Mmofra Bisa Sɛ. . . .
Dɛn Nti Na Afoforo Mpɛ Sɛ Wosua Ade No?
NÁ JOAN yɛ ade wɔ sukuu mu bere nyinaa. Na n’ani gye adesua ho na ɔde ne ho ne hyɛɛ sukuu dan mu adesua mu kɛse. Nanso bere a Joan abusua no tu kɔtraa baabi foforo no, ɔfaa nnamfo afoforo a wɔmpɛ akenkan ne sukuu adwuma
Joan se: “Na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wobetumi afa nhomasua no mu saa ara a wɔrenhwɛ nhoma mu da no hoahoa wɔn no. Wogoruu mmofra a wosua ade na wonya mma a eye no ho.” Bere a Joan te nhyɛso a ɛbɛma wayɛ bi nka no, ɔmaa ne sukuu adwuma sɛee. Ogye tom sɛ: “Na mempɛ sɛ wɔn mu bi besusuw sɛ merebɔ mmɔden asen wɔn. Saa bere no, me mu tɔnn no, na minim sɛ merepira me ho, nanso na misuro pii sɛ mɛhwere wɔn ayɔnkofa.”
Saa asɛm yi a wɔde baa’Teen nsɛmma nhoma a ɛbae August 1983 mu no mu no nyɛ soronko ɔkwan biara so. Europani abeawa bi a wɔfrɛ no Ana Paula kae sɛ wobuu ɔno nso abaw mu wɔ adesua ho, nanso na ɛnyɛ ɔkwan a ɛyɛ anifere sɛɛ no so. Ose: “Ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔmpɛ sɛ wosua ade no ka wɔn ho boa ano na wɔsɔre tia obiara a ɔbɛma ɔkyerɛkyerɛfo no nsemmisa ho mmuae wɔ sukuu dan mu no, wohunahuna anaasɛ wɔbobɔ sukuuni pa no sɛ ɔreyɛ ade a ɛteɛ no.” Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde nitan no tia sukuufo. Ana Paula toa so sɛ: “Da bi abeawa bi de twɛre bɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no ankasa wɔ sukuufo no nyinaa anim.”
Sukuu Ahorow a Ɛyɛ Den sɛ Wobesua Ade Wom
Kenneth A. Erickson ka “sukuufo a wɔpow sɛ wɔbɛyɛ adwuma, wɔka kasafi anaasɛ wɔyeyaw, wɔde honam fam opira hunahuna wɔn atipɛnfo, wɔbɔ ogya ho amanneɛ a ɛnyɛ nokware, wɔde akode sie wɔn ho, wɔfrɛ telefon so ka ɔtopae ahunahuna ho asɛm, na wotua mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa” dodow a ɛyɛ nwonwa ho asɛm wɔ Today’s Education mu. Erickson de ba awiei sɛ: “Sukuufo a wɔyɛ basabasa no ma nhomasua mu tebea a eye ma adesua no bɔ adesuafo dodow no ara. . . . Wɔresɛe sɛnea sukuu ahorow tu mpɔn nnɛ no.”
Ɔkyerɛwfo Vance Packard bɔ amanneɛ saa ara sɛ: “Basabasa a anya nkɔso wɔ baabiara ne nsakrae a wohu no yiye a aba yɛn ɔmanfo sukuu ahorow no mu, titiriw wɔ nkurow akɛse mu sukuu ahorow mu, wɔ mfe 20 a atwam no mu. Akyerɛkyerɛfo pii bɔ amanneɛ sɛ basabasayɛ, asoɔden pii, anaa sukuu dan mu ɔsɔretia yɛ nsɛnnennen. . . . Nea ɛka adesɛe no ho ne sukuufo a wɔtɔn nnubɔne ma wɔn mfɛfo wɔ sukuu akɛse pii mu.” Pii gye di sɛ nnuru a wɔabara, te sɛ marijuana no boa sukuufo a hwee mfa wɔn ho no kɛse.
Nanso, ebia na wo de wopɛ sɛ wunya nea wubetumi biara fi sukuu mu na wuhu sa atipɛnfo a wodi mma a wunya no ho fɛw na wɔyɛ nea wobetumi biara de sɛe sukuu dan mu nsusuwho no atwa wo ho ahyia. So wususuw sɛ, ‘Dɛn nti na wɔmpɛ sɛ wosua ade no?’ Yiw, na adesua ho anibiannaso—nitan mpo—no nso ɛ? So biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ wɔ ho?
Nea ɛnyɛ Sukuu Dan mu Basabasayɛ no Akyi
Mmofra a wonnii mfe 20 atua a wɔtew tia sukuu no yɛ honhom anaasɛ adwene mu su a ɛrekɔ so wɔ wiase no foforo a wɔda no adi ara kwa. (Efesofo 2:2) Enti obu a wɔnkyerɛ mma tumidi biara a abu so kɔ so. Mmofra a wɔwɔ bere a wonnii mfe 20 no mfiase mu hɔ no na saa atuatew honhom yi tumi nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse. Ɔkyerɛkyerɛfo James Marshall se “saa bere yi ba bɛyɛ bere a nitan sɔre prɛko pɛ.” Esiane sɛ ɛte sɛ nea sukuu ahorow no siw mmofra bi ahofadi ho akɔnnɔ a enyin no ano nti, wɔte nka sɛ “wɔn ankasa asetra so tumi abɔ wɔn. Wɔko tia. Ɛnyɛ nwonwa sɛ saa kuw no na wɔwɔ sukuu mu nsɛmmɔnedi te sɛ adesɛe a ɛkɔ soro sen biara no.”—The Devil in the Classroom.
Obi a wayɛ ɔmanfo sukuu ɔfotufo mfe pii no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Efi mfe 11 kosi 13 no, ɛte sɛ nea mmofra pii abobɔ dam ara kwa. Wobetumi ayɛ biribi asan ayɛ bio a wonsusuw ho koraa efisɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wobetumi aso nsusuwii ne nkate ahorow a nipadua mu nsakrae a ɛba ntɛmntɛm no de ba no mu.”
Ɛnde, dɛn nti na sukuu ahorow no nteɛ sukuufo a wɔyɛ basabasa no so ara kwa? Mpɛn pii no eyi ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ. Sɛ nhwɛso no wɔ United States no, asennibea ahorow no apaw sukuufo “hokwan ahorow” ho adwene a emu nna hɔ. Enti sukuu ahorow no de nteɛso ma a wɔde wɔn ho reto asiane mu. Nea efi mu ba ne sɛ sukuu dan mu basabasayɛ kɔ so a obiara mmua.
Nea Ɛrekɔ so wɔ Asetra mu Mprempren
Adesua ho anigye a ɛrekɔ fam no yɛ nea efi ‘wiase su’ a ɛresakra no mu aba. (1 Korintofo 7:31) Esiane awaregu ne mpena mma a ɛrenya nkɔanim no nti, mmofra a wɔn dodow kɔ soro na wɔtete wɔn wɔ ɔwofo-biako afi mu. Bio nso, ɛnanom pii yɛ adwuma. Dɛn na afi saa asetra mu ade a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa yi mu aba? Abenfo pii se ɛne abusua asetra ne nteɛso a abubu agu.
Sɛnea sukuu ɔfotufo foforo ka kyerɛɛ Nyan! no: “Mmusua a mmea na wodi ti pii wɔ hɔ, na mmofra rehu ofie nsɛmmɔnedi a enya nkɔanim na wonya mu osuahu. Nea wobetumi ahwɛ kwan ara ne sɛ saa nneɛma yi benya nkɛntɛnso wɔ sukuu dan mu.” To Save Our Schools, To Save Our Children akyerɛwfo no se: “Wɔka sɛ sukuu ahorow mfa tumidi ne nteɛso mma mmofra a wonni tumidi ne nteɛso biara.” Enti ntease wɔ nea enti a ebia wo mfɛfo sukuufo no pii bɛtew atua atia adwene a ɛne sɛ wɔbɛtra ase komm wɔ adesua bere mu no mu.
Nanso, ebia na nea ɛte sɛ anibiannaso a wo mfɛfo sukuufo no wɔ no fi brɛ a wɔabrɛ dodo ama sukuu! Asɛm bi a epuei wɔ Educational Leadership mu no ka “mmofra a wonnii mfe 20 a wɔyɛ nnwuma ahorow dodow a anya nkɔanim kɛse. . . . Na ɛnyɛ sɛ mmofra a wonnii mfe 20 pii reyɛ adwuma nko na mprempren wɔyɛ adwuma nnɔnhwerew pii” ho asɛm. Afei asɛm no dan adwene kɔ nhwehwɛmu bi a “ehui sɛ adwumayɛ de nea wotumi yɛ wɔ sukuu mu no a ɛso tew ba na ɛtew mmofra a wonnii mfe 20 no ho a wɔde hyem no so” no so.
Dɛn nti na mmofra a wonnii mfe 20 no pii de sukuu akyi adwumayɛ hyɛ wɔn ho brɛ saa? Ɛtɔ mmere bi a ebia na ɛyɛ sikasɛm mu ahokyere nti. Nanso, asɛm no kɔ so ka sɛ: “Mmofra a wonnii mfe 20 pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya nneɛma pii te sɛ wɔn atipɛnfo, na ɛhyɛ wɔn ma wɔkɔyɛ adwuma.” Nanso sɛ nkogudi mma fi mu ba a, ɛyɛ nokwasɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 6:10, NW, no ho nhwɛso: “Sika ho dɔ ne nneɛma a edi dɛm nyinaa ntini.”
Sukuufo a Wɔn Ani Ahaw, Akyerɛkyerɛfo a Wɔma Ani Haw
Nanso, so ebetumi aba sɛ sukuufo ani haw efisɛ wɔn akyerɛkyerɛfo ma ani haw? Nhomasua mu ɔbenfo bi kae sɛ: “Mmofra twe ɔkyerɛkyerɛfo a ɔmmɔ mmɔden no aso ntɛm ara wɔ sukuu dan no mu. Wɔn ho yeraw wɔn na wontumi nyɛ aso, wɔboapa yɛ asoɔden, mpɛn pii no wɔyɛ dede ne basabasa.” Ɔkwan foforo so no, mmofra 160,000 a wonnii mfe 20 mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States no si so dua sɛ “ɔkyerɛkyerɛfo a otumi kanyan anigye no ntaa nnya nteɛso ho asɛnnennen.”
Yegye tom sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔyɛ nnam na wotumi kanyan anigye nnɔɔso. Nanso sɛ yɛbɛka bi nokwarem ama akyerɛkyerɛfo a, ɛsɛ sɛ wɔn mu pii yɛ adwuma wɔ tebea horow a emu yɛ den mu. Nneɛma sohwɛ akwan horow a etwitware adekyerɛ ananmu ama pii ahaw. New York Kurom ɔkyerɛkyerɛfo bi a wahaw nwiinwii kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo bi sɛ: “Nkrataa kyerɛw dɔɔso dodo.” Na ɛwom sɛ “odwumayɛni akatua sɛ no” de, nanso akyerɛkyerɛfo pii te nka sɛ wonntua wɔn wɔn adwuma no ho ka a ɛfata. (1 Timoteo 5:18) Nea ɛka ho no, akyerɛkyerɛfo yɛ nnipa ara kwa. So sukuu dan mu mmofra a wɔreyeram—anaasɛ wɔn ho yɛ hu—nnɔɔso sɛ ɛbɛma obiara anigye ayera?
Ɔkwan biara so, esiane nneɛma pii nti no, sukuu ahorow kum mmofra pii anigye. Enti sɛ w’ani gye adesua ho ampa a, ebia afoforo bebu wo sɛ woatom anaasɛ wo ho yɛ nwonwa. Esiane sɛ “onipa a otumi dwen no, wɔtan no” nti, ebia wobɛte nitan nka afi w’atipɛnfo a wɔnnyɛ ade no hɔ. (Mmebusɛm 14:17, NW) Ebia wobesi wo atwetwe sɛ wusua ade anaasɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe mmɔden a wobɔ sɛ wode w’adwene besi nneɛma so wɔ sukuu dan mu no.
Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛda adi sɛ wurentumi nyɛ pii mfa nsakra wɔn su wɔ adesua ho no. Na wo mma a wobɛma aba fam sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ w’atipɛnfo ani no bedi ntease a enti wowɔ sukuu mu—sɛ worekosua ade—no so! Ɛsɛ sɛ saa hokwan yi som bo ma wo. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi asua ade bere a afoforo mpɛ sɛ wɔyɛ saa no? Ɛno bɛyɛ asɛm bi a ɛbɛba daakye asɛmti.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
“Basabasayɛ a anya nkɔso wɔ baabiara ne nsakrae a wohu no yiye a aba yɛn ɔmanfo sukuu ahorow mu, titiriw wɔ nkurow akɛse mu sukuu ahorow mu, wɔ mfe 20 a atwam no mu. Akyerɛkyerɛfo bɔ amanneɛ sɛ basabasayɛ, asoɔden pii, anaa sukuu dan mu ɔsɔretia a nsɛnnennen.”—“Our Endangered Children” a Vance Packard kyerɛwee.