Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Daniel Ho?
Nea Bible ka
Bɛyɛ mfe 700 ansa na wɔrewo Yesu no, na Daniel yɛ odiyifo mmɔdenbɔfo a ɔwɔ Yuda. Onyankopɔn maa no tumi a na ɔtumi de kyerɛ dae ase. Afei nso ɔmaa onyaa anisoadehu faa nneɛma a na ebesisi daakye ho. Onyankopɔn san maa Daniel kyerɛw Bible mu nhoma a ne din Daniel da so no.—Daniel 1:17; 2:19.
Na Daniel yɛ onipa bɛn?
Yuda ahemman no mu na Daniel nyinii. Ná ɛyɛ ahemman a n’ahenkurow ne Yerusalem; ɛhɔ na na Yudafo asɔrefie no nso wɔ. Afe 617 ansa na Yesu reba no, Babilon hene Nebukadnesar bɛtow hyɛɛ Yerusalem kurow no so, na ɔde “asaase no so atitiriw” kɔɔ Babilon. (2 Ahene 24:15; Daniel 1:1) Wɔn a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, na Daniel ka ho. Saa bere no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔda so ara yɛ ɔbaabun.
Wɔde Daniel ne mmerante bi kɔɔ Babilon ahemfie sɛ wɔnkɔtete wɔn mma wɔmmɛyɛ adwuma wɔ ahemfie hɔ. Ná Sadrak, Mesak, ne Abednego ka ho. Ɛwom, ahemfie mpanyimfo no hyɛɛ Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no sɛ wɔnyɛ biribi a ɛbɛto wɔn Nyankopɔn mmara, nanso wɔde wɔn nan sii fam dii Yehowa wɔn Nyankopɔn no nokware. (Daniel 1:3-8) Bere a wɔtetee wɔn mfe mmiɛnsa wiei no, Ɔhene Nebukadnesar kamfoo wɔn. Ohui sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhumu “boro akɔmfo ne nkonyaayifo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu no nyinaa de so mpɛn du.” Ɔhene no ma wɔsomee wɔ ahemfie hɔ.—Daniel 1:18-20.
Mfe pii akyi no, ɔhene bi a wɔfrɛ no Belsasar bedii Babilon so. Da bi, nsa bi bɛkyerɛw biribi guu ban ho wɔ n’ahemfie, na na ɛyɛ hu paa, enti ɔfrɛɛ Daniel sɛ ɔmmɛkyerɛ ase. Saa bere no, na Daniel adi bɛyɛ mfe 90. Onyankopɔn boaa Daniel ma ɔtee nkyerɛwee no ase, enti Daniel ma wɔhui sɛ Babilon ahenni no bɛkɔ akodi Media ne Persia Ahemman no nsam. Saa anadwo no ara na Mediafo ne Persiafo bɛko faa Babilon.—Daniel 5:1, 13-31.
Bere a Media ne Persia Ahemman no bedii Babilon so no, wɔmaa Daniel bɛyɛɛ ahemfie panyin. Ɔhene Dario yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma no dibea kɛse paa wɔ ahenni no mu. (Daniel 6:1-3) Ná ahemfie mpanyimfo no bi ani bere Daniel, enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wɔbekum no; wɔmaa wɔde no kɔtoo gyata amena mu, nanso Yehowa twitwa gyee no. (Daniel 6:4-23) Aka kakra ama Daniel awu no, ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn mprenu bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ ɔbarima a wosom bo paa.” Saa asɛm yi kyekyee Daniel werɛ.—Daniel 10:11, 19.
Saa nsɛm yi, yɛayɛ ho video a wubetumi ahwɛ. Ɛyɛ Bible drama a ɛwɔ afã mmienu. Yɛato din: Daniel—Ɔbarima a Na Ɔwɔ Gyidi.