NASA Photo
MONKƆ SO NWƐN!
Yebenya Aban a Ase Atim Ama Adi Wiase So Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Seesei wiase aman dodow no ara, aban a edi wɔn so no nni asomdwoe; wɔn ti keka. Baabi a asɛ aban no ase atim mpo no, biribi tumi si ma ɛwosow aban no. Ebi ne sɛ, wobɛhwɛ na aban no mu nipa bi akɔyɛ biribi ama akɔfa animguase aba. Baabi wɔ hɔ nso a, sɛ wɔto aba a, nea odii nkonim ne nea odii nkogu no, ɛyɛ a na wɔbɔ so paa, enti nea odii nkonim no, wobɛhwɛ na onni tumi saa. Mmeae bebree nso, nea aban no bɛyɛ biara, nkurɔfo benya ho asɛm aka, na akokoakoko nso tumi si aman bi so.
Bible ma yehu sɛ aban bi wɔ hɔ a ɛno de, ase atim; biribiara rentumi nwosow no. Yegye di sɛ ebia woate saa aban no ho asɛm. Ɛno na Yesu Kristo kaa ho asɛm wɔ Awurade mpaebɔ no mu no. Ɔkaa sɛ:
“Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’Ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ ɔsoro.’”—Mateo 6:9, 10.
Dɛn na Bible ka fa saa Ahenni yi ho?
Ahenni no yɛ aban a ase atim
Ahenni no wɔ soro, na ebedi asaase so.
Yesu frɛɛ saa aban no “ɔsoro Ahenni.” (Mateo 4:17; 5:3, 10, 19, 20) Ɛno nti ɔkaa sɛ: “M’Ahenni mfi wiase.”—Yohane 18:36.
Ahenni no beyi wiase aban nyinaa afi hɔ, na ɛno nko ara na ebedi ade wɔ wiase.
Bible ka sɛ: ‘Saa Ahenni yi bebubu nnipa ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.’—Daniel 2:44.
Yesu Kristo na obedi saa Ahenni no so hene, na ɛrensɛe da.
Bible ka sɛ: “Ne tumi yɛ tumi a etim hɔ daa; ɛrentwam da. Na n’ahenni nso, wɔrensɛe no da.”—Daniel 7:13, 14.
Ahenni no de asomdwoe ne ahotɔ bɛba wiase.
Bible ka sɛ: “Obiara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase asomdwoe mu, na obiara renhunahuna wɔn.”—Mika 4:4, Good News Translation.
Sua Ahenni no ho ade pii
Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔde ne bere nyinaa “kaa Ahenni no ho asɛmpa.” (Mateo 9:35) Ɔsan ka too hɔ sɛ:
“Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
Ɛnnɛ, yɛreka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ aman bɛboro 240 so. Yɛsrɛ wo, sua saa aban yi ho ade pii, na hwɛ kwan a wobɛfa so anya nhyira a ɛde bɛba no bi.
Yɛsrɛ wo hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?