Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 11-14
  • Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wohu Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ
  • ‘Wɔbɛsɔ Yɛn Ahwɛ wɔ Eyi Ho?’
  • Mekyerɛw Nsɔhwɛ Na Mintwa a, Menyɛ Dɛn?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wabɔ Mmɔden Wɔ Sukuu
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Dɛn Nti Na Afoforo Mpɛ Sɛ Wosua Ade No?
    Nyan!—1989
  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen Nea Meyɛ Wɔ Sukuu Mu No?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 11-14

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?

EBINOM te nka sɛ wɔn koma bɔ ntɛmntɛm te sɛ kar a ɛretu mmirika. Afoforo nso yɛ te sɛ nea ɛnhaw wɔn. Nanso sɛ wo koma tui kakra oo, sɛ anhaw wo oo, saa da a wobu nea obiara ayɛ ho akontaa no to osuani biara, bere a wɔkyekyɛ sukuu dwumadi ho amanneɛbɔ kratasin no.

Dɛn na ɛma dadwen a ɛte sɛɛ ba? Mmofra pii te nka sɛ wɔn awofo hyɛ wɔn (“sɛ woammɔ mmɔden wɔ akontaabu mu a worenhwɛ TV ɔsram biako!”) ne akyerɛkyerɛfo (“sɛ woammɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu a worempaase.”) . Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ, bere a wobisabisaa sukuufo dodow bi a wɔkɔ mfitiase sukuu sɛ, ‘Dɛn na mohaw mo ho wɔ ho titiriw?’ no, ɔha biara mu 51 kae sɛ “Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ”!

Nea ɛyɛ nwonwa no, akyerɛkyerɛfo binom ka sɛ sukuu adesua mu mmɔdenbɔ betumi de akansi, nhyɛso a emu yɛ den aba, na mpo ebetumi ama anigye a wɔwɔ wɔ adesua ho no ayera. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ sukuufo mpɛ sukuu adesua mu mmɔdenbɔ. Osukuuni biako a ɔkɔ ntoaso sukuu kae mpo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ obi ampaase wɔ sukuu adesua mu. Sɛ nea obi apaw sɛ obesua ho ade wɔ sukuu no yɛ den, na onya 50 a ɛkyerɛ sɛ wammɔ mmɔden a, ɛno kyerɛ sɛ onim mu ɔha biara mu 50 kyɛn bere a ofii ase no.”

Enti ebia wubebisa sɛ, mmɔden a wɔbɔ wɔ adesua mu no fata dadwen a ɛba denam: dwumadi ho amanneɛbɔ kratasin a wokyerɛw araa ma wote nka sɛ wo nsa rebɛtew atɔ no, ne nhoma ahorow a emu nyɛ dɛ a wobekenkan, nsɛm a wɔahyehyɛ a enni awiei a wubesua agu wo tirim, ahosiesie a wɔde ahopere yɛ ma sɔhwɛ a etwa to so no. Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn koraa na ɛho hia wɔ eyi mu?’ ‘So sukuu adesua mu mmɔdenbɔ kyerɛ biribi ankasa?’

Sɛnea Wohu Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ

Sukuu​—sɛ́ wopɛ anaasɛ wompɛ no​—ma wo nsa ka biribi a ɛho hia. Ntoaso sukuu ɔkyerɛkyerɛfo Barbara Mayer ka sɛ: “Na atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma ankorankoro no anya nimdeɛ pii na wɔahu nneɛma ahorow bi yɛ sɛnea ebetumi aboa wɔn ma wɔanya asetra pa a mfaso wɔ so.” Mpɛn pii no ntoaso sukuu yɛ nea ɛkɔ anim ara yiye ma etumi di eyi ho dwuma. Nanso ɔkwan bɛn so na afoforo tumi hu sɛ ebia woatumi anya saa nimdeɛ yi anaasɛ woahu saa nneɛma no yɛ? Mpɛn pii no wohu denam mmɔden a wobɔe wɔ sukuu adesua mu no so. Ebia wobɛkasa atia sɛ, ‘Saa nye!’ Nanso ɛtaa yɛ asetra mu nokwasɛm a ɛyɛ den. Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛm bi a epuei wɔ Wall Street Journal mu mu no, wotuu adwumawuranom fo sɛ ‘wɔnhwehwɛ obi a ɔhwehwɛ adwuma sukuu kyerɛwtohɔ mu yiye.’ Asɛm no toaa so sɛ, “ɛno ne ade a eye sen biara a wubegyina so de ahu sɛnea ɔbɛba adwuma, su horow a obeyi no adi wɔ adwuma no ho ne su horow a n’ankasa wɔ no.”

Enti ɛyɛ ntease pa nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu no. Salomo kyerɛwee sɛ, “sika wɔ hɔ mã ahobammɔ.” (Ɔsɛnkafo 7:12, NW) Na sɛ woanhu mfitiase nneɛma a wɔkyerɛɛ wo wɔ sukuu no a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubenya sika​—na me ne sɛ wode bi besie, anaasɛ wubedi no nyansa mu. Wɔ nhwehwɛmu biako a wɔyɛe nnansa yi mu no, mmofra no kyerɛe sɛ adwuma a ne yɛ yɛ anigye a wobenya no ho hia wɔn yiye sen sɛ wobenya nea n’akatua kɔ anim, nea ɛma obi nya dibea anaasɛ ɛma nnipa bu wo. Mfitiase nneɛma a wɔbɛkyerɛ wo a wubehu yɛ no taa ma hokwan a wowɔ sɛ wubenya adwuma ayɛ no yɛ kɛse. Adwumayɛ ho nimdefo, Bernard Anderson kae nnansa yi sɛ: “Wɔ mmofra fam no, ɛsɛ sɛ yɛsan si mfitiase nneɛma ahorow bi a ɛsɛ sɛ wohu yɛ so dua kɛse​—nkitahodi ho nimdeɛ, akontaabu ho nimdeɛ ne nea ɛkeka ho.” Esiane sɛ mfiridwuma foforo ma wɔtaa tete adwumayɛfo wɔ bere ne bere mu bio nti, ɔde kaa ho sɛ “hokwan no wɔ hɔ ma wɔn a wobetumi atete wɔn ntɛmntɛm no​—nnipa a wɔwɔ mfitiase nimdeɛ a ɛkɔ anim.”

Onyansafo Ɔhene Salomo kyerɛ sɛ asetra wɔ atirimpɔw a ɛkɔ akyiri sen adwuma a obi benya ayɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Ade a obi tumi kenkan no yiye ne sɛnea otumi kyerɛ n’adwene wɔ biribi ho ma emu da hɔ yiye no yɛ nneɛma a ɛsom bo ma abofra a ɔpɛ sɛ ‘ɔsom Onyankopɔn na odi ne mmara nsɛm so.’ Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberantewa Timoteo sɛ ‘ɔmmata akenkan ho’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. (1 Timoteo 4:13) Ɛwom sɛ wobuu asomafo Petro ne Yohane sɛ “wonsuaa nhoma da,” esiane sɛ wɔankɔ sukuu a ɛkɔ anim nti de, nanso wotumi de nyansa a emu dɔ kyerɛw Bible no fã bi!​—Asomafo no Nnwuma 4:13.

Nanso so sukuu adesua mu mmɔdenbɔ ne nea wonya wɔ sɔhwɛ mu no boa ankasa ma wunya saa nyansa yi? Ebetumi. Yesu Kristo ankasa sɔɔ n’asuafo no ntease a wɔwɔ wɔ nsɛm bi ho no hwɛe mpɛn pii. (Luka 9:18) Nanso, ɛtaa yɛ den ma akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wobetumi ahu sɛnea wɔn sukuuni biara te; efisɛ sukuu adan taa yɛ akɛse. Enti sɔhwɛ ne mmɔden a sukuuni biara bɔ no ma akyerɛkyerɛfo no tumi kyerɛ sukuuni biara nea ɛsɛ sɛ ohu. Wo, sɛ́ sukuuni no nya mfaso fi mu.

Measurement and Evaluation in the Schools nhoma no kɔ so ka sɛ: “Sɔhwɛ ahorow a wɔyɛ no yiye a egyina nea wɔkyerɛ wɔ sukuu dan mu so no betumi ama sukuuni no adesua akɔ anim denam boa a ɛbɛboa ma abɛyɛ ne su sɛ obesua ade na atwe n’adwene asi nneɛma a ɔhwehwɛ afi adesua mu no so. Nea efi sɔhwɛ mu ba no betumi akyerɛ nea obi bɔ mmɔden wom ne nea ɔyɛ mmerɛw wom, na ɛbɛyɛ nneɛma a wobegyina so akanyan no ma wasua ade daakye.” Nokwarem no, wɔ mmɔdenbɔ wɔ sukuu adesua mu no ma w’awofo hu nea woreyɛ wɔ sukuu mu no ho biribi​—sɛ worebɔ mmɔden anaasɛ wommɔ mmɔden.

Nanso, ɛho hia sɛ wunya adwene a ɛkari pɛ wɔ sukuu adesua mu mmɔdenbɔ ho, anyɛ saa a nsɛnnennen betumi asɔre.

‘Wɔbɛsɔ Yɛn Ahwɛ wɔ Eyi Ho?’

Ntoaso sukuuni bi a wɔfrɛ no Steven kae sɛ: “Mete nka sɛ migyina faako a wɔhyehyɛ mfiri a wɔrekyerɛkyerɛ me sɛnea wɔyɛ mfiri nanso minni bere a ɛbɛma matumi ate biribi ase.” Yiw, sukuu adesua mu mmɔdenbɔ a wubesusuw ho pii no betumi ama sukuu ayɛ te sɛ adwumayɛbea asen faako a wosua ade.

Sukuu adesua mu mmɔdenbɔ a wosi so dua pii no betumi ama akameakame aba sukuufo ntam mpo. Sɛ nhwɛso no wɔ mmeae horow bi no wɔkyekyɛ sukuufo no mu sɛnea wɔn mmɔdenbɔ te. Mmofra kakraa bi pɛ na wɔpɛ ankasa sɛ wɔde wɔn bɛka kuw a wɔn mmɔdenbɔ yɛ “nyaa” anaasɛ “ɛba fam koraa” no ho. Enti, sukuu adesua mu mmɔdenbɔ betumi de akansi a emu yɛ den aba. Eyi yɛ nokware titiriw wɔ bere a wɔakyerɛkyerɛ sukuufo no​—na wɔagye​—anansesɛm a ɛne sɛ wusua ade kɔ “anim” a ɛde anigye bɛbrɛ wo no adi no. Nhoma biako a ɛka mmerantebere ho asɛm no akyerɛwfo ka sɛ “esiane sɛ ɛyɛ den sɛ wobenya kwan wɔ kolege mu wɔ mmeae horow pii nti,” ebetumi ama sukuufo no “asi sukuu adesua mu mmɔdenbɔ ne dibea wɔ adesua kuw no mu ho akane sen sɛ anka wobesua ade.” Sɛnea tebea no te wɔ Japan (faako a wosi kolege kɔ so dua kɛse no) kyerɛ sɛnea adesua abɛyɛ biribi a wosi mu akane. Ɛhɔ no ɛsɛ sɛ wopaase wɔ sɔhwɛ bi mu ansa na woanya kwan akɔ mmotafowa sukuu (kindergarten) !

Ebinom di saa tebea yi ho dwuma denam yɛ a wɔba bɛyɛ wɔn a wɔyɛ sɔhwɛ mmom sen sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wosua ade no so. Ɔbenfo William Glasser ka sɛ: “Mmofra sua ade ntɛm wɔ sukuu mu de bisa nea wɔbɛyɛ ho sɔhwɛ na . . . wosua ɛno nkutoo ho ade.” Mary Susan a wakyerɛ ade akyɛ no ka saa ara wɔ ne nhoma Childstress! no mu sɛ: “Makyerɛ . . . sukuufo a wogye akyinnye yiye wɔ akontaa a mede ma wɔn sɛ wommu ho, sɛ́ ɛyɛ nea wɔde keka ho anaasɛ woyi fi mu, ne dodow a wonya fi sɔhwɛ no mu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkasa atia nea meka fa mmɔden a wɔbɔ wɔ adesua mu no ho no ade. Nea wobenya afi sɔhwɛ no mu no ne wɔn botae na ɛnyɛ nea wobesua. Wɔne sukuufo a wɔka nsɛm de twa adesua a adesua kuw no reyɛ no mu bere nyinaa, ɛmfa ho sɛ adesua no yɛ anigye dɛn ara, sɛnea ɛbɛyɛ a wobebisa sɛ ‘So ɛsɛ sɛ yehu eyi esiane sɔhwɛ no nti?’”

Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma “saa akansi” yi sum wo afiri? Salomo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Enti ada adi sɛ akansi a emu yɛ den a wɔde hwehwɛ honam fam nneɛma anaasɛ nhomasua mu abodin ahorow yɛ nea mfaso nni so. Mmofra a wosuro Onyankopɔn hu hia a ɛho hia sɛ wosua ade wɔ sukuu mu no. Nanso wonim nso sɛ honhom mu nneɛma a wɔde bedi kan wɔ wɔn asetra mu ne wɔn ho a wɔde bɛto Onyankopɔn so sɛ onni wɔn honam fam ahiade ho dwuma mma wɔn no na ɛde anigye ba.​—Mateo 6:33.

Ɛnde, ɛyɛ nokware sɛ sukuu adesua mu mmɔdenbɔ de nhyɛso ne ɔhaw ahorow ba. Sɛnea Barbara Mayer kae wɔ The High School Survival Guide mu no: “Bere a wobu sukuu adesua mu mmɔdenbɔ sɛ ɛho hia kɛse no, bere koro no ara na ɛde nsɛm a emu yɛ den ba.” Enti bere a ebia sukuu adesua mu mmɔdenbɔ yɛ nea ɛho hia no, ɛno nyɛ ade a ɛsen biara wɔ asetra mu. Enti hu bo a adesua mu mmɔdenbɔ som no​—anyɛ yiye koraa no ɛyɛ ɔkwan a wonam so hu nkɔanim a wurenya wɔ nhomasua mu. Sɛnea Les a wadu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ntoaso sukuu, ka no: “Mepɛ sɛ mebɔ mmɔden yiye wɔ sukuu adesua mu. Nanso ɛnyɛ ade a midwen ho titiriw wɔ m’asetra mu.”

[Box on page 14]

“Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɔkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.”​—Mateo 6:30-34.

[Kratafa 12 mfoni]

So sukuu adesua mu mmɔdenbɔ pa fata nnɔnhwerew a wode di ho dwuma ne nea wode sua ho ade no?

[Kratafa 13 mfoni]

Adwumawuranom hwehwɛ mmerante ne mmabaa a wɔahu nneɛma ahorow a wɔkyerɛɛ wɔn wɔ sukuu no yɛ yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena