Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mrt asɛm 86
  • Nsuyiri a Ɛsɛe Nneɛma—Dɛn Na Bible Ka?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri a Ɛsɛe Nneɛma—Dɛn Na Bible Ka?
  • Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ “awiei mmere no” ho nsɛnkyerɛnne
  • Ɛma yenya anidaso mmom
  • 2023: Ahoyeraw Afe—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Wim Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Nnansa Yi—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Temanmufo—Hena Na Ɛbɛbɔ Wɔn Ho Ban?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Afe 2023 Yi, Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wo—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm Foforo a Wubenya
mrt asɛm 86
Maame bi ne abofra bi gyina kar kwan bi mu; nsu ayiri afa hɔ.

Photo by Zhai Yujia/China News Service/VCG via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Nsuyiri a Ɛsɛe Nneɛma—Dɛn Na Bible Ka?

Wokɔ wiase baabiara a, nsu retɔ sɛe nneɛma, na ɛreteetee nkurɔfo paa. Wo de, hwɛ amanneɛbɔ a edidi so yi:

  • ‘Nsu bi a ɛtɔɔ China ahenkurow mu nnaanoo Memeneda kosi Wukuda no, bɛyɛ mfe 140 ni ebi ntɔɔ hɔ saa da. Ɛtɔe ara ma sɛ wugyina mu a, ɛbɛdeda wo sisi.’—AP Kaseɛbɔ, August 2, 2023.

  • ‘Ahum kɛse bi a yɛfrɛ no Typhoon Khanun maa ne homene so, na ɛmaa nsubrane bi tɔe wɔ Japan anaafo, na mframa dennen bi nso bɔ faa hɔ. Nsu ne mframa no hyɛɛ ase Wukuda kosii Yawda, na ekum nnipa bɛyɛ mmienu. Ahum no nti, wɔkyerɛ sɛ nsu a ebetumi atɔ Central Taiwan a mmepɔw bebree wɔ no, wugyina mu a anhwɛ a ebedu wo serɛ mu.’—Deutsche Welle, August 3, 2023.

  • “Nsubrane a eyiri [faa Nova Scotia] nnawɔtwe yi awiei no, bɛyɛ mfe 50 ni, ɛno ne nsu kɛse paa a atɔ wɔ Canada man no fã a ɛwɔ Atlantic mpoano no.”—BBC Kaseɛbɔ, July 24, 2023.

Dɛn na Bible ka fa nsɛm a ɛresisi yi ho?

Ɛyɛ “awiei mmere no” ho nsɛnkyerɛnne

Bible no ma yehu sɛ mmere a yɛwom no yɛ “awiei mmere.” (2 Timoteo 3:1) Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ yɛn bere yi so no, “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa nneɛma a etu koma besisi. (Luka 21:11) Wim tebea a ɛresɛe ka ho bi paa na nneɛma bi a ɛyɛ hu te sɛ nsuyiri resisi no. Seesei saa nneɛma no taa sisi ntɛmntɛm, ɛsɛe nneɛma bebree, na etumi ba bere biara.

Ɛma yenya anidaso mmom

Bible ma yehu sɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛresisi wɔ asaase so nnɛ no, ɛyɛ biribi paa a ɛma yenya anidaso. Adɛn ntia? Yesu kaa sɛ: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn.”—Luka 21:31; Mateo 24:3.

Nneɛma a yehu sɛ ɛresisi no kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopon Ahenni no bɛma mframa gyampantrudu ne nsuyiri a ɛsɛe ade nyinaa agyae koraa.—Hiob 36:27, 28; Dwom 107:29.

Wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛma mframa gyampantrudu ne nsuyiri a ɛsɛe ade agyae a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Who Will Save the Earth?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena