Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 5/8 kr. 17-18
  • Mmɔdenbɔ Anaa Afɛfɛde—Nea Ɛwɔ He Na Ɛbɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔdenbɔ Anaa Afɛfɛde—Nea Ɛwɔ He Na Ɛbɛyɛ?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ Sɛ Wɔsan Kɔ Sukuu Bio!
  • Ɔkwan Tiaa Bi Nni Adesua Mu
  • Dɛn na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow mu Nnɛ?
    Nyan!—1996
  • Sukuu Ahorow Mu Adesua Rekɔ Fam
    Nyan!—1980
  • Nhomasua Papa a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1996
  • Ɛnnɛ Mmofra, Ɔkyena Wiase
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 5/8 kr. 17-18

Mmɔdenbɔ Anaa Afɛfɛde​—Nea Ɛwɔ He Na Ɛbɛyɛ?

Wɔ awɔw bere anadwo bi na ɔbarima no maa yoma no de ne ti hyɛɛ ntamadan no mu. Ɛno na afei ɔde ne kɔn hyɛɛ mu. Ɛno na afei ne mmati. Ankyɛ na yoma no hyɛn ntamadan no mu na ɔbarima no kofii adiwo wɔ awɔw no mu. Saa na anansesɛm no kyerɛ. Saa ara nso na bere a wofii ase paw adesua horow a ɛho nhia sɛ ɛnonom na wobesua pɛ na A abiɛsa a ɛyɛ Akenkan, Akyerɛw ne Akontaabu yerae.

MMƆDENBƆ ahorow ayera afi sukuu ahorow no mu ma ɛyɛ awerɛhow, na kan ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ, “anigye a wonya ma awerɛw a wɔde nnuru kɔkɔɔ keka so na abesi eyi ananmu. Wɔde nneɛma horow pii abɛhyɛ sukuu adesua no mu a yɛammisa eyinom. Nea ehia wɔn no asuafo no nkate, honam fam nneɛma horow na nea etwa to koraa mmom ne nhomanim ɔbarima ne ɔbea nna ho adesua na afei wɔde asi abusua no ho nsɛm a wosusuw ho no ananmu.”

Eyi ama nnipa a wɔawie sukuupɔn mu adesua a wonnim hwee no adɔɔso na wonnya adwuma nyɛ. Adwumayɛfo a wɔrehyɛ nhyiam de nsɛntitiriw bi sisii hɔ:

“Momma yɛmpae mu nka nkyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔrentumi nyɛ adwuma no de a, ɛnde yɛrentumi mma wɔntra adwuma no mu.”

“Metow nnipa 180 nkrataa a wɔkyerɛwee sɛ wɔhwehwɛ adwuma ayɛ no mu ɔha mu nkyem 20 de gui, efisɛ mintumi nkenkan wɔn nkyerɛwee no.”

“Nnipa a yɛpam wɔn no mu ɔha mu nkyem 80 yɛ wɔn a wɔyɛ nyaa na wɔmma adwuma ntɛm nti.”

“Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma sɛnea obi siesie ne ho fa de bisa adwuma no nnya yɛn so nkɛntɛnso na mmom sɛ wutumi hu wɔn a yehu wɔn no mu binom a, anka nea ɛbɛba ara ne sɛ wobenya wo so nkɛntɛnso.”

Adwumayɛfo kuw bi sɛe sika bɛyɛ Cedi ɔpepepem 140 afe biara a wɔde rebɔ mmɔden atete adwumayɛfo esiane mmɔden a wɔammɔ wɔ sukuu mu nti. Mpanyimfo no mu biako kae sɛ:

“Yɛreyɛ nea anka ɛsɛ sɛ akyerɛkyerɛfo ayɛ dedaw. Nnipa a wɔasua ade awie wɔ sukuupɔn ahorow no mu no ntumi nkenkan, wontumi nkyerɛw; wɔn a wɔbɔ type ntumi mmɔ nsɛm mfuamfua 30 simma biako​—na wontumi nka borɔfo kasa no yiye nso. Mfirihyia 12 yɛ bere tenten a wɔbɛsɛe wɔ sukuu, na wɔasan aba fie a wonnim biribiara.”

Ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛka sɛ ɔman a atumi apae atom ade ketewa a ɛsen biara mu no, na ɛde nnipa akɔ ɔsram no so, na asan de wɔn aba, na wɔde wimhyɛn kɔ kyinsoromma a ɛne Jupiter so na atwa mfonini ahorow aba asase so no ntumi nkyerɛkyerɛɛ ne mpanyimfo nyinaa ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nkrataa a wɔde hwehwɛ adwumayɛ, anaasɛ wɔatumi asesa sika bere a wɔatɔ ade wɔ aguadidan mu. Wɔ nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi! Nanso dɛn na wɔbɛyɛ?

Ɛsɛ Sɛ Wɔsan Kɔ Sukuu Bio!

Awerɛhow a wodi wɔ sɛnea nhomanim aba fam koraa fi mmofra sukuu mu kosi sukuupɔn ahorow mu no ama kuw a wɔahyehyɛ a wɔpɛ sɛ wɔsan sakra eyi bio no anya tumi kɛse wɔ Amerika man mu. Afe 1977 mu na wɔyɛɛ Gallup mpɛɛpɛɛmu bi bisaa Amerikafo sɛ so wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ mfitiase adesua a ɛyɛ akenkan, akyerɛw ne akontaabu so anaa? Ɔha mu nkyem 83 maa mmuae sɛ wɔpɛ saa. Kokoam sukuu ahorow ne onyamesom sukuu ahorow no mu mmofra adɔɔso esiane sɛ nnipa no koma ntɔ wɔn yam wɔ nea wɔkyerɛ wɔ aban sukuu ahorow mu no nti.

Ɔkwan Tiaa Bi Nni Adesua Mu

Edward T. Hall kyerɛkyerɛɛ Engiresi kasa wɔ Amerika mfirihyia 28. Afe 1974 mu na ɔkɔɔ Botswana, Afrika, sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ borɔfo anaa Engiresi kasa. Ɔkae sɛ, “merekyerɛ mmarimaa ne mmeawa a Engiresi kasa yɛ amannɔne kasa no sɛnea wɔka Engiresi kasa. Wɔrebɔ mmɔden kyɛn asuafo a mekyerɛɛ wɔn ade wɔ Amerika no.” Ɔmpɛ nneɛma a wogyaa mu ma obiara yɛ nea ɔpɛ no. Nhyehyɛe a wayɛ wɔ Botswana no yɛ ketee, na wɔmma biribi foforo biara ho kwan.

Obisae sɛ, “So ne bere atwam? Woti nsɛm mu dodo? Ɛfono?” Yiw. Tĩ a wotĩ adesua mu ho hia na obi atumi aka Engiresi kasa no yiye na wakyerɛw te sɛ nea osuani a osua sankubɔ nso ti mu bɔ mpɛn ahorow pii no ara.

[Kratafa 18 mfoni]

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasua ade awie wɔ ntoaso sukuu ne sukuupɔn ahorow mu no mu binom san tĩ mfitiase nneɛma a wosua no mu bio

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena