Wukuda, October 15
Mene Alfa ne Omega.—Adi. 1:8.
Greek nkyerɛwde no, nea edi kan ne Alfa, na nea etwa to ne Omega. Enti ka a Yehowa kaa sɛ “Mene Alfa ne Omega” no kyerɛ sɛ, sɛ ofi biribi ase a, ɔmfa nkɔso kwan mu; ɔyɛ wie. Bere a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa wiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.’” (Gen. 1:28) Sɛ yɛbɛka a, saa bere no Yehowa kaa sɛ “Mene Alfa,” kyerɛ sɛ, mfiase no ara na ɔmaa nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mu daa hɔ pefee. Ɛne sɛ: Bere bi bɛba a Adam ne Hawa asefo a wɔyɛ asoɔmmerɛw a bɔne biara nni wɔn ho bɛhyɛ asaase so ma na wɔama adan paradise. Ebedu saa bere no, na Yehowa atirimpɔw abam, enti sɛ yɛbɛka a, Yehowa bɛka sɛ “Mene Omega.” Bere a Yehowa bɔɔ “ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa” wiei no, ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ sɛnea ɛte biara, n’atirimpɔw bɛbam. Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ sɛnea ɛte biara, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adasamma ne asaase no, ɛbɛbam. Da a ɛtɔ so nson no bɛba awiei no, na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no nyinaa abam.—Gen. 2:1-3. w23.11 5 ¶13-14
Yawda, October 16
Munsiesie Yehowa kwan! Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.—Yes. 40:3.
Sɛ obi fi Babilon rekɔ Israel a, na ebegye no bɛyɛ abosome nnan, efisɛ na ɔkwan no so fa nna fam. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔsi kwan so a, biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama wɔn no, obeyi afi hɔ. Yudafo anokwafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, na wɔnim sɛ nhyira a wɔbenya no bɛdɔɔso paa; ná ɛbɛsen biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre. Nhyira no mu kɛse paa ne sɛ na wɔbenya kwan asom Yehowa. Ná Yehowa asɔrefie nni Babilon. Afɔre ahorow a na Mose Mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ no, na afɔremuka biara nni hɔ a wɔbɛbɔ wɔ so. Afei nso, na asɔfodi nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛhwɛ ama afɔrebɔ a ɛtete saa no akɔ so. Bio nso, abosonsomfo a na ɛwɔ kurow no mu no, na wɔdɔɔso koraa sen wɔn a na wɔdi Yehowa mmara so. Enti Yudafo mpempem a na wɔdɔ Onyankopɔn no, na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom asan akɔpagyaw nokwaresom. w23.05 14-15 ¶3-4
Fida, October 17
Monkɔ so nnantew sɛ hann mma.—Efe. 5:8.
Yehia Onyankopɔn honhom kronkron no na aboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ yɛn bra “sɛ hann mma.” Adɛn ntia? Efisɛ wiase a ɔbrafĩ adonnɔn no yi, sɛ obi wom a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so ama ne ho atew. (1 Tes. 4:3-5, 7, 8) Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛako atia wiase adwene a ɛne Onyankopɔn de nhyia no. Afei nso, honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛasow ‘papayɛ ne trenee’ aba. (Efe. 5:9) Ade baako a yebetumi ayɛ de anya honhom kronkron ne sɛ, yɛbɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mma yɛn. Yesu kaa sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.” (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛbom yi Yehowa ayɛ wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yenya honhom kronkron. (Efe. 5:19, 20) Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. w24.03 23-24 ¶13-15