Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 98
  • Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wabɔ Mmɔden Wɔ Sukuu
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?
    Nyan!—1984
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 98
Mmabun bi apɔn sukuu rekɔ fie. Abaayewa baako rehwɛ nea otwaa wɔ sukuu nsɔhwɛ mu, na wutumi hu sɛ ne werɛ ahow ne ho.

MMABUN BISA SƐ

Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?

“Ɛtɔ da a bere a tikya rekyerɛ ade no, wobɛhwɛ na sukuufo no bi de ade ahyehyɛ wɔn aso retie nnwom. Yɛreka yi nso wɔte hɔ saa ara a nhoma biara nna wɔn anim. Na sɛ wɔkyerɛw nsɔhwɛ na wɔantwa nso a, wɔnte ase! Yɛn mu bi nso de, yɛreyɛ nea yebetumi; yɛn ti si nhoma mu saa ara, nanso yɛkyerɛw nsɔhwɛ a ɛnkɔ yiye. Midwen ho ara a, mente ase. Sɛ misi pɛ nnawɔtwe mua sua ade na sɛ mantwa nsɔhwɛ no a, etumi haw me paa.”—Yolanda.

Yolanda asɛm no bi ato wo pɛn anaa? Anokwa, nsɔhwɛ de, wokyerɛw na ankɔ yiye a, ɛyɛ ateetee paa. Sɛ ɛtoatoa so koraa de a, na asɛm no asɛe.

Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔkyerɛw nsɔhwɛ na ɛntaa nkɔ yiye mma wɔn a, wɔnhaw wɔn ho nsua ade pii bio. Ebinom nso gyae sukuu koraa. Ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛyɛ nneɛma mmienu yi mu baako, nanso ɔkwan foforo wɔ hɔ a obi betumi afa so. Yɛnhwɛ nneɛma nnum bi a ebetumi ama obi abɔ mmɔden wɔ nsɔhwɛ mu.

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea wubetumi ayɛ

  • Ntoto sukuu mu. Anhwɛ a obi bɛka sɛ wei de ɛnyɛ asɛm foforo. Nanso ɛyɛ nokwasɛm; wotaa toto sukuu mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wokyerɛw nsɔhwɛ a, wubetwa.

    “Woba me sukuu mu a, yɛwɔ ebinom a nea wobenya wɔ nsɔhwɛ mu biara mfa wɔn ho. Wɔn na wɔtaa toto sukuu mu. Obi yɛ saa a, na ɔreyɛ ɔno ara ne ho.”—Matthew.

    Bible mu afotusɛm: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

  • Wɔrekyerɛ wo ade a, fa w’adwene nyinaa di akyi. Sɛ woantoto sukuu mu a, eye paa, nanso ɛno nko ara nnɔɔso. Sɛ wɔrekyerɛ ade a, fa w’adwene nyinaa di akyi. Tikya rekasa a, ɛyɛ a kyerɛw nsɛm a wohwɛ a ɛbɛboa wo paa no to hɔ. Afei nso bɔ mmɔden sɛ nea tikya rekyerɛ no, wobɛte ase yiye. Sɛ kwan wɔ hɔ a, ɛyɛ a bisa nsɛm.

    “Sɛ tikya rekyerɛ ade a, ɛyɛ a mibisa nsɛm paa. Mabehu sɛ, sɛ tikyani bi hu sɛ sukuuni bi nte nea ɔrekyerɛ no ase yiye a, ɛma ɔkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri.”—Olivia.

    Bible mu afotusɛm: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.”—Luka 8:18.

  • Nwia nsɔhwɛ mu. Obi wia nsɔhwɛ mu a, ɛkyerɛ sɛ wanni nokware. Sukuufo wɔ akwan pii a wɔfa so wia nsɔhwɛ mu. Baako ne sɛ wɔhwɛ obi de so kyerɛw bi. Sɛnea yɛaka dedaw no, obi yɛ saa a ɛkyerɛ sɛ wanni nokware. Afei nso, ɔyɛ saa a, na ɔredi ne ho aborɔ, efisɛ ɛremmoa no mma onsua hwee.

    “Sɛ wonte biribi ase a, nhwɛ nea obi akyerɛw so nkyerɛw bi. Woyɛ saa a, ɛremmoa wo, efisɛ nea ɛbɛba ne sɛ, daa wode wo ho bɛto afoforo so, na worensua sɛ w’ankasa wubedi wo haw ho dwuma.”—Jonathan.

    Bible mu afotusɛm: “Yɛ w’ankasa adwuma yiye. Ɛno na wubenya biribi de ahoahoa wo ara wo ho.”—Galatifo 6:4, Contemporary English Version.

  • Mfa wo homework nni agorɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛyɛ a yɛ wo homework wie ansa na wode biribi agyigye w’ani anaa woayɛ biribi foforo biara.a Woyɛ no saa a, bere a woregye w’ahome anaa wode biribi regyigye w’ani no, homework ho dadwen biara renteetee wo!

    “Meyɛɛ m’adwene sɛ ‘homework’ de, merenni ho agorɔ. Efi saa bere no, mekyerɛw nsɔhwɛ a, na ɛkɔ yiye. Sɛ mifi sukuu bedu fie a, ɛyɛ a na mepɛ sɛ mekɔda kakra anaa mebɔ nnwom tie. Nanso na mebɔ mmɔden sɛ mewie me ‘homework’ ansa na madwudwo me ho.”—Calvin.

    Bible mu afotusɛm: ‘Pɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no.’—Filipifo 1:10.

  • Hwehwɛ mmoa. Mfɛre sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi afoforo hɔ. Kɔ w’awofo nkyɛn kogye afotu. Ka kyerɛ wo tikya sɛ ɔmmoa wo mma wunhu nea woyɛ a ɛbɛma woatwa wo nsɔhwɛ. Wunya obi a ɔbɛkyerɛ wo ade nkakrankakra nso a, ebetumi aboa wo.

    Abaayewa bi te ne dan mu rebɔ sanku.

    Adesua te sɛ nea obi resua sankubɔ. Ɛnna fam, nanso mfaso wɔ so

    “Kɔ wo tikya ankasa hɔ. Ka kyerɛ no sɛ, nea ɔkyerɛ no bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ ɔboa wo ma wote ase yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a wokyerɛw ho nsɔhwɛ a wubetwa. Sɛ tikya no hu sɛ w’ani abere sɛ wubetwa nsɔhwɛ no a, ɛbɛyɛ no fɛ, na ɔbɛboa wo.”—David.

    Bible mu afotusɛm: ‘Agyinatufo dodow mu na asɛm begyina.’—Mmebusɛm 15:22.

Nea w’atipɛnfo ka

Alexandra.

“Sɛ wopɛ sɛ wo sukuu adesua kɔ yiye a, ade baako a ɛsɛ sɛ wokae ne sɛ seesei a wowɔ sukuu no, woanyere wo ho na sɛ ɛpa ho a, ɛno ara ne no. Na sɛnea wobɛbɔ wo ho mmɔden nso na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛbɛkɔ yiye anaa ɛrenkɔ yiye.”—Alexandra.

Elijah.

“Ma wo tikyafo nhu nea wode asi w’ani so. Bere a mewɔ sukuu no, mibisaa me tikyafo sɛ wɔmma minhu nea metumi ayɛ na matwa me nsɔhwɛ. Mema wohui sɛ, sɛ homework anaa dwumadi foforo bi na wɔbɛma mayɛ aka ho mpo a, mɛyɛ.”—Elijah.

Mackenzie.

“Wo ara tu anammɔn kɔhwehwɛ mmoa. Sɛ tikyafo hu sɛ w’ani abere sɛ wubetwa wo nsɔhwɛ a, wɔbɛboa wo.”—Mackenzie.

Ntimu: Mekyerɛw nsɔhwɛ na mintwa a, menyɛ dɛn?

  1. Ntoto sukuu mu.

  2. Wɔrekyerɛ wo ade a, fa w’adwene nyinaa di akyi.

  3. Nwia nsɔhwɛ mu.

  4. Mfa wo homework nni agorɔ.

  5. Hwehwɛ mmoa.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma pɔtee bi a ɛbɛboa ama wo homework akɔ yiye a, hwɛ asɛm a wɔato din “Mmabun Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena