Anton Petrus/Moment via Getty Images
MONKƆ SO NWƐN!
Wiase Nyinaa Ko Rebobɔ Ba Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Bɛyɛ mfe 30 ni de, nnipa bebree adwene yɛɛ wɔn sɛ ayɔnkofa a ɛda wiase aman ntam no ye; ná wɔhu no sɛ nsɛmnsɛm a ɛwɔ aman bi ntam no akɔ fam, na asomdwoe reba. Nanso wohwɛ nsɛm a ɛresisi nnansa yi a, wuhu sɛ ɛnyɛ saa koraa na ɛte; nea aba no ani soso.
“Seesei Israel ne Hezbollah de afee so denneennen wɔ Lebanon hye so hɔ baabi, enti nnipa bebree suro sɛ Gaza ko no, ɛbɛtrɛw bi aka ho.”—Reuters, January 6, 2024.
“Nkurɔfo bi a Iran bɔ wɔn kyidɔm no, ɛreyɛ ara ni na wɔakɔtow ahyɛ ɔman anaa kurow bi so. Afei nso, prɛko pɛ, Iran asan ahyɛ ase reyɛ nuklea atopae. Nea ɛma asɛm no yɛ hu koraa ne sɛ, seesei Russia ne China de wɔn ntama akɔbɔ Iran de ano, enti aman a ɛwɔ Europe no ada wɔn ho so.”—The New York Times, January 7, 2024.
“Russia gu so ara de atopae resɛe Ukraine man no denneennen.”—UN News, January 11, 2024.
“Seesei China sikasɛm rekɔ yiye, na akode a wɔreyɛ sum hɔ nyɛ agorɔ. Taiwan nso asi ne bo sɛ ɔremma obiara ntiatia ne fahodi so. China ne U.S. nso te adowa nhoma so. Wei nyinaa kyerɛ sɛ ɔko betumi asi bere biara.”—The Japan Times, January 9, 2024.
Akokoakoko ne mente-me-ho-ase a ɛwɔ aman bebree ntam ɛnnɛ no, Bible ka ho asɛm anaa? Ɛbɛkɔ akɔfa wiase nyinaa ko aba anaa?
Nsɛm a ɛresisi nnɛ no, Bible kaa ho asɛm too hɔ
Akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ no, emu biara nni hɔ a Bible hyɛɛ da kaa ho asɛm pɔtee. Nanso akokoakoko bebrebe a ɛrekɔ so a ‘ɛreyi asomdwoe fi asaase so no,’ ɛkaa ho asɛm too hɔ.—Adiyisɛm 6:4.
Daniel nhoma no ka too hɔ sɛ “awiei bere no mu no,” wiase aman a ɛwɔ tumi no bi “bepiapia wɔn ho”; obiara bɛpɛ sɛ ɔka wiase hyɛ n’ase. Apiapia no bi ne sɛ, obiara de akode akɛse behunahuna ne yɔnko. Ebi nso ne sɛ, wɔbɛtabiri sika de ayɛ nneɛma akɛseakɛse.—Daniel 11:40, 42, 43.
Ɔko bi rebobɔ ba
Bible bɔ yɛn amanneɛ sɛ, wiase no, ɛbɛsɛe bi aka ho ansa na ayɛ yiye. Yesu ka too hɔ sɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da . . . bɛba.” (Mateo 24:21) Saa “ahohiahia kɛse” no bɛkɔ akowie ɔko bi a Bible frɛ no Armagedon. Bible ka Armagedon ko no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko.”—Adiyisɛm 16:14, 16.
Nanso Armagedon ko no, ɛrenhyew nnipa ase, mmom ɛde nkwagye na ɛbɛbrɛ yɛn. Nnipa amammuo a akɔfa akokoakoko kodiawu aba no, Onyankopɔn de Armagedon ko no beyi ne nyinaa afi hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Armagedon ko no de asomdwoe a enni awiei bɛba wiase a, kenkan nsɛm a edidi so yi: