‘Munkura Baakoyɛ a Honhom No Ama Moanya No Mu’
KRISTOFO a na ɛwɔ Efeso no, ɔsomafo Paul hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔn mu biara ne ne yɔnko ntena wɔ ɔdɔ mu, na wɔnyere wɔn ho denneennen nkura baakoyɛ a honhom no ama wɔanya no mu, na wɔntena asomdwoe a aka wɔn abom no mu.’—Efe. 4:2, 3.
Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ, “baakoyɛ” a ɛwɔ yɛn ntam no, ‘honhom no na ama yɛanya.’ Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom anaa tumi a ɔde yɛ ade no na ama yɛatumi ayɛ baako. Nanso wohwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛpɛ yɛn baabi tena ka sɛ honhom no ara de baakoyɛ no bɛba anaa? Daabi. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ ne fam de. Sɛnea Paul kae no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘kura baakoyɛ a honhom no ama yɛanya no mu’ na ansɛe.
Wo de, fa no sɛ obi akyɛ wo kar mono bi. Wohwɛ a, hena na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kar no yiye na ansɛe? Ɛnyɛ wo ara? Enti sɛ kar no sɛe a, wubetumi de ahyɛ nea ɔde kyɛɛ wo no sɛ ɔno na wanhwɛ so yiye?
Yɛn nso, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no, ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, nanso ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ ɔboa ma ɛkɔ so tena yɛn ntam. Enti sɛ yɛne yɛn nua bi wɔ asɛm a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Merebɔ mmɔden sɛ me ne no besiesie yɛn ntam na ama asomdwoe akɔ so atena asafo no mu anaa?’
‘MONYERE MO HO DENNEENNEN’ MMA BAAKOYƐ NTENA MO NTAM
Sɛnea Paul kae no, ɛtɔ da a, ebehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛakɔ so akura baakoyɛ a honhom no ama yɛanya no mu, ɛnkanka bere a yɛn nua bi afom yɛn no. Ɛnde yemmisa sɛ, biribiara a obi de bɛyɛ yɛn biara na ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn ne no kɔka ho asɛm anaa? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛho behia sɛ yɛyɛ saa. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Me ne no rekɔka ho asɛm yi, ɛde asomdwoe bɛba, anaa anhwɛ a ɛno koraa na ɛbɛsɛe asɛm no?’ Ɛtɔ da a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebebu yɛn ani agu so na yɛde akyɛ.—Mmeb. 19:11; Mar. 11:25.
Bisa wo ho sɛ, ‘Me ne no rekɔka ho asɛm yi, ɛde asomdwoe bɛba, anaa anhwɛ a ɛno koraa na ɛbɛsɛe asɛm no?’
Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ obiara nkɔ so “ne ne yɔnko ntena wɔ ɔdɔ mu.” (Efe. 4:2) Nhoma bi ka sɛ, yebetumi akyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “sɛnea wɔte biara, yɛmfa wɔn saa ara.” Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ yɛn nuanom yɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho te sɛ yɛn ara. Ɛwom, yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ “suban foforo” no. (Efe. 4:23, 24) Nanso yɛn mu biara nni hɔ a obetumi aka sɛ wahyɛ suban foforo no awie. (Rom. 3:23) Sɛ yegye saa nokwasɛm yi tom a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne yɛn nuanom bɛtena na yɛde wɔn mfomso akyɛ wɔn. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakura baakoyɛ a honhom no ama yɛanya no mu.’
Sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne na yefi yɛn komam de kyɛ wɔn a, ɛbɛma asomdwoe ne nkabom aba yɛn ntam. Sɛ yɛhwɛ Efesofo 4:3 a, Greek asɛmfua a yɛakyerɛ ase “aka mo abom” no, saa asɛmfua koro no ara bi wɔ Kolosefo 2:19, na ɛno de yɛakyerɛ ase “ntini.” Ntini a ɛwɔ nipadua no mu no, ɛka nnompe bom. Yɛn nso, asomdwoe ne ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no, ɛka yɛn bom denneennen, na sɛ ɛwom ara na wɔyɛ biribi a yɛmpɛ mpo a, ɛnsɛe yɛne wɔn ntam.
Enti sɛ wo nua Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ wo yaw anaa ɔhyɛ wo abufuw a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a ɔyɛɛ saa no ase, na nya ne ho abotare. (Kol. 3:12) Yɛakɔyɛ nnipa yi de, ebia wo nso woayɛ biribi anaa woaka asɛm bi ma ahaw obi pɛn. Sɛ yɛma saa asɛm yi tena yɛn adwenem a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn mu biara ayɛ ne fam de, na yɛatumi ‘akura baakoyɛ a honhom no ama yɛanya no mu.’