Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 102
  • Minnyae Sukuu Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Minnyae Sukuu Anaa?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea enti a ebinom gyae sukuu
  • Dwen nsunsuanso a ɛde bɛba
  • Ɔkwan pa a wubetumi afa so
  • M’ani Nnye Sukuu Ho
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
  • Sukuu Adesua Mu Mmɔdenbɔ ho hia Dɛn?
    Nyan!—1984
  • So Metumi Abɔ Mmɔden Asen Nea Meyɛ Wɔ Sukuu Mu No?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 102
Aberantewa bi afi sukuu mu rekɔ fie. Sɛnea wama ne nsa so no, wuhu sɛ sukuu afono no. Wohwɛ n’akyi a, wuhu sukuufo no bi wɔ hɔ.

MMABUN BISA SƐ

Minnyae Sukuu Anaa?

“Mempɛ sukuu koraa!” Sɛ saa na wote nka a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ gyae sukuu. Yɛrebɛhwɛ nneɛma bi a woyɛ a ɛbɛboa wo kɛse.

  • Nea enti a ebinom gyae sukuu

  • Dwen nsunsuanso a ɛde bɛba

  • Ɔkwan pa a wubetumi afa so

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea enti a ebinom gyae sukuu

Tikyafo ne sukuu mpanyimfo kyerɛ sɛ, nneɛma a edidi so yi na ɛtaa ma nkurɔfo gyae sukuu:

  • Adesua yɛ wɔn den dodo. ‘Mekyerɛw sɔhwɛ biara a, ɛnkɔ yiye.’

  • Sukuu nni wɔn mu. ‘Nea meresua wɔ sukuu no, minhu mfaso biara a ɛwɔ so.’

  • Sikasɛm. ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma pɛ sika de boa m’abusua.’

Dwen nsunsuanso a ɛde bɛba

Bible ka sɛ: “Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Dɛn na yesua fi asɛm yi mu? Sɛ ɛyɛ wo sɛ gyae sukuu a, di kan dwen nsunsuanso a ɛde bɛba.

Bisa wo ho sɛ:

  • ‘Migyae sukuu a, daakye menya adwuma ayɛ?’

    “Ma ɛntena w’adwene mu sɛ daakye ebehia sɛ woyɛ adwuma hwɛ w’abusua. Nanso wobɛyɛ dɛn ayɛ saa wɔ bere a nnwuma pii mu no, sɛ wɔbɛfa wo a, gye sɛ anyɛ hwee koraa woawie ntoaso sukuu?”—Julia.

  • ‘Migyae sukuu a, daakye sɛ ɔhaw foforo ba a, metumi agyina?’

    “Sukuu siesie wo ma wo daakye abrabɔ. Daakye, nnipa a wubehyia wɔn oo, sɔhwɛ a ɛbɛto wo oo, adwuma a wobɛyɛ oo, ne nyinaa bɛyɛ te sɛ bere a wowɔ sukuu no ara.”—Daniel.

  • ‘Migyae sukuu a, nneɛma a ɛsɛ sɛ mihu yɛ ansa na manyin no, mɛyɛ dɛn ahu?’

    “Nea wusua wɔ sukuu no, ebia worenhu mfaso a ɛwɔ so seesei. Nanso sɛ wudi mfe 23 na woresese wo sika a, wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ meyeree me ho suaa “maths.”’”—Anna.

Ɔkwan pa a wubetumi afa so

  • Hwehwɛ mmoa. Bible ka sɛ: “Agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.” (Mmebusɛm 11:14) Sɛ ba ara na woreba fam wɔ sukuu a, kohu w’awofo, tikyani bi, sukuu fotufo, anaa ɔpanyin bi a wugye no di na ɔmmoa wo mma wunhu nea woyɛ a ɛbɛma woakɔ w’anim.

    “Adesua no, sɛ wunhu so a, wo ne wo tikya nka ho asɛm. Ɛtɔ da a ɛbɛyɛ wo sɛ ɔhaw no fi wo tikya, nanso sɛ wubisa ne mmoa a, ebetumi ama nneɛma ayɛ yiye.”—Edward.

  • Hwɛ mfaso a ɛde bɛbrɛ wo daakye. Bible ka sɛ: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Sɛ wuwie sukuu a, wubehu sɛ sukuu aboa wo ama woanya nimdeɛ ne ntetee a wubehia wɔ w’abrabɔ mu daakye.

    “Sɛ wunyin a, ebia worenkyerɛw ‘essay’ bio, na worensua ade nso nkɔkyerɛw nsɔhwɛ biara. Nanso ɔhaw a wuhyia wɔ sukuu mu no, sɛ wutumi di so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubedi ɔhaw a wubehyia so daakye.”—Vera.

    Aberantewa bi resi afi hyɛmma mu bere a ennya nnyinae. Ne sukuufo ne ne tikya reteɛm ka kyerɛ no sɛ mma onnsi.

    Sɛ wugyae sukuu a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woresi afi hyɛmma a ennya nnyinae mu; anhwɛ a wubenu wo ho sɛ woantena mu!

  • Hwɛ sɛ biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ anaa. Bible ka sɛ: “Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Mpere wo ho nka sɛ sukuu no ara na ɛsɛ sɛ wugyae. Wopɛ a, wubetumi atoa adesua no so wɔ intanɛt so anaa woama obi abɛkyerɛ wo ade wɔ fie.

    “Sukuu ma wusua sɛ wobɛyɛ adwumaden, wubedi ɔhaw a wuhyia ho dwuma, na wo ne afoforo abom ayɛ ade. Mfaso a ɛwɔ so no kɔ akyiri. Sɛ wumia w’ani wie sukuu a, wommrɛ ngui koraa.”—Benjamin.

Nea yɛreka akosi: Yere wo ho wie sukuu, na wubenya ntetee a wunyin a ɛbɛboa wo.

Nea w’atipɛnfo ka

Annabelle.

“Sɛ worepɛ adwuma na sɛ woawie sukuu a, ebetumi ama wɔafa wo ntɛm. Sukuu a wutumi wiei no ma nkurɔfo hu sɛ wufi biribi ase a, wutumi wie. Mfaso nni so sɛ wubegyae sukuu.”—Annabelle.

Cole.

“Sukuukɔ nna fam, enti anhwɛ a wubegyae apɛ wo baabi atena. Nanso baabi a wobɛfa biara wubehyia ɔhaw, na ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea wubedi so. Sukuu ma wusua sɛnea wunyin a wubedi nneɛma ho dwuma.”—Cole.

Brynn.

“Sɛ wunyin a, ebia ɛho renhia sɛ wubu nkontaa denneennen biara. Nanso ebehia sɛ wuhu sɛnea wode bere bɛyɛ adwuma yiye ne sɛnea wɔma wo adwuma a wubewie bere ano, na ebehia mpo sɛ wusua sɛ wobɛsɔre ntɛm. Sukuu tumi boa wo ma wusua saa nneɛma no.”—Brynn.

Ntimu: Minnyae sukuu anaa?

  • Dwen nsunsuanso a ɛde bɛba. Kae sɛ wugyae sukuu a, anhwɛ a worennya adwuma, nneɛma a anka wopɛ sɛ wusua nso, worentumi nsua, na sɛ wuhyia ɔhaw a, ɛbɛyɛ den sɛ wubedi so.

  • Hwehwɛ mmoa. Sɛ ba ara na woreba fam wɔ sukuu a, kohu w’awofo, tikyani bi, sukuu fotufo, anaa ɔpanyin bi a wugye no di na ɔmmoa wo.

  • Hwɛ mfaso a ɛde bɛbrɛ wo daakye. Nea wusua wɔ sukuu no bɛboa wo ama woanya nimdeɛ. Sukuu san boa wo ma wuhu sɛnea wubesua ade, sɛnea wobɛyɛ biribi awie bere ano, ne sɛnea sɛ wɔde biribi hyɛ wo nsa a wubetumi ayɛ no yiye.

  • Hwɛ sɛ biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ anaa. Sɛ biribi nti sukuu no ara na ɛsɛ sɛ wugyae a, hwɛ sɛ biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ anaa. Ebi ne sɛ wubetumi atoa adesua no so wɔ intanɛt so anaa woama obi abɛkyerɛ wo ade wɔ fie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena