Benada, November 4
Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?—Hos. 13:14.
Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ onyan awufo anaa? Biribiara kyerɛ sɛ ɔpɛ. Ɔmaa Bible akyerɛwfo pii kyerɛw owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm. (Yes. 26:19; Adi. 20:11-13) Yehowa nso de, ɛbɔ biara a ɔbɛhyɛ no, ɛba mu. (Yos. 23:14) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. Momma yɛnhwɛ adwene a na agya panyin Hiob wɔ. Ná ogye di sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa ani begye ho paa sɛ ɔbɛsan de no aba nkwa mu. (Hiob 14:14, 15) Yehowa asomfo a wɔawuwu nyinaa nso, n’ani agyina wɔn, enti ɔpɛ paa sɛ ɔsan de wɔn ba nkwa mu ma wɔbenya apɔwmuden na wɔn ani gye. Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu a wɔannya hokwan ansua Yehowa ho ade no nso ɛ? Wɔn nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ onyan wɔn. (Aso. 24:15) Ɔpɛ sɛ wɔnya hokwan bɛyɛ ne nnamfo na wɔtena asaase so daa.—Yoh. 3:16. w23.04 9 ¶5-6
Wukuda, November 5
Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden. —Dw. 108:13.
Wobɛyɛ dɛn ahyɛ w’anidaso mu den? Sɛ w’anidaso ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ asaase so a, kenkan nea Bible ka fa Paradise ho na dwinnwen ho. (Yes. 25:8; 32:16-18) Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, twa ho mfoni wɔ w’adwene mu na fa no sɛ wowɔ hɔ. Sɛ yɛma wiase foforo no ho anidaso no tena yɛn adwene mu a, ɔhaw a yɛrefa mu no, yebehu no sɛ ɛwɔ hɔ “bere tiaa bi na emu yɛ hare.” (2 Kor. 4:17) Yehowa nam anidaso a wama woanya no so bɛma woayɛ den. Nea ehia sɛ woyɛ na ama woanya ahoɔden afi Yehowa hɔ no, wama woahu dedaw. Enti sɛ wobɔ Yehowa mpae denneennen na wusua ade de hwehwɛ n’akwankyerɛ a, ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa. Afei nso, ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ ano na w’anigye ansɛe. Nkuranhyɛ a wo nuanom Kristofo de ma wo no, gye tom. Anidaso a wowɔ no, ma ɛntena w’adwenem na kɔ so dwinnwen ho. Woyɛ saa a, ‘Onyankopɔn de n’anuonyam tumi bɛma wo ahoɔden pii na ama wode abotare ne anigye amia w’ani agyina mu akosi ase.’—Kol. 1:11. w23.10 17 ¶19-20
Yawda, November 6
Monna ase wɔ biribiara ho. —1 Tes. 5:18.
Nneɛma pii nti na yɛbɔ mpae a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Adepa biara a yɛwɔ no, yebetumi ada no ase wɔ ho, efisɛ akyɛde pa biara fi ne hɔ. (Yak. 1:17) Yebetumi ada no ase sɛ wabɔ asaase fɛfɛɛfɛ, ne nneɛma a ɛyɛ nwanwa pii. Bio nso, nkwa a ɔde ama yɛn, yɛn abusua, yɛn nnamfo, ne anidaso a yɛwɔ no, yebetumi akyerɛ ho anisɔ. Yɛpɛ sɛ yɛda Yehowa ase nso sɛ wama yɛanya hokwan afa no adamfo. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara da Yehowa ase no, ebia ɛho behia sɛ yɛyere yɛn ho paa dwinnwen ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛnnɛ, nnipa pii yɛ bonniayɛ. Mpɛn pii no, nea ehia nkurɔfo ne nea wɔbenya, na ɛnyɛ nea wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea wɔwɔ. Sɛ yɛma saa suban no wiawia yɛn a, nea ehia yɛn nko ara na yɛbɛbɔ ho mpae. Nea ɛbɛyɛ na yɛrensuasua saa suban no, biribiara a Yehowa yɛ ma yɛn no, ehia sɛ yɛkɔ so kyerɛ ho anisɔ, na yɛda no ase.—Luka 6:45. w23.05 4 ¶8-9