Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 12-13
  • Ɛnnɛ Mmofra, Ɔkyena Wiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Mmofra, Ɔkyena Wiase
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow mu Nnɛ?
    Nyan!—1996
  • Nhomasua Papa a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1996
  • Mmɔdenbɔ Anaa Afɛfɛde—Nea Ɛwɔ He Na Ɛbɛyɛ?
    Nyan!—1980
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 12-13

Ɛnnɛ Mmofra, Ɔkyena Wiase

Ɛbɛyɛ Sɛ Dɛn?

“WƆMA SUKUU MMOFRA KWAN MA WƆBA MU OBIAKO WƆ BERE KORO MU.” Eyi ne nea wɔakyerɛw abɔ aguadidan bi a wɔtɔn nnɔkɔnnɔkɔwade wɔ mu no ano wɔ England. Mmofra no wiaa nnɔkɔnnɔkɔwade no pii dodo ma ɛho behiae sɛ oguadini no hwɛ na ɔwɛn wɔn mu biara. Atesɛm krataa mu nsɛm a wɔkyerɛw faa ho no kɔɔ so kae sɛ:

“Nea wohu da biara da a epue fi sukuu ahorow a atwa yɛn ho ahyia no mu ba ne mmofra a wɔn agyimi, wɔyɛ pɛsɛmenkominya na wɔyɛ basabasa sen biara, wopiapia wɔn ho sunsum afoforo de foro bus, wɔteɛteɛm de ɔkasa fĩ kasa, na wobu adewia wɔ aguadidan mu sɛ ade a ɛsɛ ayeyi bere a wɔanya kwan de aguan kɔ no.”

England sukuu a akɔ anim no biako mu ɔkyerɛkyerɛfo kasa tiaa ɔkyerɛkyerɛfo panyin no sɛ wama biribiara kwan ma ɛkɔ so, sɛ:

“Woama kwan ma obiara yɛ nea ɔpɛ, obiara yɛ nea ɛsɔ n’ani. Basabasayɛ, mmara so a wonni na edi so. Wobu nteɛso sɛ ne bere atwam. Wɔdaadaa mmofra ma wɔyɛ nneɛma a ɛsɔre tia wɔn ankasa, wɔ wɔn adesua ne wɔn suban mu. Wɔrenyin sɛ mmofra a wonnim hwee, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wɔyɛ basabasa . . . anihawfo, wɔadan sɛ mmea.”

Mfirihyia abiɛsa kɔ anan ni a wɔbɔɔ saa amanneɛ no. Amanneɛbɔ bi a epuee afe yi kyerɛ sɛ nsakrae bi mmae ɛ. Ɛkae wɔ asɛmti “Britain’s Battered Schools” ase sɛ, mmofra no mmmɔ wɔn ho mmɔden wɔ adesua mu koraa. Mmofra no “nhuu nea wɔhwehwɛ anaa gyinapɛn a wɔhwehwɛ wɔ akenkan, akyerɛw ne akontaabu ne ɔkasa mu mmɔdenbɔ mu no ɛ.” Ɛfrɛ ɔkwan a wɔnam so a wose ɛno na eye no a ɛyɛ basabasa ne nnɛ bere mu nneɛma horow a aba so a wosua no sɛ “ntetee mu wura.”

Wɔka nsɛm a ɛkɔ so wɔ sukuu mu no ho asɛm wɔ atesɛm nkrataa mu wɔ Canada wɔ nsɛmti yi mu: “Asuafo mmɔdenbɔ wɔ akenkan mu reba fam.” “Wɔma wɔn nyinaa kɔ wɔn anim a obi nka ntĩ adesua mu, abodin nkrataa a wɔde ma abɛyɛ nea ntease nnim.” “Sɛ wopɛ sɛ wɔpɛ w’asɛm a ɛnde ma wɔn nyinaa nkɔ wɔn anim.” “Akyerɛkyerɛfo ka asuafo abrabɔ a aba fam ne nneɛma pa a wommu ho asɛm.”

Amanneɛbɔ bi a efi Australia: Nteɛso yɛ asɛnnennen. Esiane eyi nti akyerɛkyerɛfo pii regyae adekyerɛ. Akyerɛkyerɛfo afoforo a wɔreba no nnim hwee. Wɔma biribiara yɛ ho kwan a wɔmmfa nea ehia ɔmanfo nni kan bio. Suro a wosuro sɛ wobedi wɔn ho fɛw no ho nhyɛso, ne basabasayɛ wɔ mmere horow mu rehyɛ asuafo pii so ma wɔde wɔn ho hyɛ nsa a ano yɛ den nom ne nnuru bɔne mu.

Sukuu ahorow a ɛwɔ Rusia da nyiyim adi. Nsonsonoe wɔ sukuu ahorow no mu yiye​—wɔmmɔ mmɔden koraa wɔ nkuraa ase, nanso wɔbɔ mmɔden wɔ nkuropɔn mu. Nea nhyehyɛe no de ba ne mmofra a wonya afoforo ho adwemmɔne bere biara: “Ntoaso sukuu muni biara nnye biribiara nni. Wɔma adanmude ansa na wɔagye mmofra wɔ sukuu ahorow a eye mu, na ɛhɔ nso wotua sika akɛse ansa na wɔn nsa aka nhoma.

China te sɛ ɔman a ɛyɛ soronko wɔ eyi mu. Ahɔho a wɔkɔsra hɔ no ani sɔ mmofra a wɔatete wɔn yiye no. Asuafo de nnwom ne asaw gye ahɔho ba wɔn sukuu adan mu. Wɔka nsɛm a wɔasua agu wɔn tirim kwa kyerɛ. Ɛda adi sɛ wɔmmfa nnuru bɔne nni dwuma. Nanso, wɔhwɛ wɔn a wofi aman horow so bɛsra hɔ no yiye bɔ wɔn ho ban. Amanneɛbɔfo no mu biako a ofii kuw a wɔresra hɔ no mu no kɔtoo mmofra bi a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ aguaree. Mmarimaa no mu biako de akokoduru baa n’anim na ofii ase sɛ ɔredwensɔ. Afoforo a aka no nyinaa de wɔn anim kyerɛɛ no fii ase yɛɛ saa ara. Wɔ eyi akyi no ɔka faa ɔkwan a wotu kɔsraa hɔ no ho sɛ “Wɔahyɛ da ayɛ nneɛma horow bi na wɔde akyerɛ ahɔho.”

Wɔ Japan no akyerɛkyerɛfo ka sɛ sukuu adesua mu mmɔdenbɔ aba fam yiye. Basabasayɛ ne adesɛe na ɛrekɔ so. Nhwɛso biako ni: Asuafo aduasa a wɔn mu baanum yɛ mmeawa de nnua ne mpampuro hwee wɔn akyerɛkyerɛfo baasia sɛee sukuu mfɛnsere ne apon a wɔde nhwehwɛ ayɛ no.

Sukuupɔn mu sɔhwɛ a ɛyɛ nwonwa sen biara no ba wɔ India. India asuafo ka sɛ ɛyɛ hokwan a wɔwɔ wɔ awosu mu sɛ wɔhwɛ nhoma mu na wɔde ayɛ wɔn sɔhwɛ na wosisi afoforo. Afe 1979 July mu sɔhwɛ horow a wɔyɛe wɔ University of Meerut no de basabasayɛ bae. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ:

“Wokum asuafo baanu nnɛra na wopiraa nnipa 40 a polisifo 30 ka ho wɔ akodi bi a ɛbaa asuafo no ne polisifo ntam wɔ Meerut abɔntenkwan no so, wɔ faako a apolisifo kurakura atuo ne nnua sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde aboa sukuu mpanyimfo no na sɔhwɛ horow no akɔ so a obi nsisi obi nti. Eyi hyɛɛ asuafo no abufuw sɛ wɔagye ‘hokwan a wɔwɔ no afi wɔn nsam,’ enti wosii kurom fii ase sɛee nneɛma. Wɔkae sɛ wɔde asekan bekunkum ahwɛfo a wɔhwɛ wɔn so wɔ sɔhwɛ dan no mu no. Ebinom de wɔn sɔhwɛ nhoma no kɔɔ afie a ɛbemmɛn hɔ no mu maa afoforo boaa wɔn hwehwɛɛ mmuae. Ebinom nso wɔ hɔ a wɔkenkan sɔhwɛ no mu mmuae horow no faa akasam so maa asuafo no kyerɛw no ntɛmntɛm.”

Nea efi mu ba ne sɛ wommu abodin nkrataa ahorow a sukuupɔn ahorow no de ma no. Enti eyi ma wɔn a wɔasua ade awie wɔ sukuupɔn ahorow no mu a wɔnyɛ adwuma no dɔɔso pii.

Esiane sɛ nnɛ bere mu mmofra te saa nti, mpanyimfo bɛn na wɔbɛyɛ ɔkyena? Sɛ mpanyimfo a wɔte sɛɛ na wobedi so de a, ɛnde na ɔkyena wiase no bɛyɛ sɛ dɛn?

Susuw eyi ho, bere a wokenkan nea edidi so yi​—amanneɛbɔ a efi nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu aman a agye din no biako mu no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena