Dɛn na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow mu Nnɛ?
ASƐMTI bi a ɛbaa New York Kuropɔn atesɛm krataa bi anim nnansa yi ne sɛ: “Yɛn Sukuu Ahorow no Wɔ Ɔhaw Mu: Momfa Polisifo Mmra Seesei Ara.” New York Kuropɔn Nhomasua Bagua no wɔ wɔn ankasa awɛmfo a wɔbɔ sukuu ahorow ho ban—nnipa 3,200—a wɔnantenantew kuropɔn mu sukuu ahorow bɛboro 1,000 no mu. Seesei nnipa pii pɛ sɛ wɔde aban kuropɔn mu polisifo ba sukuu ahorow mu bɛboa ma wɔbɔ ho ban. Wɔn ho hia ankasa?
New York Times mu asɛmti bi kae sɛ: “Amanneɛbɔ Kyerɛ sɛ New York Kuropɔn mu Sukuufo Ɔha Biara mu 20 na Wɔde Akode Hyɛ Wɔn Ho.” Joseph Fernandez a na ɔda New York Kuropɔn sukuu ahorow no ano fi 1990 kosi 1992 no, gye toom sɛ: “Minhuu basabasayɛ a seesei ɛrekɔ so wɔ kuropɔn yi sukuu akɛse mu no so bi da. . . . Bere a mepenee so bɛyɛɛ otitrani wɔ New York wɔ 1990 mu no, mansusuw sɛ tebea no bɛsɛe saa. Ɛnyɛ ade a ɛba bere ne bere mu, ɛyɛ tebea bɔne a ɛkɔ so ankasa.”
Asɛe Akodu He?
Fernandez bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ asram du a edi kan a mede yɛɛ otitrani no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara na wokum sukuu abofra biako—wɔwɔ no sekan wɔ keteke akwan a ɛdeda asase ase so, wɔtow no tuo wɔ sukuu mu anaasɛ mmɔnten ntweaa so . . . Ntoaso sukuu ahorow bi wɔ [awɛmfo a wɔbɔ ho ban] dunum anaa dunsia a wɔhwɛ abrannaa ne adiwo hɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sukuu mu basabasayɛ abu so, na ama ɛho abehia sɛ wɔfa akwan soronko so di ho dwuma. Seesei sukuu ahorow a ɛwɔ Chicago, Los Angeles, Detroit—nkurow akɛse no nyinaa mu—reyɛ ayɛ hu te sɛ ɔsɛe da.
“Sɛnea eyi yɛ aniwude no da adi pefee. Wɔ mfe aduonu a atwam ni mu no, yɛabegye nea na yennye ntom atom: Amerika sukuu ahorow no yɛ akono. Ehu ne ahunahuna afie sen sɛ ɛbɛyɛ mmeae a wosua ade.”
United States sukuu ahorow 245 na ɛwɔ awɛmfo, na wɔ emu 102 mu no, awɛmfo no kurakura akode. Nanso ɛnyɛ wɔn nko na akode wɔ wɔn ho. Sɛnea Michigan Sukuupɔn mu nhwehwɛmu bi kyerɛ no, wobu akontaa sɛ sukuufo a wɔwɔ United States de atuo bɛyɛ 270,000 hyɛ wɔn ho kɔ sukuu da biara, a wɔnkan akode foforo nka ho!
Sɛ anka tebea no bɛyɛ yiye no, afei koraa ne ne kankan. Afiri a ɛkyere dade a wɔde hwehwɛ nkurɔfo ho wɔ sukuu pii mu no ntumi nsiw akode a wɔde bam no ano. Wɔ 1994 ahohoru bere mu no, basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ New York Kuropɔn sukuu ahorow mu ho amanneɛbɔ kɔɔ soro ɔha biara mu nkyem 28 sen n’afe pɛpɛɛpɛ a etwaam no! Phi Delta Kappan ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ho asɛm sɛ: “Sɛnea ɛmmaa saa da no, ‘ntɔkwaw, basabasayɛ, ne basabasayɛfo akuw’ ɛna ‘nea obiara pɛ a ɔyɛ’ na ɛka bom yɛ ɔhaw a ɛsen biara wɔ aban sukuu ahorow mu.”
Sukuu mu basabasayɛ de ɔhaw abrɛ sukuu ahorow wɔ aman pii mu. Wɔ Canada no, asɛmti bi puee Toronto Globe and Mail no mu sɛ: “Sukuu Ahorow Redan Mmeae a Asiane Wɔ.” Na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Melbourne, Australia, daa no adi sɛ mfitiase sukuu mmofra bɛyɛ ɔha biara mu 60 na wɔn awofo de kar kosi wɔn wɔ sukuu mu san kɔfa wɔn esiane suro a wosuro sɛ obi bɛtow ahyɛ wɔn so anaasɛ ɔbɛkyere wɔn nti.
Nanso, basabasayɛ yɛ ɔhaw no fã bi kɛkɛ. Nneɛma foforo rekɔ so wɔ yɛn sukuu ahorow mu a ɛhaw adwene yiye.
Abrabɔ Ho Asɛm
Ɛwom sɛ Bible ka sɛ aguamammɔ—nnipa a wɔnyɛ awarefo a wɔda—yɛ bɔne de, nanso sukuu ahorow nnye saa abrabɔ fam nkyerɛkyerɛ a edi mu no ntom nnɛ. (Efesofo 5:5; 1 Tesalonikafo 4:3-5; Adiyisɛm 22:15) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ka ho bi na tebea a Fernandez kaa ho asɛm saa kwan yi so no aba: “Yɛn mmofra a wonnii mfe aduonu no mu bebree, ɔha biara mu 80, na wɔde wɔn ho hyɛ nna mu.” Wɔ ntoaso sukuu bi a ɛwɔ Chicago no, na sukuufo mmea no mu abiɛsa biara mu biako yem!
Sukuu ahorow bi wɔ nkokoaa sukuu a wɔhwɛ sukuufo mma nketewa wɔ hɔ. Ɛno akyi no, wɔtaa kyekyɛ kɔndɔm de bɔ mmɔden sɛ wobesiw trɛw a AIDS retrɛw ne mpena mma a wɔredɔɔso no ano ma ɛnkosi hwee. Sɛ kɔndɔm a wɔkyekyɛ no nhyɛ sukuufo no nkuran ankasa sɛ wɔmmɔ aguamman a, ɛpene saa a wɔbɛyɛ no so. Ɛdefa abrabɔ ho no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ sukuufo nya?
Obi a wakyerɛ ade wɔ sukuupɔn mu akyɛ kae sɛ “mmofra a wɔn dodow rekɔ soro ma ɛyɛ nwonwa na wosusuw sɛ wɔ abrabɔ fam no, papa ne bɔne biara nni hɔ, na nneɛma a wobɛpaw no gyina sɛnea wote nka so.” Dɛn nti na mmofra wɔ adwene a ɛte saa? Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Gyama osuahu a wonyae wɔ ntoaso sukuu no na ama wɔabɛyɛ wɔn a wonnye abrabɔ gyinapɛn biara ntom no.” Dɛn na abrabɔ gyinapɛn pɔtee a enni hɔ no de aba?
Nnansa yi, atesɛm krataa bi samufo asɛm bi bɔɔ abubu sɛ: “Ɛtɔ da bi a, ɛte sɛ nea biribiara ho asodi nna obiara so. Dabida.” Yiw, nea aba ne sɛ biribiara ye! Susuw sɛnea eyi betumi anya sukuufo so tumi kɛse no ho nhwɛso bi ho. Bere a sukuupɔn mu adesua bi a ɛfa Wiase Ko II ne Nasisɛm a ɛsɔree ho rekɔ so no, ɔbenfo no behui sɛ na ne sukuufo no dodow no ara nnye nni sɛ Adesɛe no fi obi! Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Wɔ sukuufo no adwene mu no, na Adesɛe no te sɛ asiane bi a ɛno ankasa bae: Na wontumi nyɛ ho hwee, na wontumi nkwati nso.”
Sɛ sukuufo ntumi nhu papa ne bɔne a, na efi hena?
Mmere a Emu Yɛ Den Mu
Bere a obi a na anka ɔkyerɛ ade reka biribi de agyina sukuu ahorow no akyi no, ɔkae sɛ: “Ɔhaw no fi ase wɔ nnipa asetra mu, na nea ɛwɔ sukuu ahorow mu no yɛ ɔhaw a ɛrekɔ so dedaw.” Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ obi betumi akyerɛ nneɛma a aman mpanyimfo mmɔ ho mmɔden no yiye.
Ɛrekyerɛ eyi mu no, bere bi a U.S. aban mpanyimfo brasɛe ho asɛm baa atesɛm mu no, ɔsɛnkyerɛwfo bi a wonim no yiye kyerɛwee sɛ: “Minnim ɔkwan biara a akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ basabasayɛ bere yi mu no betumi afa so akyerɛ abrabɔ pa ho ade. . . . ‘Hwɛ Washington!’ mmofra nketenkete koraa bɛkasa atia. Wonim . . . sɛ amimdi a enye koraa wɔ abakɔsɛm mu no akɔ so wɔ saa fie fitaa kɛse no mu.”
Bible ka siei sɛ “nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1-5) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ mmere a emu yɛ den mu! Esiane eyi nti, dɛn na wɔreyɛ de adi ɔhaw a ɛwɔ sukuu ahorow mu no ho dwuma, na wɔaboa sukuufo ma wɔanya nhomasua papa? Dɛn na mo, sɛ awofo ne sukuufo no, betumi ayɛ? Nsɛm a edidi so no bɛkyerɛkyerɛ eyi mu.