Yawda, October 16
Munsiesie Yehowa kwan! Mompae kwantempɔn a ɛda mu tee wɔ asaase pradadaa so mma yɛn Nyankopɔn.—Yes. 40:3.
Sɛ obi fi Babilon rekɔ Israel a, na ebegye no bɛyɛ abosome nnan, efisɛ na ɔkwan no so fa nna fam. Nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔsi kwan so a, biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama wɔn no, obeyi afi hɔ. Yudafo anokwafo a na wɔbɛsan akɔ Israel no, na wɔnim sɛ nhyira a wɔbenya no bɛdɔɔso paa; ná ɛbɛsen biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre. Nhyira no mu kɛse paa ne sɛ na wɔbenya kwan asom Yehowa. Ná Yehowa asɔrefie nni Babilon. Afɔre ahorow a na Mose Mmara no ka sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no bɔ no, na afɔremuka biara nni hɔ a wɔbɛbɔ wɔ so. Afei nso, na asɔfodi nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛbɛhwɛ ama afɔrebɔ a ɛtete saa no akɔ so. Bio nso, abosonsomfo a na ɛwɔ kurow no mu no, na wɔdɔɔso koraa sen wɔn a na wɔdi Yehowa mmara so. Enti Yudafo mpempem a na wɔdɔ Onyankopɔn no, na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn kurom asan akɔpagyaw nokwaresom. w23.05 14-15 ¶3-4
Fida, October 17
Monkɔ so nnantew sɛ hann mma.—Efe. 5:8.
Yehia Onyankopɔn honhom kronkron no na aboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ yɛn bra “sɛ hann mma.” Adɛn ntia? Efisɛ wiase a ɔbrafĩ adonnɔn no yi, sɛ obi wom a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so ama ne ho atew. (1 Tes. 4:3-5, 7, 8) Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛako atia wiase adwene a ɛne Onyankopɔn de nhyia no. Afei nso, honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛasow ‘papayɛ ne trenee’ aba. (Efe. 5:9) Ade baako a yebetumi ayɛ de anya honhom kronkron ne sɛ, yɛbɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa mma yɛn. Yesu kaa sɛ Yehowa de “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no.” (Luka 11:13) Afei nso, sɛ yɛbom yi Yehowa ayɛ wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yenya honhom kronkron. (Efe. 5:19, 20) Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. w24.03 23-24 ¶13-15
Memeneda, October 18
Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.—Luka 11:9.
Wuhia abotare pii anaa? Sɛ saa a, ɛnde bɔ mpae hwehwɛ bi. Abotare ka honhom aba no ho. (Gal. 5:22, 23) Enti yebetumi abɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron, na yɛasrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yennya honhom no aba no. Sɛ yehyia tebea bi a ɛma ɛyɛ den sɛ yebenya abotare a, ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa’ Yehowa sɛ ɔmfa honhom kronkron mmoa yɛn mma yennya abotare. (Luka 11:13) Yebetumi nso asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenhu nneɛma sɛnea ohu no no. Afei yɛbɔ mpae wie a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebenya abotare da biara. Sɛ yɛkɔ so bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya abotare, na yɛn ankasa nso yere yɛn ho a, nkakrankakra abotare bɛba abɛyɛ yɛn suban. Yedwinnwen Bible mu nhwɛso ahorow nso ho a, ɛboa. Nnipa a na wɔwɔ abotare no, wɔn mu pii ho asɛm wɔ Bible mu. Sɛ yedwinnwen saa nkurɔfo no nhwɛso ho a, ebetumi ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ abotare. w23.08 22-23 ¶10-11