Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 7
  • M’ani Nnye Sukuu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • M’ani Nnye Sukuu Ho
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛbɛboa wo ni
  • Minnyae Sukuu Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nya Nea Eye Sen Biara Fi Sukuu Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • So Ɛsɛ Sɛ Mekɔ Sukuu?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 7

Na Sɛ Minhu Sukuu So Mfaso Ɛ?

Nea ɛbɛboa wo ni

Nya adesua ho adwempa. Bɔ mmɔden hu sɛnea ɛbɛboa wo daakye. Nea wusua wɔ sukuu no, seesei de, ebia ɛnyɛ ne nyinaa na wubehu mfaso a ɛwɔ so. Nanso nneɛma ahorow ahorow a wusua wɔ sukuu no betumi abue w’adwenem na woate nneɛma a atwa wo ho ahyia no ase yiye. Ɛbɛboa wo ama ‘woayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa,’ na ama woatumi ne nnipa a wofi mmeaemmeae akasa. (1 Korintofo 9:22) Sukuu ammoa wo koraa no, ɛbɛma woatumi asusuw nsɛm ho yiye. Wei yɛ biribi a ɛbɛboa wo daakye.

Nya wo kyerɛkyerɛni ho adwempa. Sɛ wote nka sɛ wo kyerɛkyerɛni ho nyɛ anika a, mfa w’adwene nsi ne so, mmom fa w’adwene si nea ɔrekyerɛ no so. Kae sɛ, nea wo kyerɛkyerɛni no rekyerɛ wo no, ebia wakyerɛ sukuufo foforo saa ade no ara mpɛn pii anaa mpɛn ɔhaha pii mpo. Enti ebetumi aba sɛ ahokeka a odii kan de kyerɛɛ ade a woresua seesei no, ɛnyɛ mmerɛw mma no sɛ ɔbɛkɔ de saa ahokeka koro no ara akyerɛ ade.

Nyansahyɛ bi ni: Nea ɔrekyerɛ no, yɛ ho kyerɛwtohɔ. Sɛ wonte biribi ase a, fa obu bisa no ma ɔnkyerɛkyerɛ wo mu. Afei ma w’ani nnye nea ɔrekyerɛ no ho.

Nya nea wutumi yɛ ho adwempa. Sɛ wowɔ ɔdom akyɛde bi a wunnya nhui a, sukuu betumi ama woahu. Paul kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: ‘Onyankopɔn akyɛde a wunyae no, hyɛ mu gya.’ (2 Timoteo 1:6) Nea ɛwom ne sɛ, na Timoteo anya honhom kronkron akyɛde bi. Nanso na ehia sɛ ɔyɛ saa “akyɛde” no ho adwuma na anna hɔ ansɛe kwa. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn amfa nhomanim ammɔ yɛn tẽẽ. Nanso obiara wɔ ne dom akyɛde; wo nso wo de yɛ soronko. Eb ia na wobɔ mmɔden wɔ biribi mu a wunnim. Sukuu betumi aboa wo ama woahu na woayere wo ho ayɛ no yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena