Fida, July 18
Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo ama ne Nyankopɔn ne n’Agya.—Adi. 1:6.
Wɔde honhom kronkron asra Kristo asuafo no mu kakraa bi, na wɔne Yehowa anya abusuabɔ soronko. Saa 144,000 no ne Yesu bɛyɛ asɔfo wɔ soro. (Adi. 14:1) Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no, egyina hɔ ma tebea a saa Kristofo yi akɔ mu; ɛne sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wɔn ma wɔabɛyɛ ne mma bere a wɔwɔ asaase so. (Rom. 8:15-17) Kronkron Mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no gyina hɔ ma ɔsoro, baabi a Yehowa te no. “Ntwamutam” a na ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu no, egyina hɔ ma Yesu honam nipadua; na ɔrentumi mfa saa nipadua no nkɔ soro nkɔtoa so nsom sɛ honhom fam asɔrefie no Sɔfo Panyin kɛse. Bere a Yesu de ne honam nipadua bɔɔ afɔre maa nnipa no, ebuee kwan maa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa sɛ wɔbetumi akɔ soro. Ɛsɛ sɛ wɔn nso gyaw wɔn honam nipadua hɔ ansa na wɔatumi akɔ soro akonya wɔn akatua.—Heb. 10:19, 20; 1 Kor. 15:50. w23.10 28 ¶13
Memeneda, July 19
‘Sɛ mereka Gideon ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.’—Heb. 11:32.
Bere a Efraimfo no kasa tiaa Gideon no, ɔne wɔn kasae bɔkɔɔ. (Atem. 8:1-3) Ɔne wɔn ankasa abufuw so. Ɔyɛɛ aso tiee nea enti a na Efraimfo no bo afuw no, na ɔkaa asɛmdɛ bi de siesiee asɛm a na ayere tann no. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Sɛ obi kasa tia asafo mu mpanyimfo, na wɔyɛ aso tie onii no na wɔne no kasa bɔkɔɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔresuasua Gideon. (Yak. 3:13) Wɔyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe atena asafo no mu. Bere a Gideon dii Midianfo no so nkonim na nkurɔfo pɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam no, ɔde ayeyi no maa Yehowa. (Atem. 8:22, 23) Sɛn na mpanyimfo betumi asuasua nea Gideon yɛe no? Sɛ wɔtumi yɛ biribi a, ɛsɛ sɛ wɔde ɛho ayeyi no ma Yehowa. (1 Kor. 4:6, 7) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ obi kamfo ɔpanyin bi wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho a, obetumi aka sɛ ne nsɛm no fi Bible mu, anaa obetumi akyerɛ mu sɛ ntetee a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no, ɛno na ɛboa yɛn nyinaa. Ɛwom ara a mpanyimfo betumi abisa wɔn ho sɛ, ‘Ɛyɛ a wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ pɛ anuonyam anaa wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛ Yehowa anuonyam?’ w23.06 4 ¶7-8
Kwasida, July 20
Ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene. —Yes. 55:8.
Sɛ yɛbɔ biribi ho mpae na yɛn nsa anka a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nea merebɔ ho mpae no, ɛno na ɛsɛ sɛ mibisa anaa?’ Mpɛn pii no, ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ yenim nea eye ma yɛn paa. Nanso nneɛma a yebisa no, ebia na ɛremmoa yɛn. Sɛ yɛrebɔ ɔhaw bi ho mpae a, ebia ano aduru bi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn paa asen nea yɛrebisa no. Afei nso, nea yebisa no bi wɔ hɔ a, ebia na ɛne Yehowa apɛde nhyia. (1 Yoh. 5:14) Yɛmfa awofo bi a wɔde too Yehowa anim sɛ ɔmma wɔn ba ntena nokware no mu nyɛ nhwɛso. Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ mfomso biara nni wɔn adesrɛ no ho. Nanso Yehowa de, ɔrenhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Ɔpɛ sɛ yɛne yɛn mma nyinaa fi yɛn pɛ mu som no. (Deut. 10:12, 13; 30:19, 20) Enti, anka awofo no betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn ma wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ba no ma ɛnka ne koma, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan no ma wadɔ Yehowa na wafa no adamfo.—Mmeb. 22:6; Efe. 6:4. w23.11 21 ¶5; 23 ¶12