Dwoda, November 3
Sɛ [Yehowa ka] biribi a, ɔrenyɛ anaa?—Num. 23: 19.
Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn gyidi ayɛ den ne sɛ yebedwinnwen agyede no ho. Agyede no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu. Onyankopɔn nam agyede no so ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Ɛno nti, sɛ yɛto yɛn bo ase dwinnwen nea enti a ɔde agyede no maa yɛn, ne nea ɔfaa mu ansa na ɔde rema yɛn no ho a, gyidi a yɛwɔ sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam no, emu bɛyɛ den. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Dɛn na Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema yɛn? Yehowa abakan a ɔda ne koma so, ne yɔnko berɛbo paa no, oyii ne nkwa fii soro ma wɔwoo no sɛ onipa a bɔne nni ne ho wɔ asaase so. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔfaa ɔhaw bebree mu. Afei, ohuu amane na owui yayaayaw. Nea Yehowa faa mu no, na emu yɛ yaw paa! Sɛ Yehowa pɛ sɛ yenya asetena pa bere tiaa bi a, wohwɛ a, anka ɔbɛma ne Ba no abehu amane na wawu anaa? Daabida! (Yoh. 3:16; 1 Pet. 1:18, 19) Sɛ Yehowa atumi abɔ afɔre kɛse sei a, ɛnde ɔbɛhwɛ ama yɛanya daa nkwa wɔ wiase foforo no mu. w23.04 27 ¶8-9
Benada, November 4
Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?—Hos. 13:14.
Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ onyan awufo anaa? Biribiara kyerɛ sɛ ɔpɛ. Ɔmaa Bible akyerɛwfo pii kyerɛw owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm. (Yes. 26:19; Adi. 20:11-13) Yehowa nso de, ɛbɔ biara a ɔbɛhyɛ no, ɛba mu. (Yos. 23:14) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. Momma yɛnhwɛ adwene a na agya panyin Hiob wɔ. Ná ogye di sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa ani begye ho paa sɛ ɔbɛsan de no aba nkwa mu. (Hiob 14:14, 15) Yehowa asomfo a wɔawuwu nyinaa nso, n’ani agyina wɔn, enti ɔpɛ paa sɛ ɔsan de wɔn ba nkwa mu ma wɔbenya apɔwmuden na wɔn ani gye. Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu a wɔannya hokwan ansua Yehowa ho ade no nso ɛ? Wɔn nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ onyan wɔn. (Aso. 24:15) Ɔpɛ sɛ wɔnya hokwan bɛyɛ ne nnamfo na wɔtena asaase so daa.—Yoh. 3:16. w23.04 9 ¶5-6
Wukuda, November 5
Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden. —Dw. 108:13.
Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’anidaso mu den? Sɛ w’anidaso ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ asaase so a, kenkan nea Bible ka fa Paradise ho na dwinnwen ho. (Yes. 25:8; 32:16-18) Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu na fa no sɛ wowɔ hɔ. Sɛ yɛma wiase foforo no ho anidaso no tena yɛn adwene mu a, ɔhaw a yɛrefa mu no, yebehu no sɛ ɛwɔ hɔ “bere tiaa bi na emu yɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Yehowa nam anidaso a wama woanya no so bɛma woayɛ den. Nea ehia sɛ woyɛ na ama woanya ahoɔden afi Yehowa hɔ no, wama woahu dedaw. Enti sɛ wobɔ Yehowa mpae denneennen na wusua ade de hwehwɛ n’akwankyerɛ a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano na w’anigye ansɛe. Nkuranhyɛ a wo nuanom Kristofo de ma wo no, gye tom. Anidaso a wowɔ no, ma ɛntena w’adwenem na kɔ so dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ‘Onyankopɔn de n’anuonyam tumi bɛma wo ahoɔden pii na ama wode abotare ne anigye amia w’ani agyina mu akosi ase.’—Kol. 1:11. w23.10 17 ¶19-20