-
Hesekiel 42:13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Adidibea a ɛwɔ atifi ne adidibea a ɛwɔ anaafo a ɛbɛn baabi a wɔagyaw ato hɔ+ no yɛ adidibea kronkron. Ɛhɔ na asɔfo a wɔba Yehowa anim no di ade kronkron paa no.+ Ɛhɔ nso na wɔde nneɛma kronkron paa no, nneɛma a wɔde bɔ aduan afɔre, bɔne ho afɔre, ne afodi afɔre no gu, efisɛ ɛhɔ yɛ kronkron.+
-