Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 35
  • Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Buronya amanne ho abakɔsɛm
  • Buronya​—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Buronya—Dɛn Nti na Wodi Wɔ Apuei Fam Mpo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Buronya—Wiase Dapɔnna Anaa Nyamesom Dapɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 35

Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?

Nea Bible ka

Bible nkyerɛ da pɔtee a wɔwoo Yesu, saa ara nso na ɛnka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ yedi n’awoda. McClintock and Strong Cyclopedia nhoma no ka sɛ: “Onyankopɔn nhyɛɛ obiara sɛ onni Buronya. Sɛ wohwɛ Apam Foforo no mu nso a, worenhu Buronya ho asɛm biara.”

Mmom no, abakɔsɛm ma yehu sɛ Buronya fi abosonsom mu. Bible kyerɛ sɛ, sɛ yɛansom Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ a, yɛhyɛ no abufuw.—Exodus 32:5-7.

Buronya amanne ho abakɔsɛm

  1. Yesu awodadi: “Tete Kristofo no anni [Yesu] awoda efisɛ na wobu awodadi sɛ abosonsomfo amanne.”—The World Book Encyclopedia.

  2. December 25: Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu saa da no. Sɛ edu awɔw bere anaa ɛreyɛ abɛn awɔw bere a, na abosonsomfo di afahyɛ ahorow bi. Ɛbɛyɛ sɛ asɔfo mpanyimfo faa saa da yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne afahyɛ ahorow yi behyia.

  3. Nneɛma a wɔde kyekyɛ, adidi, ne apontow: Encyclopedia Americana ka sɛ: “Saturnalia yɛ Romafo afahyɛ a na wodi no December mfinimfini mu hɔ. Edu so a, na nkurɔfo didi nom. Afei nso na wɔto pon, kyekyɛ nneɛma, na na wɔhyew kyɛnere. Nneɛma a wɔyɛ wɔ Buronya bere no pii fi saa amanne yi mu.” Encyclopædia Britannica nso kyerɛ sɛ, sɛ edu Saturnalia a, na “obiara nyɛ adwuma.”

  4. Buronya nkanea: Sɛnea Encyclopedia of Religion kyerɛ no, edu awɔw bere a, na Europefo di afahyɛ bi de pam ahonhommɔne. Ná nkurɔfo de “nkanea ne nhwiren frɔmfrɔm” siesie wɔn fie.

  5. Mmatannua, nkyeneduru: “Ná Druidfo gye di sɛ tumi bi wɔ mmatannua mu. Ná wɔsom nkyeneduru a daa ɛyɛ frɔmfrɔm no, efisɛ na wogye di sɛ egyina hɔ ma owia a ɛbɛsan apue no.”—The Encyclopedia Americana.

  6. Buronya dua: “Abosonsomfo a wɔwɔ Europe deɛ, na wɔsom nnua paa. Wɔbɛyɛɛ Kristofo mpo, wɔannyaa mu.” Ɛho nhwɛso ni: “Sɛ edu afahyɛ a wodi wɔ awɔw bere mu no a, na nkurɔfo de Yule dua sisi wɔn fie anaa wɔn apon ano.”​—Encyclopædia Britannica.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena