasa no bɛte asɛmpa no. Asafo no ayɛ nhoma wɔ Romany kasa bɛboro 20 mu nso. Wei nti, nnipa mpempem pii a wɔka saa kasa ahorow no afi ase resom Yehowa.
Benkum: Yɛayɛ nhoma wɔ Amerindiafo kasa bɛboro 160 mu
Benkum: Yɛayɛ nhoma wɔ Romany kasa bɛboro 20 mu
(Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Ɛdɛn bio na Yehowa asafo no yɛ ma nkurɔfo nnɛ?
12 Saa nneɛma a Yehowa asafo no yɛ de boa nkurɔfo ma wɔte asɛmpa no da nkyɛn a, asafo no san boa wɔn a wɔte mmeae a atoyerɛnkyɛm asisi no nso. Yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii atu wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom a wɔn ho akyere wɔn no. Afei nso, Yehowa asafo no boa ma yesisi adan a yebetumi ahyiam wɔ hɔ asua Onyankopɔn ho ade.
YƐN SƆFO PANYIN NO BETUMI ABOA WO
13. Akwan a Yesu fa so boa yɛn no, ebi ne sɛn?
13 Yesu ne yɛn guanhwɛfo pa no, enti biribiara a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi abɛn Yehowa no, Yesu hwɛ ma yɛn nsa ka. (Yoh. 10:14; Efe. 4:7) Ɛtɔ da a, yɛn abam betumi abu ara ma yɛate nka sɛ yɛayɛ sɛ demmire a abukaw, anaa ntamaban a ɛrefi wusiw. Yare bi a emu yɛ den paa betumi abɔ yɛn, yebetumi adi mfomso, anaa yɛne yɛn nua Kristoni bi ntam betumi asɛe. Nneɛma a ɛte saa tumi ma yɛn abam bu paa. Ɛba saa a, amanehunu a yɛrefa mu no, ebetumi agye yɛn adwene ara ma daakye ho anidaso a yɛwɔ no, ɛbɛyɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi so. Nanso, kae sɛ, amanehunu a worefa mu no, Yesu ahu, na onim ɛyaw ne awerɛhow a woredi no nyinaa. Yesu pɛ sɛ ɔboa wo, efisɛ wo sũ yɛ ne sũ, na wo haw nso yɛ ne haw. Nea Yesu betumi ayɛ de aboa wo no, ebi ne sɛ, sɛ ohu sɛ nea worefa mu no nti, wugye wo ho a ennye a, obetumi ama honhom kronkron abɛhyɛ wo den. (Yoh. 16:7; Tito 3:6) Afei nso, Yesu betumi ama ‘nnipa a ɔde wɔn ayɛ akyɛde,’ kyerɛ sɛ, asafo mu mpanyimfo ne wo nuanom Kristofo abɛhyɛ wo nkuran, wɔataa w’akyi, na wɔaboa wo.—Efe. 4:8.
14. Sɛ yɛn abam bu a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ?
14 Sɛ w’abam bu a, kae sɛ, Yesu ne yɛn Sɔfo Panyin. Enti dwinnwen nea obetumi ayɛ de aboa wo no ho kɔ akyiri. Kae nso sɛ, Yehowa somaa Yesu baa asaase so sɛ ommewu nnye yɛn nkwa. Afei nso, ɔsomaa no sɛ ɔne yɛn mmɛtena sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhaw a nnipa a bɔne wɔ yɛn ho refa mu no, ɔbɛte ase yiye. Sɛ yɛn bɔne anaa yɛn mmerɛwyɛ nti yɛn abam bu a, Yesu ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn wɔ “bere a ɛsɛ mu,” na ɔbɛyɛ nso.—Heb. 4:15, 16.
15. Kyerɛ nea ɛboaa onua bi a ogyaee Yehowa som ma ɔsan bae.
15 Ade foforo nso a Yesu yɛ ne sɛ, wɔn a wɔagyae Yehowa som no, ɔkyerɛ ne nkurɔfo kwan ma wɔhwehwɛ wɔn, na wɔboa ma wɔsan ba asafo no mu. (Mat. 18:12, 13) Momma yɛnhwɛ onua bi a ne din de Stefano.b Wɔyii no fii asafo no mu. Mfe 12 akyi no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ adesua. Stefano ka sɛ: “Ná ɛyɛ den ma me paa, nanso na mepɛ sɛ mesan bɛka me nuanom Kristofo ho, na me ne wɔn bom som Yehowa bio. Asafo mu mpanyimfo a wɔne me hyiae no kaa me koma too me yam. Ne nyinaa akyi no, ɛtɔ da a na mete nka sɛ Yehowa remfa me nyɛ hwee bio, enti minnyae mpɛ me baabi ntena. Nanso, asafo mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ me sɛ, Yehowa ne Yesu mpɛ sɛ mede ahwɛase yɛ nna. Bere a wɔsan gyee me baa asafo no mu no, asafo mũ no nyinaa gyee me ne m’abusua fɛw so. Me yere maa anuanom ne no suaa Bible, na ɛnnɛ, yɛn abusua no nyinaa abom resom Yehowa.” Yɛn sɔfo Panyin Yesu dɔ yɛn paa. Enti sɛ ohu sɛ asafo mũ no nyinaa reboa wɔn a wɔanu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho ama wɔasan aba asafo no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ, n’ani gye paa!
16. Adɛn nti na w’ani sɔ sɛ yɛwɔ Ɔsɔfo Panyin a ɔte yɛn ase?
16 Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔboaa nnipa bebree wɔ bere a ɛsɛ mu. Ɛnnɛ, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, bere biara a yehia mmoa no, ɔbɛboa yɛn. Wiase foforo a ɛbɛba nnansa yi ara no mu no, Yesu bɛboa nnipa a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na obeyi ɔhaw a bɔne ne sintɔ de aba nnipa so no nyinaa afi hɔ. Yehowa, yɛn Nyankopɔn no dɔ yɛn paa! Ɛno nti na wayi ne Ba a ɔte yɛn ase no sɛ ɔnyɛ yɛn Sɔfo Panyin no. Yɛn ani sɔ paa sɛ Yehowa ayɛ saa ama yɛn!
DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo
a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu bɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin na obesii Yudafo asɔfo mpanyin no ananmu a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Hokwan a Woanya De Resom Wɔ Yehowa Honhom Fam Asɔrefie No, Ma W’ani Nsɔ.” Ɛwɔ October 2023 Ɔwɛn-Aban mu, kr. 26, nky. 7-9.
b Wɔasesa din no.