Sukuu Ahorow Mu Adesua Rekɔ Fam
OSUANI bi nwiinwii wɔ ne mmɔdenbɔ wɔ sɔhwɛ mu no ho, na ɔkyerɛwfo bi bɔɔ eyi ho amaneɛ kae sɛ:
“Mewɔ mangoo a ɛto so 10, na mintumi nsopɛl nsɛm. Ntoaso sukuu a mekɔe no yɛ nea wɔkyerɛ sɛ eye sen biara no mu biako. Wɔnkyerɛkyerɛɛ me spɛlin efi bere a mebaa mangoo anum yi. Afe biara yɛn Akyerɛkyerɛfo no mu biako a ɔhwɛ yɛn so no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkyerɛw adesua horow a yɛbɛpɛ sɛ wɔkyerɛ yɛn. Nea mekyerɛw too hɔ ne spɛlin anaa nsɛm mfuamfua mu nkyerɛwde din bobɔ ne ɔkasa ho mmara, na mayɛ eyi atoatoa so mfirihyia anum. Enti dɛn na manya? Sini horow a ɛyɛ tan a wɔkyerɛ sɛ wɔde ‘rekyerekyerɛ yɛn ade.’”
Ɔman no sɛe sika pii wɔ ne sukuu ahorow ho sen bere biara—bɛyɛ Cedi ɔpepepem 270 afe biara—na saa sukuu ahorow no nso resɛe. Nea wɔhwehwɛ ansa na wɔagye obi akɔ ntoaso sukuu mu no aba fam koraa bɛyɛ mfirihyia 15 a atwam ni.
Wɔde Bi Ka Mmɔdenbɔ Ho Na Wɔma Wɔkɔ Wɔn Anim a Sɔhwɛ Nni Mu
Wɔn a wosua eyi ho ade no ayɛ mpɛɛpɛɛmu bi ahu eyi: Nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ adekyerɛ kwan a eye sen kan de no ne asuade afoforo a wɔpaw sɛ ɛno mmom na wobedi akyi no akata nneɛma horow a ehia—akenkan, akyerɛw ne akontaabu so. Ɛnyɛ sɛ Kofi ntumi nkenkan nko, na mmom ontumi nkyerɛw nso, na ontumi nyɛ nkekaho, ontumi nyɛ nyifirim. Wɔde nyansahu a wɔde di agoru ne sini horow asi Engiresi kasa a ɛsɛ sɛ wosua no ananmu. Nsɛm a wɔkyerɛw bɛyɛ sɛ kratafa wɔ Engiresi kasa mu no bere atwam. Wɔnhwɛ sukuufo nhoma horow ne nea wɔkyerɛw mu bio—mmom mfonini ahorow, nhoma a emu da hɔ kwa a wɔnkyerɛw mu, nsɛm a ɛyɛ mmerɛw ne ɔkasa anaa nsɛm a ne sua nyɛ den. Nea wɔde ba fie besua kan no mu fa pɛ na wɔhwehwɛ mprempren. Wɔn a wɔntaa mma sukuu no dodow adu bɛyɛ ɔha mu nkyem 25. Wɔde bi ka wɔn mmɔdenbɔ ho ma ɛyɛ sɛ wonim ade dodo ne wɔma wɔkɔ wɔn anim a wɔnyɛ sɔhwɛ. Wɔma abodin krataa de kyerɛ mfirihyia 12 a wɔde akɔ sukuu na ɛnyɛ nea egyina mmɔdenbɔ ankasa so.
Esiane abondin nkrataa ahorow a mfaso nni so no nti, asenniibea ahorow no de wɔn ho ahyɛ mu. The Wall Street Journal a wotintim no May 9, 1978 no kae sɛ: “Sɛ sukuu bi ma kwan ma osuani bi wie sukuu a wonsusuw nea osuani no asua ahu no ho a, wobetumi de saa sukuu no akɔ asenniibea. Wɔde nsɛm pii akɔ asenniibea ahorow mu a wɔde asɛm ato sukuu ahorow a ɛwɔ Amerika no so sɛ wɔn adesua aba fam.” Nea afi mu aba ne sɛ aman pii wɔ hɔ a “wɔrehyɛ asuafo no ama wɔadi wɔn ho adanse akyerɛ sɛ wɔbɔ mmɔden na wɔfata denam sɔhwɛ ahorow a wɔbɛma wɔayɛ a egyina A abiɛsa a ɛne Akenkan, Akyerɛw ne Akontaabu so. Nea wantumi ammɔ mmɔden wɔ eyi mu no bɛkyerɛ sɛ ɔrennya ntoaso sukuu mu abodin anaa nkamfo krataa.”
Nanso, wɔn a wɔpɛɛpɛɛ eyi mu bɔɔ ho amanneɛ no atrɛw asodi a ɛwɔ sukuu mu no mu. Afie a emu apaapae, afie a ebia ɔbarima no anaa ɔbea no nkutoo te mu a ɔhwɛ ne mma, afie horow a awofonom baanu nyinaa yɛ adwuma, awofo a wɔma biribiara yɛ ho kwan—mmofra betumi afi afie horow a ɛtete sɛɛ mu aba sukuu a wɔahaw, a wontumi nteɛ wɔn so, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ade.
Television ma adwene no nso da, “ennu sɛ mmofra no mu pii nni mfirihyia 16 no, na wɔasɛe bɛyɛ efi nnɔhwere 10,000 kosi 50,000 ahwɛ television, bere a ɛboro nea wɔde akɔ sukuu no. Wɔn a wosua eyi ho ade no mu biako kae sɛ: “Television abesi ɔwofo no ananmu, abesi ɔkyerɛkyerɛfo no ananmu,”
Ɔkyerɛkyerɛfo foforo kae pefee sɛ: “Sɛ wote nka sɛ mmofra no ntumi nkenkan na wonnim akyerɛw na wopɛ sɛ wohu akenkan na wɔkyerɛw de a, ɛnde mehyɛ wo nyansa sɛ dum television no ne radio no na tu telefon hama no kɔto baabi, hwehwɛ awofo a wɔkenkan nhoma na wonim akyerɛw na wɔyɛ mmɔdenbɔfo.