Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 99
  • 2023: Ahoyeraw Afe—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2023: Ahoyeraw Afe—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a ɛresisi wiase no, Bible kaa ho asɛm too hɔ
  • Dɛn na ebesi afe 2024?
  • Asaasewosow Akɛse Asisi Wɔ Turkey Ne Syria—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsuyiri a Ɛsɛe Nneɛma—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Amanyɔfo a Wɔnka Nokware—Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Wim Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Nnansa Yi—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 99
Mfoni: Nsunsuanso a atoyerɛnkyɛm ahorow kɔfa bae no bi na ɛwɔ ha yi. 1. Ɔko asɛe kurow bi. Kar kwan bi da hɔ, na kar bi si hɔ a ahyew dwerɛbee. Kar kwan no, obiara mfa so bio. 2. Abaayewa bi ayɛ basaa, na ɔresu. 3. Nsu ayiri afa kar kwan bi, na maame bi ne ne ba gyina mu. 4. Dan bi adwiriw agu. 5. Maame bi hyɛ nose mask, na ɔrehwɛ mpomma mu.

Nea ɛwɔ soro, benkum so: Marek M. Berezowski/Anadolu Agency via Getty Images; nea ɛwɔ ase, benkum so: Halfpoint Images/Moment via Getty Images; nea ɛwɔ mfinimfini: Zhai Yujia/China News Service/VCG via Getty Images; nea ɛwɔ soro, nifa so: Ismail Sen/Anadolu Agency via Getty Images; nea ɛwɔ ase, nifa so: E+/taseffski/via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

2023: Ahoyeraw Afe—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Wohwɛ nsɛm a esisii wiase nyinaa wɔ afe 2023 mu a, biribiara di adanse sɛ yɛte “awiei mmere” mu sɛnea Bible ka no. (2 Timoteo 3:1) Bible kaa sɛ nsɛm bi besisi wɔ yɛn bere yi so, na ɛno ara na ɛrekɔ so nnɛ no. Wo de, ma yɛnhwɛ bi.

Nsɛm a ɛresisi wiase no, Bible kaa ho asɛm too hɔ

“Ɔko, ne ɔko ho nsɛm.”—Mateo 24:6.

  • “Akokoakoko a ani yɛ nyan redɔɔso wɔ wiase.”a

Kenkan asɛm a yɛato din “Temanmufo—Hena Na Ɛbɛbɔ Wɔn Ho Ban?,” ne “Sika a Wiase No Sɛe No Wɔ Akode Ho No Atwam Dɔla Ɔpepepepem 2.”

“Asaasewosow bɛba mmeaemmeae.”—Marko 13:8.

  • “Asaasewosow akɛse a ɛyɛ hu a ɛsɛe nneɛma paa no, efi afe 2023 reba no, mmaako mmaako 13 na asisi. Efi bere a animdefo hyɛɛ ase de mfiri susuw sɛnea asaasewosow ano den te no, ɛmmaa da sɛ asaasewosow akɛseakɛse bebree saa asisi wɔ afe baako pɛ mu sei.”b

Kenkan asɛm a yɛato din “Asaasewosow Akɛse Asisi Wɔ Turkey Ne Syria.”

“Nneɛma a ɛyɛ hu.”—Luka 21:11.

  • “Wim ayɛ hye ara ma afei de, ɛrehuruw; ɛte sɛ nea yɛde asaase yi asi gya so.”—António Guterres, Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin.c

Kenkan asɛm a yɛato din “Wim Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Nnansa Yi.”

‘Ɔkɔm bɛba.’—Mateo 24:7.

  • “Mmusua a ohia nti, na wɔdi kɔm no, yesii afe 2023 mu no, afei de wɔn asɛm yɛɛ mmɔbɔ paa; ɔkɔm hyɛɛ da posaa wɔn.”d

Kenkan asɛm a yɛato din “Akokoakoko Ne Wim Tebea a Ɛresɛe No Ama Aduan Ho Ayɛ Den Wɔ Wiase Baabiara.”

“Mmere a emu yɛ den.”—2 Timoteo 3:1.

  • “Nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa, wuyi nwɔtwe biara a, baako wɔ adwene mu yare bi hyɛ ne ho.”e

Kenkan asɛm a yɛato din “Mmabun a Wɔrenya Adwene Mu Yare Nnansa Yi Adɔɔso Paa.”

Dɛn na ebesi afe 2024?

Obiara rentumi nkyerɛ nea afe 2024 de bɛba. Nanso nneɛma a ɛresisi wɔ wiase no kyerɛ sɛ, aka kakraa bi, Onyankopɔn Ahenni anaa Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro no bɛba abeyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na adi yɛn so. Afei nneɛma a ɛkɔfa amanehunu ne abɛbrɛsɛ bɛto yɛn so nyinaa, Onyankopɔn Ahenni betu ase.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:4.

Yegu so retwɛn yi, sɛ adwinnwen hyɛ yɛn so ma yɛbɔ hu a, yebetumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa. Bible ka sɛ:

“Sɛ mebɔ hu a, mede me ho to wo so.”—Dwom 56:3.

Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn so? Daakye papa a ɛda yɛn anim a Bible de ahyɛ yɛn bɔ no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua ho ade no bi ka ho. Yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye sika biara. Sɛ wopɛ a, yebetumi ne wo asua bi. Ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea nneɛma a Bible ahyɛ ho bɔ no betumi aboa wo ne w’abusua.

a Foreign Affairs, “A World at War: What Is Behind the Global Explosion of Violent Conflict?” Emma Beals ne Peter Salisbury na ɛkyerɛwee, October 30, 2023.

b Earthquake News, “Year 2023: Number of Major Earthquakes on Course for Record,” May, 2023.

c United Nations, “Secretary-General’s Opening Remarks at Press Conference on Climate,” July 27, 2023.

d World Food Programme, “A Global Food Crisis.”

e World Health Organization, “World Mental Health Day 2023,” October 10, 2023.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena