Marek M. Berezowski/Anadolu Agency via Getty Images
MONKƆ SO NWƐN!
Ukraine Ko No Hyɛɛ Ase No, Afe Atwam—Anidaso Bɛn Na Bible Ma Yenya?
Ukraine ko a ani yɛ nyan no hyɛɛ ase no, Fida, February 24, 2023 na adi afe. Amanneɛbɔ ahorow bi kyerɛ sɛ, Ukraine ne Russia asogyafo a awuwu ne wɔn a apirapira no, wɔn dodow bɛyɛ 300,000. Wɔsan kyerɛ sɛ, te-man-mufo a awuwu no dodow bɛyɛ 30,000. Nanso wɔn a awuwu ne wɔn a apirapira no, woka ne nyinaa bom a, ebetumi aboro saa.
Asɛm no yɛ awerɛhow. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ ɔko no reba awiei nnansa yi ara.
“Bɛyɛ afe ni na Russia asogyafo tow hyɛɛ Ukraine so. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ ntɔkwaw no rebegyae ɛnnɛ anaa ɔkyena. Wohwɛ mu nso a, Ukraine oo, Russia oo, wɔn mu biara nni hɔ a wubetumi aka sɛ obedi nkonim. Wɔn mmienu nso nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtena ase aka asɛm no ama asomdwoe aba.”—NPR (National Public Radio), February 19, 2023.
Nnipa bebree reteetee, na edi sa, efisɛ saa ntɔkwaw a ɛrekɔ so yi ne ntɔkwaw afoforo akɔfa oyene ne abenedie abrɛ nnipa a wɔte wɔn baabi redwen wɔn ho. Anidaso bi wɔ hɔ anaa? Bere bi bɛba a akodi begyae? Dɛn na Bible ka?
Ɔko bi a ɛbɛma akodi nyinaa agyae
Bible ka ɔko bi ho asɛm, na saa ɔko yi de, ebegye nnipa nkwa. Yɛfrɛ saa ɔko no Armagedon, na Bible ka sɛ, ɛyɛ “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɔko ne ntɔkwaw a ɛrekunkum nnipa nnɛ no, ɛyɛ nnipa amammuo na akɔfa aba. Enti Onyankopɔn nam Armagedon ko no so beyi nnipa amammuo afi hɔ, na ama akodi nyinaa aba awiei. Wopɛ sɛ wuhu sɛnea Armagedon ko no de asomdwoe bɛba afebɔɔ anaa? Ɛnde, kenkan nsɛm a edidi so yi: