So Sukuu Ahorow Resi Awofo Ananmu?
ƐNNƐ, wɔhwɛ kwan sɛ sukuu ahorow bɛyɛ nea ɛsen akenkan, akyerɛw ne akontaabu a wɔkyerɛ ara kwa. Pii ma aduan, abrabɔ ho akwankyerɛ, ne dwumadi afoforo a bere bi na wɔyɛ wɔ fie no. Jim McClure a ɔyɛ ntoaso sukuu bi akwankyerɛ dwumadibea panyin no kyerɛ sɛ: “Awofo a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa hwɛ kwan sɛ sukuu ahorow, titiriw no akwankyerɛ afotufo no bedi wɔn ɔwofoyɛ no ho dwuma.”
Nanso, awofo pii hyia asetra mu nneɛma a ɛdɔɔso a wobenya ne mmofra ɔhwɛ ho nwenehosɛm. Nea ɛnte sɛ awo ntoatoaso a etwaam no mu no, asetrade a wobenya no kyerɛ sɛ wobegyaw mmofra a wɔmma wɔn awofo ɔhwɛ a ɛfata no. Ɔkwan foforo so no, ebia saa ɔhwɛ no a wɔde bɛma no bɛkyerɛ sɛ wɔrennya nea ɛdɔɔso a abusua no bedi. Tebea horow abien no mu biara yɛ nea wɔmpɛ.
Famkɔ no Mfiase
Wɔn a wɔasua nnɛyi nhomasua ho nsɛnnennen ho ade no gye di sɛ famkɔ no fii ase bɛboro mfirihyia 40 ni, wɔ Wiase Ko II no akyi pɛɛ. Mmea boaa ɔko no denam nnwuma a wɔkɔyɛe wɔ adwumayɛbea ahorow mu no so. Afei, bere a ɔko no baa awiei no, wɔn mu dodow bi a ɛkɔ anim ansan ankɔ wɔn kan afa sɛ ɛnanom ne wɔn mma akyerɛkyerɛfo atitiriw no so bio. Wɔkaa adwumayɛ no mu.
Bere a mfe no twam no, asetra mu nsakrae pii maa nsɛm yɛɛ hwanyann. Abrabɔ gyinapɛn ahorow popa fii hɔ. Awaregu bɛyɛɛ nea wɔpene so, na ɛmaa awofo a wonni ahokafo pii bae. Afei nso, nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no hyɛɛ awofo pii ma wɔde nnɔnhwerew pii yɛɛ adwuma. Sɛnea nneɛma kɔ yi no atew nnɔnhwerew a awofo nya de di wɔn mma adwene, honam, nkate, ne honhom mu ahiade ho dwuma no so kɛse. Enti awofo de wɔn ho ato sukuu ahorow no so kɛse sɛ wonni eyinom ho dwuma. Nanso nokwarem no, so eyi yɛ sukuu ahorow no asɛyɛde?
Nnɛyi Nokwasɛm Ahorow No
Nhomasua ho ɔkyerɛwfo Gene I. Maeroff kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwasɛm foforo no ne sɛ ɛda adi sɛ agya no a na anka ofi ɛda no mu adwumaden ba nokwaredi mu anwummere biara bɛto ne yere a ɔhwɛ fie ne wɔn mma baanu a wɔasesɛw wɔn yiye no nkutoo te ɔdan bi a anika nnim mu rebu sɛnea obetua n’abɔnten so nnuan a ɔtɔ ka bere a wɔayi dapɛn dapɛn akɔnhama awie no ho akontaa. Ɛna no a ɔne mmofra no hwɛɛ akyi no . . . yɛ adwuma nnansa dapɛn biara.” Dɛn na ɛde ba?
Maeroff se: “Mmofra no rehyia adwumaden a ɛne sɛ wɔde wɔn nhomasua daakye resi fapem bi a ɛnyɛ den so.” Sɛ nhwɛso no, mfiase sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ United States kyerɛ sɛ: “Adesuafo bɛboro ɔha biara mu 20 ba sukuu da biara a wonnidii anɔpa.” Esiane sɛ anɔpaduan ho hia kɛse wɔ adesua mu nti, saa ɔkyerɛkyerɛfo no ka sɛ: “Yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi asɛnnennen no ho dwuma denam anɔpaduan nhyehyɛe a yɛbɛyɛ so.” Wɔ saa sukuu no ara mu no, atiridii kaa ɔdesuafo bi too fam. Bere a wɔka kyerɛɛ ne na wɔ faako a ɔyɛ adwuma no, obuae sɛ: “Merentumi mma mmɛfa no. Mereyɛ adwuma.” Awiei koraa no ɔyɛɛ nhyehyɛe fii adwuma mu hɔ, nanso na ne ho “yeraw” no sɛ wɔahyɛ no ma ɔrepaw ne ba a ɔyare no ɔhwɛ ne sika a obenya mu biako.
Tebea Horow a Ɛwɔ Sukuu Ahorow no Mu
Asetra mu abrabɔ ɔporɔw no asɛe sɛnea sukuu ahorow tumi kyerɛkyerɛ no kɛse. Ama ɛreyɛ ayɛ nea wontumi mfa abrabɔ ho akwankyerɛ mma mpo. Nea ɛyɛ sukuu mu tebea a asakra no ho nhwɛso ne nneɛma atitiriw 7 a na ɛde asotwe ba wɔ U.S. ɔman sukuu ahorow mu wɔ 1940 mu no a wɔde toto atitiriw 17 wɔ 1982 mu no ho no. Na 1940 mu sukuu mu nsɛnnennen atitiriw no ne: (1) kasa, (2) chewing gum a wɔwe, (3) dedeyɛ, (4) asa ahorow no so a wotu mmirika fa, (5) santen mu a wɔbɔ tra bere a ennuu wɔn so, (6) ntade a ɛmfata a wɔhyɛ, ne (7) nkrataa a wɔmmfa nto nwura kɛntɛn mu.
Ɔkwan foforo so no, na 1982 mu sukuu mu nsɛnnennen atitiriw no ne: (1) mmonnaato, (2) ɔdwowtwa, (3) ntua, (4) korɔnbɔ, (5) ogyahyew, (6) ɔtopae toto, (7) awudi, (8) ahokum, (9) sukuu a wɔnkɔ, (10) basabasayɛ, (11) nsisi, (12) nnubɔne nom, (13) asabow, (14) kuw ntɔkwaw, (15) nyinsɛn, (16) yafunu a wotu gu, ne (17) mmaninyare.
Sɛnea saa sukuu mu tebea a asakra yi benya Deborah a ɔyɛ ɛna bi a ɔwɔ mma baanan no mma so nkɛntɛnso no ho asɛm haw no. Ose: “Minyinii bere a na mewɔ ahobammɔ. Ɛkame ayɛ sɛ na obiara a ɔbɛn me no boa me onyin no. Ɛsɛ sɛ yɛn a wɔtetee yɛn wɔ saa kwan no so no hu sɛ yɛn mma no pue kɔ wiase foforo bi mu.”
Nokwarem no, wɔ nkurow akɛse mu sukuu a ɛwɔ United States no mu binom mu no, adesuafo taa de sekamma ne atuo hyɛ wɔn ho; wɔnom nnubɔne na wɔtɔn; na nsɛm te sɛ “coke ti” (obi a ɔde cocaine di dwuma) no yɛ da biara da kasa no fã. Akyerɛkyerɛfo bo taa tɔ wɔn yam a ɛnyɛ sɛ ebia wɔatumi akyerɛ wɔn adesuafo no ade yiye nti, na mmom sɛ wɔde ɛda biako aba awiei a asɛm biara ansi.
Tebea horow a enye a ɛwɔ sukuu ahorow no mu no si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔrentumi nhyɛ awofo ananmu wɔ akwankyerɛ ne mmoa a mmofra hia na wɔatumi atra ase yiye no mu no so dua. Nanso, wɔ saa tebea horow yi nyinaa akyi no, adesuafo a wodi yiye wɔ hɔ wɔ sukuu ahorow nyinaa mu wɔ wiase nyinaa.
Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛma obi tumi di yiye? Dɛn na me, sɛ ɔwofo no, metumi ayɛ de aboa me ba ma wadi yiye? Na dɛn na ɛsɛ sɛ me ba no yɛ?’