MONKƆ SO NWƐN!
Mmere Bɔne a Yɛwom Yi, Yɛbɛyɛ Dɛn Anya Anigye?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Mmere a yɛwɔ mu yi nyɛ mmere pa. Yennim nea ɔkyena de bɛba; biribi bɔne betumi ato yɛn bere biara. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛn ani begye a, egyina yɛn so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛretoto yɛn no. Bible ka sɛ, “nea ɔwɔ anigye koma de, daa ɔwɔ apontow mu,” ɛmfa ho ɔhaw a ɛbɛto no. (Mmebusɛm 15:15) Dɛn na yebetumi ayɛ ama yɛn anigye ayɛ kɛse? Hwɛ Bible mu afotu a ebetumi aboa wo.
Mma adwinnwen nnhyɛ wo so
Bible ka sɛ: “Onipa komam dadwen ma ne koma botow, na asɛmpa ma enya anigye.”—Mmebusɛm 12:25.
Bible betumi aboa wo na adwinnwen anhyɛ wo so. Wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka saa a, ɛnde kenkan asɛm a yɛato din, “Nea Bible Ka Fa Adwinnwen Ho.”
Mma ankonamyɛ nnhyɛ wo so
Bible ka sɛ: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.”—Mmebusɛm 17:17.
Afotusɛm bebree wɔ Bible mu a ɛbɛboa wo ama woafa nnamfo na woanyɛ ankonam. Wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka saa a, ɛnde kenkan asɛm a yɛato din “Fa Adamfo Na Woanyɛ Ankonam—Bible Betumi Aboa Wo.”
Dɔ Onyankopɔn ne wo yɔnko nnipa
Bible ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn. . . . Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”a—Mateo 22:37-39.
Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛboa ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse. Wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, ɛnde kenkan asɛm a yɛato din “Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?”
Yesu kyerɛɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so ne nnipa tena. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, ɛnde kenkan asɛm a yɛato din “Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?”
Enti, ɛwom sɛ yɛte mmere bɔne mu de, nanso Bible betumi aboa yɛn ama yɛanya anigye. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo, ma yɛne no nsua Bible a wuntua hwee.
a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.