Yawda, October 30
Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.—Filip. 3:16.
Botae a wode asi w’ani so no, sɛ ɛboro wo so na woantumi annu ho a, Yehowa renka sɛ woadi nkogu. (2 Kor. 8:12) Nea enti a woantumi annu wo botae ho no, sua biribi fi mu. Ma nea woatumi ayɛ dedaw no ntena w’adwenem. Bible ka sɛ “Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma.” (Heb. 6:10) Enti wo nso, mma wo werɛ mmfi nea woatumi ayɛ. Dwinnwen nea woatumi ayɛ dedaw no ho. Ebetumi ayɛ ayɔnkofa a wo ne Yehowa wɔ, ne ho asɛm a woka kyerɛ afoforo, anaa asu a woabɔ. Sɛnea bere bi a atwam no wutumi yeree wo ho duu botae a wode sisii w’ani so wɔ Yehowa som mu ho no, saa ara na nea wode asi w’ani so seesei no nso, wubetumi ayere wo ho adu ho. Yehowa mmoa so nti, wubetumi adu wo botae ho. Bere a woreyere wo ho sɛ wubedu wo botae ho no, mma wo werɛ mmfi sɛ wubehu sɛnea Yehowa reboa wo na ɔrehyira wo no. Woyɛ saa a, ɛbɛma w’ani agye. (2 Kor. 4:7) Sɛ woampa abaw a, wubenya nhyira pii.—Gal. 6:9. w23.05 31 ¶16-18
Fida, October 31
Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm, na mugye di sɛ mebae sɛ Onyankopɔn nanmusini.—Yoh. 16:27.
Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo ahu sɛ ɔdɔ wɔn na ogye wɔn tom. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ mprenu na Yehowa ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔdɔ no, na ogye no tom. (Mat. 3:17; 17:5) Wompɛ sɛ Yehowa ka kyerɛ wo sɛ ogye wo tom anaa? Yehowa nkasa nkyerɛ yɛn tee, mmom ɔnam n’Asɛm no so. Yesu ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no, sɛ yɛkenkan a, ‘yɛbɛte’ sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ ogye yɛn tom. Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa n’akyidifo anokwafo a wɔtɔ sin no hui sɛ ogye wɔn tom. Enti sɛ yɛkenkan ho asɛm wɔ Bible mu a, yebetumi afa no sɛ Yehowa nso rema yɛahu sɛ ogye yɛn tom. (Yoh. 15:9, 15) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio. Mmom, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa na yegye no di.—Yak. 1:12. w24.03 28 ¶10-11
Memeneda, November 1
Mmofra ne nkokoaa anom na woama ayeyi afi aba.—Mat. 21:16.
Sɛ woyɛ ɔwofo a, hwɛ mfe a wo mma adi, na boa wɔn ma wɔnsiesie mmuae a ɛfata. Ɛtɔ da a, adesua no tumi ka nneɛma bi a emu dɔ te sɛ awaresɛm anaa ɔbrapa ne ɔbra a ɛmfa kwan mu ho asɛm. Nanso ebia nkyekyɛm baako anaa mmienu bi de, sɛ yɛresusuw ho a, abofra betumi ama mmuae. Afei nso, ɛnyɛ bere nyinaa na wo mma ma wɔn nsa so a wɔbɛfrɛ wɔn, enti boa wɔn ma wɔnhu nea enti a ɛte saa. Sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, na ɛkɔba sɛ wɔfrɛ obi foforo na wɔamfrɛ wɔn a, ɛrenyɛ wɔn yaw. (1 Tim. 6:18) Yɛn nyinaa betumi asiesie mmuae a etu mpɔn a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ahyɛ yɛn mfɛfo Kristofo nso nkuran. (Mmeb. 25:11) Ɛwom, ɛtɔ da a yebetumi aka yɛn suahu tiawa, nanso ɛnsɛ sɛ daa na yɛn suahu da yɛn ano. (Mmeb. 27:2; 2 Kor. 10:18) Mmom, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn adwene besi Yehowa, n’Asɛm ne ne nkurɔfo so.—Adi. 4:11. w23.04 24-25 ¶17-18