Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 47
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Midi Nokware?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Midi Nokware?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea enti a nnipa binom nni nokware
  • Nea enti a mfaso wɔ nokwaredi so
  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Di Nokware Wɔ Nneɛma Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Dɛn Na Ɔnokwafo A Wobɛyɛ No Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 47
Abarimaa bi de krataa rema abarimaa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobewia sɔhwɛ mu

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Midi Nokware?

  • Nea enti a nnipa binom nni nokware

  • Nea enti a mfaso wɔ nokwaredi so

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea enti a nnipa binom nni nokware

Wɔ nnɛ wiase yi mu no, akɔyɛ sɛ mfaso nni nokwaredi so. Ade yi, nea ebinom ka ne sɛ:

  • ‘Sɛ manni atoro ankyerɛ m’awofo a wɔbɛtwe m’aso.’

  • ‘Sɛ manwia sukuu sɔhwɛ yi mu a, mɛwe.’

  • ‘Sɛ manwia saa ade yi a, ɛnde gye sɛ meto susu ansa na matumi atɔ.’

Afei nso, ebia ebinom mpo bɛka sɛ, ‘sɛ́ wei de ɛnyɛ hwee. Adɛn, me nko ara na minni nokware? Nokwaredi de, wunhu sɛ abɔ obiara?’

Asɛm no ho mmuae yɛ dabi. Nnipa pii a mmabun nso ka ho gye di sɛ nokwaredi so wɔ mfaso, na nea wogyina so ka saa no, ntease wom pa ara. Bible ka sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Yɛbɛka a, nea yɛbɛyɛ biara, yebetwa so aba pa anaa aba bɔne.

Susuw ho hwɛ. Atoro a nnipa binom dii nti, yɛnhwɛ ɔhaw kɛse a ɛkɔfa brɛɛ wɔn.

“Ná me ne aberante bi rekasa wɔ fon so nanso bere a me maame bisaa me no, meka kyerɛɛ no sɛ ɛnte saa. Me maame hui pefee sɛ meredi atoro. Bere a obisaa me ne mprɛnsa so nanso manka nokware no, ne bo fuwii pa ara. M’awofo amma mankɔ baabiara nnawɔtwe mmienu. Afei nso, wogyee me fon fii me nsam bosome baako; saa bere no nyinaa nso wɔamma manhwɛ TV. Efi saa bere no, manni atoro ankyerɛ m’awofo bio!”​—Anita.

Susuw wei ho hwɛ: Wohwɛ a, adɛn nti na ebegye bere ansa na Anita maame asan agye no adi bio?

Bible ka sɛ: “Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”​—Efesofo 4:25.

“Midii atoro kyerɛɛ m’awofo, na metee nka sɛ mafa me ho adi kosii sɛ akyiri yi wɔsan bisaa me sɛ menka nea mise esii no nkyerɛ wɔn bio. Nea mekae ne nea na madi kan aka no anhyia koraa; na menkae nea mekae no mpo. Sɛ woka nokware bere nyinaa a, worenhyia ɔhaw a ɛte saa!”​—Anthony.

Susuw wei ho hwɛ: Wohwɛ a, dɛn na na anka ɛsɛ sɛ Anthony yɛ na saa animguase no amma?

Bible ka sɛ: “Atoro ano [tɛkrɛma] yɛ Yehowa akyide, na wɔn a wodi nokware no ma n’ani gye.”​—Mmebusɛm 12:22.

“Mewɔ adamfo bi a sɛ ɔrekasa a, ɔka ne nsɛm ma ɛyɛ dɛ dodo. Ɔhaahaa n’ani ka nea ennim nyinaa. Mepɛ n’asɛm na mebɔ mmɔden sɛ meremfa m’adwene nkɔ nea ɔka nyinaa so. Nanso, ɛyɛ me den pa ara sɛ megye no adi anaa menya ne mu awerɛhyem.”​—Yvonne.

Susuw wei ho hwɛ: Wohwɛ a, dɛn nti na nsɛm a Yvonne adamfo no haahaa n’ani ka, ne atoro “nketenkete” a odi no betumi asɛe ne din?

Bible ka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—Hebrifo 13:18.

Ɔdan bi a ne fapem no apaapae

Sɛ ɔdan bi fapem nye a, etumi ka ɔdan no nyinaa; saa ara na sɛ wudi atoro a, etumi sɛe wo din

Nea enti a mfaso wɔ nokwaredi so

Afei susuw mfaso a wo nokwaredi betumi de aba ho hwɛ.

Ná menam kwan so rekɔ baabi, na maame bi a odi m’anim sika tɔɔ fam. Mefrɛɛ no de ne sika no maa no. N’ani gyei pa ara na ɔkaa sɛ: ‘M’ani asɔ nea woayɛ yi pa ara. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛyɛ nea woayɛ yi.’ Nea maame no kae no maa me ti dae efisɛ ohui sɛ mayɛ adepa.”​—Vivian.

Susuw wei ho hwɛ: Wohwɛ a, dɛn nti na Vivian nokwaredi no maa maame no ho dwiriw no? Ɔkwan bɛn so na Vivian nyaa ne nokwaredi no so mfaso?

Bible ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔyɛ . . . adetrenee bere nyinaa.”​—Dwom 106:3.

“Ná adwuma a yɛn abusua yɛ ne sɛ yesiesie adan mu. Ɛtɔ mmere bi na yɛresiesie obi ɔfese a, na yetumi nya coins wɔ fam. Ɛba saa a, yɛsan de to ɔpon a ɛbɛn hɔ pa ara so. Adwumayɛfo no mu baako de, daa na ne bo afuw yɛn sɛ yɛyɛ frenkyemm dodo. Nea na ɔtaa ka ara ne sɛ ‘Wei ketekete yi de, sɛ́ ɛnyɛ sika!’ Nanso wunim? Bere nyinaa na ogye yɛn di pa ara.”​—Julia.

Susuw wei ho hwɛ: Suban pa a Julia daa no adi no, sɛ ɔrepɛ adwuma foforo a, sɛn na wobedi ne ho adanse akyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔfa no adwuma mu no? Ne nokwaredi no bɛboa no sɛn?

Bible ka sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a ɔfata, odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho.”​—2 Timoteo 2:15.

“Meyɛɛ adwuma nnɔnhwerew 64 nanso bere a merekogye m’akatua no, mihui sɛ wɔama me nnɔnhwerew 80 mmom akatua. Ɛwom sɛ migyee saa sika no a, anka metumi de atwitwa me ho kakra, nanso na merentumi nnye saa sika no. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ nea na ɔretua me ka no, na n’ani gyei pa ara. Adwumakuw no wɔ sika, nanso ɛnyɛ me botae ne sɛ megye sika bi a ɛbɛyɛ te sɛ nea mawia.”​—Bethany.

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ wuwia adwumakuw bi sika a, wobɛka sɛ ɛno de ɛnyɛ bɔne te sɛ nea wubewia onipa pɔtee bi ade anaa?

Bible ka sɛ: “Yehowa kyi okontomponi, na teefo na Ɔne wɔn di atirimsɛm.”​—Mmebusɛm 3:32.

Nea w’atipɛnfo ka

  • Tobi

    TOBI

    Mmɔden a sukuufo bɔ de wia sɔhwɛ mu nnansa yi no yɛ nwonwa pa ara. Sɛ wɔde saa mmɔdenbɔ no mu fã pɛ mpo sua ade a, anka wobetwa sɔhwɛ no!

  • Austin

    AUSTIN

    Ɛyɛ a mibisa me ho sɛ, ‘sɛ meka nokware a, ɔhaw kɛse bɛn na ebetumi de abrɛ me?’ Afei mede toto ɔhaw a sɛ midi atoro a metumi akɔ mu ho. Nsunsuanso a midi atoro a ɛde bɛba no, sɛ midwen ho a, ɛboa me ma mekwati atorodi.

  • Heidy

    HEIDY

    Nnipa pii di atoro bere wɔte nka sɛ, sɛ wɔka nokware a ɛde wɔn bɛkɔ ɔhaw mu no. Nanso ɛyɛ papa sɛ wobɛka nokware na woanya asotwe mmom sen sɛ wubedi atoro na w’ahonim anaa wo tiboa ahaw wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena