Yehowa Adansefo Asesa Bible No Ama Ɛne Wɔn Gyidi Ahyia Anaa?
Daabi, yɛnyɛɛ saa. Mmom, nea yɛayɛ ne sɛ, nea yegye di no, ebi wɔ hɔ a yɛabehu sɛ ɛnyɛ saa paa na Bible ka, enti yɛasesa no.
Ná yɛyɛ Bible mu nhwehwɛmu ansa koraa na yɛrefi ase ayɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no afe 1950. Bible ahorow a na ɛwɔ hɔ ansa na yɛreyɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no, na yɛde yɛ adwuma, na ɛno ara so na na yɛn gyidi gyina. Ma yɛnhwɛ nneɛma kakra bi a Yehowa Adansefo fi bere tenten agye di, na wo ara hwɛ sɛ, ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no hyia anaa.
Nea yegye di: Onyankopɔn nyɛ Baasakoro, anaa anyame mmiɛnsa a wɔka bom yɛ Onyankopɔn baako. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1882 no kaa sɛ: “Nkurɔfo a wɔkenkan yɛn nhoma no nim sɛ, yegye Yehowa Nyankopɔn, Yesu, ne Honhom kronkron di, na wɔnim nso sɛ, nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a, ɛno de, yennye ntom. Saa nkyerɛkyerɛ no ne sɛ, anyame mmiɛnsa na wɔka bom yɛ Onyankopɔn baako, anaa sɛnea ebinom ka no no, Onyankopɔn baako na wakyekyɛ ne mu mmiɛnsa. Nea enti a yennye nni ne sɛ, ɛnyɛ saa koraa na Bible kyerɛkyerɛ.”
Nea Bible ka: “Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.” (Deuteronomium 6:4, The Holy Bible, by Robert Young) “Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:6, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe) Yesu ankasa kaa sɛ: ‘Agya no wɔ tumi sen me.’—Yohane 14:28, Akuapem Twi Nkwa Asɛm.
Nea yegye di: Ɔbonsam gya biara nni hɔ a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wom. Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 1882 no, asɛmti a na ɛda so ne, “Bɔne So Akatua Ne Owu.” Ɛfaa saa asɛm no fii Romafo 6:23 wɔ King James Version Bible no mu. Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Asɛm a ɛne sɛ bɔne so akatua ne owu no, emu da hɔ, na ɛnyɛ den sɛ obi bɛte ase. Nanso, nea ɛyɛ nwanwa ne sɛ, nnipa bebree a wɔkyerɛ sɛ wɔgye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ, wɔnnye saa asɛm a emu da hɔ no nni. Mmom wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, Bible kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade afebɔɔ, na ɛno na ɛyɛ bɔne so akatua.”
Nea Bible ka: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu.” (Hesekiel 18:4, 20, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe) Nkurɔfo a wɔsɔre tia Onyankopɔn no, asotwe a etwa to a ɛbɛba wɔn so ne “daa ɔsɛe,” na ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade afebɔɔ.—2 Tesalonikafo 1:9, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.
Nea yegye di: Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa, ɛnyɛ biribi a ɛwɔ nnipa komam kɛkɛ. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa December 1881 no kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm sɛ: “Sɛ Onyankopɔn Ahenni no fi ase di tumi a, ebeyi ahenni a ɛwɔ asaase so nyinaa afi hɔ.”
Nea Bible ka: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.
Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no, ɛno nko ara ne Bible a Yehowa Adansefo de kyerɛkyerɛ nea wɔgye di mu anaa?
Ɛnte saa, efisɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no, yɛde Bible ahorow ahorow na ɛyɛ. Yɛkɔ asɛnka a, yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye wɔn sika biara. Sɛ onipa no pɛ a, yɛma no Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no bi a ontua hwee, na yɛne no de ayɛ adesua no. Nanso, sɛ obi ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Bible foforo na esua ade a, yɛpene so.