Fida, October 31
Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Agya no ankasa pɛ mo asɛm, efisɛ mopɛ m’asɛm, na mugye di sɛ mebae sɛ Onyankopɔn nanmusini.—Yoh. 16:27.
Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛma n’asomfo ahu sɛ ɔdɔ wɔn na ogye wɔn tom. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ mprenu na Yehowa ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔdɔ no, na ogye no tom. (Mat. 3:17; 17:5) Wompɛ sɛ Yehowa ka kyerɛ wo sɛ ogye wo tom anaa? Yehowa nkasa nkyerɛ yɛn tee, mmom ɔnam n’Asɛm no so. Yesu ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no, sɛ yɛkenkan a, ‘yɛbɛte’ sɛ Yehowa reka akyerɛ yɛn sɛ ogye yɛn tom. Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ. Ɔmaa n’akyidifo anokwafo a wɔtɔ sin no hui sɛ ogye wɔn tom. Enti sɛ yɛkenkan ho asɛm wɔ Bible mu a, yebetumi afa no sɛ Yehowa nso rema yɛahu sɛ ogye yɛn tom. (Yoh. 15:9, 15) Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ Yehowa nnye yɛn ntom bio. Mmom, ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa na yegye no di.—Yak. 1:12. w24.03 28 ¶10-11
Memeneda, November 1
Mmofra ne nkokoaa anom na woama ayeyi afi aba.—Mat. 21:16.
Sɛ woyɛ ɔwofo a, hwɛ mfe a wo mma adi, na boa wɔn ma wɔnsiesie mmuae a ɛfata. Ɛtɔ da a, adesua no tumi ka nneɛma bi a emu dɔ te sɛ awaresɛm anaa ɔbrapa ne ɔbra a ɛmfa kwan mu ho asɛm. Nanso ebia nkyekyɛm baako anaa mmienu bi de, sɛ yɛresusuw ho a, abofra betumi ama mmuae. Afei nso, ɛnyɛ bere nyinaa na wo mma ma wɔn nsa so a wɔbɛfrɛ wɔn, enti boa wɔn ma wɔnhu nea enti a ɛte saa. Sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, na ɛkɔba sɛ wɔfrɛ obi foforo na wɔamfrɛ wɔn a, ɛrenyɛ wɔn yaw. (1 Tim. 6:18) Yɛn nyinaa betumi asiesie mmuae a etu mpɔn a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na ahyɛ yɛn mfɛfo Kristofo nso nkuran. (Mmeb. 25:11) Ɛwom, ɛtɔ da a yebetumi aka yɛn suahu tiawa, nanso ɛnsɛ sɛ daa na yɛn suahu da yɛn ano. (Mmeb. 27:2; 2 Kor. 10:18) Mmom, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn adwene besi Yehowa, n’Asɛm ne ne nkurɔfo so.—Adi. 4:11. w23.04 24-25 ¶17-18
Kwasida, November 2
Mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn na yɛmma yɛn ani nna hɔ.—1 Tes. 5:6.
Ɔdɔ nso ho hia paa na ama yɛakɔ so awɛn na yɛama yɛn ani ada hɔ. (Mat. 22:37-39) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no boa yɛn ma yemia yɛn ani ka asɛmpa no ɛmfa ho sɛ ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn no. (2 Tim. 1:7, 8) Esiane sɛ yɛdɔ wɔn a wɔnsom Yehowa no nti, yɛkɔ so ka asɛmpa no, na yɛyere yɛn ho yɛ yɛn asaasesin mu adwuma; yɛfa tɛlefon ne nkrataakyerɛw so mpo di adanse. Yɛmpa abaw, efisɛ yɛwɔ anidaso sɛ wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, daakye wɔn mu bi bɛsesa na wɔafi ase ayɛ adepa. (Hes. 18:27, 28) Yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo nso. ‘Yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛhyehyɛ yɛn ho den’ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. (1 Tes. 5:11) Yɛte sɛ asogyafo a obiara boa ne yɔnko wɔ akono, enti yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran. Yɛrenhyɛ da sɛ yɛrepira yɛn nuanom da, anaa bɔne a wɔayɛ yɛn no yɛbɛyɛ wɔn bi atua ka. (1 Tes. 5:13, 15) Afei nso, yɛde obu ma wɔn a wɔdi asafo no anim de kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—1 Tes. 5:12. w23.06 10 ¶6; 11 ¶10-11