Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 69
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne mpaebɔ?
  • Onyankopɔn tie mpaebɔ?
  • Dɛn na metumi abɔ ho mpae?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 69
Ababaa bi a wakɔtena nsu ho

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, mmerantewa ne mmaayewa a wɔwɔ Amerika no, wuyi du biara a, wɔn mu nwɔtwe na ɛbɔ mpae. Wɔn a wɔbɔ mpae no nso, wɔn mu fã pɛ na wɔbɔ no da biara. Ebia wɔn mu bebree bebisa wɔn ho sɛ: ‘Mpaebɔ yɛ biribi a edwudwo koma kɛkɛ anaa?’

  • Dɛn ne mpaebɔ?

  • Onyankopɔn tie mpaebɔ?

  • Dɛn na metumi abɔ ho mpae?

  • Nea w’atipɛnfo ka

Dɛn ne mpaebɔ?

Mpaebɔ yɛ ɔkwan a obi fa so ne Ɔbɔadeɛ no kasa, na ɛyɛ akwannya kɛse paa! Yehowa sõ sen obi biara a ɔwɔ asase so, nanso “ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Asomafo Nnwuma 17:27) Bible ka asɛmdɛ yi kyerɛ yɛn sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yakobo 4:8.

Wobɛyɛ dɛn abɛn Onyankopɔn?

  • Baako ne sɛ wobɛbɔ mpae. Mpaebɔ yɛ ɔkwan a wofa so ne Onyankopɔn kasa.

  • Baako nso ne sɛ wubesua Bible. Yɛbɛka a, Bible a wubesua no yɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so ne wo kasa.

Sɛ wobɔ mpae na wusua Bible a, ɛbɛboa ama wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama.

“Yehowa ne Ɔsorosoroni no, enti ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ nnipa tumi ne no kasa.”​—Jeremy.

“Sɛ mebɔ Yehowa mpae na meka me komam asɛm kyerɛ no a, ɛma mete nka sɛ mabɛn no.”​—Miranda.

Onyankopɔn tie mpaebɔ?

Sɛ woyɛ obi a wugye Onyankopɔn di anaa wobɔ no mpae mpo a, ɛtɔ da a ebia wubisa sɛ, ‘Enti Onyankopɔn tie mpaebɔ?’ Nanso Bible ka sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Ɛsan ka sɛ ‘tow wo dadwen nyinaa gu no so.’ Adɛn ntia? ‘Efisɛ odwen wo ho.’​—1 Petro 5:7.

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wo nnamfo a wɔbɛn wo paa no, ɛyɛ a wontaa nnya bere ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ? Onyankopɔn nso, saa ara na ɛsɛ sɛ wunya bere ma no. Bɔ no mpae bere nyinaa, na worebɔ mpae nso a, ɛyɛ a fa ne din Yehowa no frɛ no. (Dwom 86:5-7; 88:9) Bible ka sɛ ‘nnnyae mpaebɔ da.’​—1 Tesalonikafo 5:17.

“Mpaebɔ yɛ ɔkwan a mefa so ne m’Agya a ɔwɔ soro no kasa na meka me komam nsɛm nyinaa kyerɛ no.”​—Moises.

“Sɛnea me ne me maame ne m’adamfo paa bɔ nkɔmmɔ kɔ akyiri no, saa ara na mitumi ka me tirim asɛm kyerɛ Yehowa.”​—Karen.

Dɛn na metumi abɔ ho mpae?

Bible ka sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.”​—Filipifo 4:6.

Wei kyerɛ sɛ nneɛma bi haw wo a, wubetumi abɔ ho mpae anaa? Yiw! Efisɛ Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.”​—Dwom 55:22.

Nanso sɛ worebɔ Onyankopɔn mpae a, ɛnyɛ wo haw nko ara na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm. Ababaa bi a ɔde Chantelle kaa sɛ: “Sɛ ɛkɔba sɛ me de daa na meresrɛ biribi afi Yehowa hɔ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ menyɛ adamfo pa. Mihu sɛ ehia sɛ ɛyɛ a midi kan da no ase, na ɛsɛ sɛ nneɛma a meda no ase wɔ ho no mpo dɔɔso.”

Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wohwɛ w’abrabɔ mu a, nneɛma bɛn na wubetumi ada Yehowa ase wɔ ho? Nneɛma mmiɛnsa bɛn na wubetumi ada no ase wɔ ho nnɛ?

“Nneɛma nketenkete mpo betumi aka yɛn ama yɛabɔ mpae ada Yehowa ase. Ebi ne sɛ ebia woahu nhwiren bi a ɛyɛ fɛ.”—Anita.

“Nneɛma a Onyankopɔn abɔ no, sɛ ebi wɔ hɔ a w’ani gye ho paa anaa Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛka wo koma a, dwinnwen ho na bɔ Yehowa mpae da no ase wɔ ho.”​—Brian.

Nea w’atipɛnfo ka

Moises

“Sɛnea ɛpo mu dɔ no, saa na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn mpaebɔ mu dɔ. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nsu kakraa bi a ɛtaa hɔ. Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn, na ansa na yebebisa no biribi mpo na onim dedaw. Nanso sɛ yɛma yɛn mpaebɔ mu dɔ a, ɛkyerɛ sɛ yegye no di paa.”​—Moises.

Miranda

“Mpaebɔ te sɛ ahama a Yehowa aso fã na me nso maso fã. Sɛ mebɔ mpae ka me komam asɛm a, na ɛte sɛ nea maso ahama no mu denneennen, na Yehowa nso bɛyɛ n’afã mu de ama adamfofa no asɔ.”​—Miranda.

Jeremy

“Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn mpaebɔ bɛyɛ adesrɛ nko ara. Nanso sɛ yɛda Yehowa ase wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ɛma yehu nneɛma pa bebree a ɔde ama yɛn no, na yɛkyerɛ ho anisɔ. Ɛremma yɛn mpaebɔ mfa nea yehia nko ara ho.”​—Jeremy.

Shelby

“Sɛ yɛtaa da Yehowa ase a, ɛma yɛn ani sɔ nneɛma a yɛwɔ. Sɛ yɛbɔ mpae da Yehowa ase a, ɛma yɛde yɛn adwene kɔ nhyira a yenya so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛhaw yɛn.”​—Shelby.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena