Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es25 kr. 67-77
  • July

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • July
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, July 1
  • Wukuda, July 2
  • Yawda, July 3
  • Fida, July 4
  • Memeneda, July 5
  • Kwasida, July 6
  • Dwoda, July 7
  • Benada, July 8
  • Wukuda, July 9
  • Yawda, July 10
  • Fida, July 11
  • Memeneda, July 12
  • Kwasida, July 13
  • Dwoda, July 14
  • Benada, July 15
  • Wukuda, July 16
  • Yawda, July 17
  • Fida, July 18
  • Memeneda, July 19
  • Kwasida, July 20
  • Dwoda, July 21
  • Benada, July 22
  • Wukuda, July 23
  • Yawda, July 24
  • Fida, July 25
  • Memeneda, July 26
  • Kwasida, July 27
  • Dwoda, July 28
  • Benada, July 29
  • Wukuda, July 30
  • Yawda, July 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
es25 kr. 67-77

July

Benada, July 1

Okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa . . . yare.—Aso. 10:38.

Biribiara a Yesu kae anaa ɔyɛe no, osuasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Anwanwade ahorow a ɔyɛe no mpo, sɛnea anka n’Agya bɛyɛ no no, saa ara na ɔyɛe. (Yoh. 14:9) Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yesu ne n’Agya dɔ yɛn paa. Bere a Yesu wɔ asaase so no, esiane sɛ na ɔdɔ nnipa paa nti, ɔyɛɛ anwanwade ma ɛboaa wɔn a na wɔrehu amane no. Bere bi, anifuraefo mmienu bi su guu no so sɛ ɔmmoa wɔn. (Mat. 20:​30-34) Hyɛ no nsow sɛ ‘ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ enti ɔsaa wɔn yare. Greek adeyɛ asɛm a wɔde adi dwuma wɔ ha a wɔakyerɛ ase ‘ɛyɛɛ no mmɔbɔ’ no, ɛkyerɛ ayamhyehye kɛse a obi nya wɔ ne mu. Saa ayamhyehye kɛse yi ma yehu sɛ na Yesu dɔ nnipa; ɛno nso kaa no ma ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan na ɔsaa ɔkwatani bi yare. (Mat. 15:32; Mar. 1:41) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ “mmɔborɔhunu” no ne ne Ba no dɔ yɛn paa, na sɛ yehu amane a, ɛyɛ wɔn yaw. (Luka 1:78; 1 Pet. 5:7) Wɔpɛ paa sɛ wɔyi amanehunu ne abɛbrɛsɛ a adasamma refa mu no nyinaa fi hɔ! w23.04 3 ¶4-5

Wukuda, July 2

O mo a modɔ Yehowa, munkyi bɔne. Ɔwɛn n’anokwafo; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.—Dw. 97:10.

Yebetumi ayɛ nneɛma pɔtee bi sɛnea ɛbɛyɛ a nsusuwii bɔne a agye ntini wɔ Satan wiase no mu no, yɛremfa nhyɛ yɛn adwenem. Sɛ yɛkenkan Bible anaa yesua a, yebetumi de nneɛma pa ahyɛ yɛn adwenem. Yɛkɔ asafo nhyiam ne asɛnka a, ɛno nso bɛbɔ yɛn adwene ho ban. Yehowa nso ahyɛ bɔ sɛ ɔremma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi. (1 Kor. 10:​12, 13) Awiei mmere a emu yɛ den yi mu no, ehia sɛ yɛn mu biara bɔ mpae paa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Yehowa pɛ sɛ ‘yɛka yɛn koma mu nsɛm kyerɛ no.’ (Dw. 62:8) Yi Yehowa ayɛ na da no ase wɔ nea ɔyɛ nyinaa ho. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na nya akokoduru wɔ asɛnka mu. Ɔhaw biara a worefa mu no, srɛ no sɛ ɔmmoa wo na woatumi agyina ano. Afei nso, sɔhwɛ biara a ebia worehyia no, srɛ no sɛ ɔmmoa wo na ko tia. Mma biribiara anaa obiara nnsiw wo kwan sɛ daa wobɛbɔ Yehowa mpae. w23.05 7 ¶17-18

Yawda, July 3

Momma obiara nnwen ne yɔnko ho . . . , yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran. —Heb. 10:​24, 25.

Adɛn nti na yɛkɔ adesua? Nea enti paa a yɛkɔ adesua ne sɛ yekoyi Yehowa ayɛ. (Dw. 26:12; 111:1) Afei nso, adesua a yɛkɔ no boa yɛn ma yɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. (1 Tes. 5:11) Enti, sɛ yɛma yɛn nsa so ma mmuae a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ saa nneɛma mmienu no nyinaa. Nanso nneɛma bi betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛma mmuae. Ebia yɛn yam bɛhyehye yɛn, anaa ebi nso a na yɛpɛ paa sɛ yɛma mmuae, enti yɛn yam a anka yɛmaa yɛn nsa so ara a, na wɔafrɛ yɛn, nanso ɛyɛ a ɛmma saa. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi saa ɔhaw yi so? Ɔsomafo Paul kaa sɛ, yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ ‘yɛbɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.’ Sɛ yehu sɛ mmuae tiawa bi mpo a yɛbɛma no betumi ahyɛ atiefo nkuran a, ɛbɛkanyan yɛn ama yɛama mmuae; ɛremma ehu nkyekyere yɛn. Afei nso, mmuae dodow a yɛpɛ sɛ yɛma no, sɛ amma saa mpo a, yɛn ani betumi agye efisɛ ɛbɛma afoforo a ɛwɔ asafo no mu nso anya hokwan ama mmuae.—1 Pet. 3:8. w23.04 20 ¶1-3

Fida, July 4

Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem . . . na ɔnsan nkosi Yehowa, . . . fi.—Esra 1:3.

Yudafo a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon mfe 70 no, ɔhene no bɔɔ dawuru sɛ wɔbetumi asan akɔ wɔn kurom. (Esra 1:​2-4) Yehowa nko ara na na obetumi ayɛ saa. Efisɛ na Babilonfo nnyaa wɔn nkoa. (Yes. 14:​4, 17) Nanso na atamfo adi Babilon so nkonim, na na ɔhene foforo a waba no aka akyerɛ Yudafo no sɛ wɔbetumi afi ɔman no mu. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ Yudani biara, ɛnkanka mmusua ti si gyinae sɛ wɔbefi Babilon anaasɛ wɔbɛkɔ so atena hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na saa gyinaesi no nna fam. Wɔn mu bebree wɔ hɔ a, onyin nti, na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbetwa saa kwantenten no. Afei nso, esiane sɛ wɔwoo Yudafo no dodow no ara wɔ Babilon nti, ɛhɔ ara na na wɔnim. Wɔn de, na wɔnte nka sɛ Israel yɛ wɔn kurom, na mmom wɔn nananom na efi hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na asi Yudafo no bi yiye paa wɔ Babilon, enti na ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ adan pa a wɔtete mu ne nnwuma a wɔyɛ no, wɔbegyaw hɔ akɔtena baabi a wɔnnim. w23.05 14 ¶1-2

Memeneda, July 5

Monyɛ krado.—Mat. 24:44.

Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ, yɛnkɔ so mmia yɛn ani, yɛnna tema adi, na yɛnkɔ so nna ɔdɔ adi. Luka 21:19 ka sɛ: “Sɛ mumia mo ani gyina mu a, mubenya nkwa.” Kolosefo 3:12 ka sɛ: “Momfa ayamhyehye . . . nyɛ ataade nhyɛ.” Tesalonikafo nhoma a edi kan 4:​9, 10 nso ka sɛ: “Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho. . . . Nanso anuanom, yetu mo fo sɛ, monkɔ so nyɛ no kɛse.” Saa nsɛm yi nyinaa, asuafo a na wɔamia wɔn ani agyina sɔhwɛ mu, na wɔada tema ne ɔdɔ adi na wɔkyerɛw kɔmaa wɔn. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ara da saa su ahorow yi adi. Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. Nea ɛbɛboa wo ama woayɛ saa no, hwɛ sɛnea tete Kristofo no daa saa su ahorow yi adi. Ɛno akyi no, wubehu sɛnea wubesuasua saa asuafo no. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woasiesie wo ho ama ahohiahia kɛse no. Afei ahohiahia kɛse no befi ase no, na woahu sɛnea wubemia w’ani agyina sɔhwɛ ano, na ɛbɛboa wo ma woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so agyina mu. w23.07 3 ¶4; 4 ¶8

Kwasida, July 6

Ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. . . . Ɔkwan Kronkron.—Yes. 35:8.

Sɛ yɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho oo, sɛ yɛka “nguan foforo” no ho oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so fa “Ɔkwan Kronkron” no so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa nnɛ ne daakye bere a n’Ahenni no de nhyira pii aba asaase so no. (Yoh. 10:16) Efi afe 1919 no, mmea, mmarima ne mmofra ɔpepem pii afi Babilon Kɛse a ɛyɛ atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa no mu, na wɔabɛfa “Ɔkwan Kronkron” no so. Yudafo no fii Babilon no, Yehowa hwɛ ma wɔyii akwanside biara fii wɔn kwan mu. (Yes. 57:14) Yɛn bere yi so “Ɔkwan Kronkron” no nso ɛ? Mfe ɔhaha pii ansa na afe 1919 reba no, Yehowa maa mmarima anokwafo bi siesiee kwan mu maa wɔn a na wɔbefi Babilon Kɛse no mu no. (Fa toto Yesaia 40:3 ho.) Wɔde nhyehyɛe a ɛho hia guu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi, nnipa komapafo betumi afi Babilon Kɛse no mu abɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho ma wɔasom no. w23.05 15-16 ¶8-9

Dwoda, July 7

Momfa anigye nsom Yehowa. Momfa anigye mmɛbɔ ose wɔ n’anim. —Dw. 100:2.

Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de anigye som no. (2 Kor. 9:7) Enti botae a yɛde asi yɛn ani so wɔ ne som mu no, sɛ biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anaa? Yɛnhwɛ nea ɔsomafo Paul yɛe. Ɔkaa sɛ: “Meboro me nipadua, na mehyɛ no sɛ akoa.” (1 Kor. 9:​25-27) Sɛ na Paul nni ɔpɛ a ɔde bɛyɛ nea Yehowa pɛ mpo a, na omia n’ani yɛ. Yehowa ani gyee Paul som ho anaa? Yiw! Mmɔden a Paul bɔe no, Yehowa hyiraa so. (2 Tim. 4:​7, 8) Yɛn nso, sɛ mpo biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn botae ho adwuma na sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ a, ɛma n’ani gye. Nea enti a n’ani gye ne sɛ, ɛwom sɛ ebia yɛn ani nnye ade a yɛreyɛ no ho, nanso onim sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no nti na yɛreyɛ. Sɛnea Yehowa hyiraa Paul no, yɛn nso, mmɔden biara a yɛbɛbɔ no, obehyira so. (Dw. 126:5) Sɛ yehu sɛ Yehowa rehyira yɛn a, ebetumi akanyan yɛn ama yɛadu yɛn botae ho. w23.05 29 ¶9-10

Benada, July 8

Yehowa da no reba.—1 Tes. 5:2.

Yehowa da no ba a, wɔn a wɔrennya nkwa no, Paul de wɔn totoo wɔn a wɔada ho. Wɔnnim nea ɛrekɔ so, na wɔnhu sɛ bere rekɔ. Enti sɛ asɛnkɛse bi si a, wɔnhu na wɔayɛ ho biribi. Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara adeda wɔ honhom mu. (Rom. 11:8) Adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “awiei mmere” no mu, na ɛrenkyɛ koraa ahohiahia kɛse no bɛba no, wɔnnye nni. (2 Pet. 3:​3, 4) Nanso, yenim sɛ Onyankopɔn afotu a ɛne sɛ yɛnkɔ so nwɛn no, ade rekye a ade resa nyinaa, ɛho hia paa sɛ yetie. (1 Tes. 5:6) Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene mu da hɔ. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a amanyɔsɛm ne nsɛmnsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase no renwiawia yɛn. Bere a Yehowa da no rebɛn no, hyɛ a nkurɔfo hyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho mfɔrefɔre nsɛm a ɛtete saa mu no, wɔbemia mu. Nanso sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn dadwen. Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ma yɛanya ntoboase na yɛde adwene a emu da hɔ asisi gyinae pa.—Luka 12:​11, 12. w23.06 10 ¶6-7

Wukuda, July 9

Yehowa, Awurade Tumfo, mepa wo kyɛw, kae me; mesrɛ wo, hyɛ me den.—Atem. 16:28.

Sɛ wote edin Samson a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia nea ɛba w’adwenem ne ɔbarima bi a na ne ho yɛ den paa. Sɛ saa a, ɛyɛ ampa. Nanso Samson sii gyinae bɔne bi a ɛkɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no. Ne nyinaa mu no, Yehowa de n’adwene sii Samson nokwaredi so, na ɔma wɔkyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu na aboa yɛn. Yehowa faa Samson so yɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa de boaa ne man Israel. Samson wu akyi mfe pii no, mmarima a na wɔwɔ gyidi soronko no, Yehowa maa ɔsomafo Paul de Samson din kaa ho. (Heb. 11:​32-34) Samson nhwɛso no betumi ahyɛ yɛn nkuran. Bere a na nneɛma nkɔ yiye mpo no, ɔde ne ho too Yehowa so. Yebetumi asua biribi afi nea Samson yɛe no mu, na ne nhwɛso no nso betumi ahyɛ yɛn nkuran. w23.09 2 ¶1-2

Yawda, July 10

‘Momfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim.’—Filip. 4:6.

Sɛ yɛtaa bɔ Yehowa mpae na yɛka yɛn haw nyinaa kyerɛ no a, ɛno nso betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ara amia yɛn ani. (1 Tes. 5:17) Yɛrekasa yi, ebia wunnya nhyiaa sɔhwɛ kɛse biara. Nanso bere biara a wobɛte nka sɛ biribi haw wo, w’adwene atu afra anaa biribi hyɛ wo so no, ɛyɛ a wohwehwɛ Yehowa akwankyerɛ anaa? Ɔhaw nketenkete a wuhyia wɔ asetena mu nnɛ no, sɛ wotaa hwehwɛ Onyankopɔn mmoa de di ho dwuma a, daakye nso sɛ wuhyia ɔhaw akɛseakɛse a, worentwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ ne mmoa. Ɛba saa a, wubenya ahotoso sɛ onim bere pɔtee ne ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so aboa wo. (Dw. 27:​1, 3) Yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu nnɛ a, ɛda adi sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yebetumi agyina mu. (Rom. 5:3) Adɛn nti na yebetumi aka saa? Anuanom bebree ahu sɛ, sɛ sɔhwɛ bi ba wɔn so na wɔtumi gyina ano a, ɛboa wɔn ma foforo a ɛbɛsan aba no, wɔtumi gyina ano. Sɛ wɔtumi gyina sɔhwɛ mu a, esiesie wɔn, ɛhyɛ wɔn gyidi den, na ɛma wɔhu sɛ Yehowa ayɛ krado, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn. Afei, gyidi a wɔwɔ no boa wɔn ma wɔtumi gyina sɔhwɛ foforo a ɛbɛba no ano.—Yak. 1:​2-4. w23.07 3-4 ¶7-8

Fida, July 11

Mehu wo mmɔbɔ.—Gen. 19:21.

Esiane sɛ Yehowa brɛ ne ho ase na ɔwɔ mmɔborɔhunu nti, ɔyɛ fakaa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ansa na Yehowa resɛe abɔnefo a ɛwɔ Sodom no, nea ɔyɛe no di adanse sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Yehowa somaa abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔtreneeni Lot sɛ onguan nkɔ bepɔw bi so. Ná Lot suro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔne n’abusua nkɔbɔ wɔn ho aguaa wɔ Soar mmom. Ná Soar yɛ kurow ketewa bi a Yehowa abɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛsɛe no. Anka Yehowa betumi ahyɛ Lot ketee sɛ ɔnyɛ nea waka no. Nanso, ɔyɛɛ Lot abisade no maa no, enti wansɛe Soar. (Gen. 19:​18-22) Mfe pii akyi no, Yehowa huu Niniwefo no nso mmɔbɔ. Ɔsomaa odiyifo Yona sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔn bɔne nti, ɔrebɛsɛe wɔne wɔn kurow no nyinaa. Nanso bere a wɔsakrae no, Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe kurow no.—Yona 3:​1, 10; 4:​10, 11. w23.07 21 ¶5

Memeneda, July 12

Wokum [Yehoas] . . . , nanso wɔansie no ahemfo amusiei hɔ.—2 Be. 24:25.

Dɛn na yebetumi asua afi Yehoas asɛm no mu? Sɛnea yɛde dua foforo sum dua a ne ntini nkɔɔ fam na antutu no, saa ara na na Yehoas te. Bere a Yehoiada a wayɛ sɛ dua a wɔde sum dua foforo wui no, Yehoas kodii awaefo akyi. Wei ma yehu paa sɛ yɛn abusuafo ne yɛn nuanom Kristofo afoforo betumi aboa yɛn ma yɛasom Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ wɔn nti na ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn. Sɛ yesua ade daa, dwinnwen ho, na yɛbɔ mpae a, ɛbɛma ɔdɔ ne obu a yɛwɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse. Wei bɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu akɔ so ayɛ den. (Yer. 17:​7, 8; Kol. 2:​6, 7) Yehowa nhwehwɛ pii mfi yɛn hɔ. Nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ Ɔsɛnkafo 12:13. Ɛhɔ ka sɛ: “Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so, na eyi ne ade a ɛho hia paa wɔ nnipa asetena mu.” Sɛ yesuro Onyankopɔn, na yehyia sɔhwɛ a, yebetumi agyina pintinn. Ɛba saa a, biribiara rentumi nsɛe yɛne Yehowa ayɔnkofa no da. w23.06 18-19 ¶17-19

Kwasida, July 13

Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.—Adi. 21:5.

Asɛm a Onyankopɔn ka de maa yɛn awerɛhyem no, ofii ase sɛ: “Nea ɔte ahengua no so no kae sɛ.” (Adi. 21:5a) Saa asɛm yi yɛ soronko efisɛ mprɛnsa pɛ a Yehowa kasae wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, saa asɛm yi na ɔkyerɛwfo no de fii emu baako ase. Enti, ɛnyɛ ɔbɔfo bi anaa Yesu mpo na ɔkaa saa asɛm a ɛma yenya awerɛhyem yi, na mmom ɛyɛ Yehowa ankasa! Wei ma yehu sɛ, asɛm a edi so a Yehowa kae no yɛ nokware turodoo. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Yehowa ‘rentumi nni atoro.’ (Tito 1:2) Enti asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:​5, 6 no bɛbam ɔkwan biara so. Yehowa kaa sɛ, “Hwɛ!” Greek asɛmfua a wɔakyerɛ ase “hwɛ!” no, wɔde adi dwuma mpɛn pii wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Asɛm bɛn na edi hɔ a Onyankopɔn kae? Ɔkaa sɛ: “Mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” Ɛwom, na Yehowa reka nneɛma a ɔbɛyɛ daakye ho asɛm, nanso ne fam de na onim sɛ ke ara ne ke nea waka biara bɛbam, enti ɔkaa ho asɛm te sɛ nea abam dedaw.—Yes. 46:10. w23.11 3-4 ¶7-8

Dwoda, July 14

Opue kosui pii.—Mat. 26:75.

Ná ɔsomafo Petro mmerɛwyɛ teetee no. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso kakra. Bere a Yesu kyerɛɛ sɛnea obehu amane na wawu ama Bible nkɔmhyɛ abam no, Petro kaa n’anim. (Mar. 8:​31-33) Afei nso, Petro ne asomafo a aka no, na wɔtaa gye akyinnye wɔ wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho. (Mar. 9:​33, 34) Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, Petro tow hyɛɛ ɔbarima bi so twaa n’aso fii hɔ. (Yoh. 18:10) Saa anadwo no ara, ehu kaa no ara ma ɔkaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu. (Mar. 14:​66-72) Wei maa Petro sui paa. Ná Petro abam abu paa, nanso Yesu anyi ne baako anhyɛ ne nsa. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, ɔmaa Petro nyaa hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔda so ara dɔ no. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔnhwɛ ne nguan. (Yoh. 21:​15-17) Petro nso ampopo ne ti. Pentekoste da no, na ɔwɔ Yerusalem, na wɔn a wɔdii kan de honhom kronkron sraa wɔn no, na ɔka ho. w23.09 22 ¶6-7

Benada, July 15

Yɛn me nguan nkumaa.—Yoh. 21:16.

Ɔsomafo Petro hyɛɛ ne mfɛfo mpanyimfo nkuran sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw.” (1 Pet. 5:​1-4) Sɛ woyɛ ɔpanyin a, yenim sɛ wodɔ anuanom na wopɛ sɛ wohwɛ wɔn yiye. Nanso, ɛtɔ da a ebia wobɛte nka sɛ wunni adaagye koraa anaa woabrɛ dodo, enti worentumi nni saa asɛde no ho dwuma. Dɛn na wubetumi ayɛ? Ka nea ɛhaw wo nyinaa kyerɛ Yehowa. Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi resom a, ma ɔmfa ne ho nto ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no so.” (1 Pet. 4:11) Ebia ɔhaw bi a wo nuanom Kristofo rehyia no, ne nyinaa ase rentumi ntu wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso kae sɛ, “oguanhwɛfo panyin” Yesu Kristo betumi aboa wɔn asen obiara. Ɔbɛyɛ saa nnɛ ne wiase foforo no mu nso. Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi mpanyimfo hɔ ara ne sɛ wɔbɛdɔ anuanom, wɔbɛhwɛ wɔn so, na ‘wɔayɛ nhwɛso ama nguankuw no asuasua.’ w23.09 30 ¶13-14

Wukuda, July 16

Yehowa nim sɛ anyansafo nsusuwii yɛ kwa.—1 Kor. 3:20.

Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wiase nyansa ho. Adwene a nkurɔfo wɔ wɔ Yehowa mmara ho no, sɛ yenya bi a, anhwɛ a yebebu yɛn ani agu Yehowa mmara so. (1 Kor. 3:19) Mpɛn pii no, “wiase nyansa” piapia nkurɔfo ma wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Kristofo a na ɛwɔ Pergamo ne Tiatira no, wɔn mu bi maa abosonsom ne aguamammɔ a na ɛkɔ so wɔ kurow no mu no nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Yesu de afotu a emu yɛ den kɔmaa saa nsafo no, efisɛ na wɔsosɔ aguamammɔ so. (Adi. 2:​14, 20) Ɛnnɛ, nkurɔfo de wiase nyansa puapua yɛn. Yɛn abusuafo ne amannifo betumi akeka nsɛm bi ama yɛate nka sɛ yɛn mmara no yɛ kyenkyenenn dodo, na wɔahyɛ yɛn sɛ yɛngow mu. Ebia wɔbɛka sɛ, sɛ yedi yɛn akɔnnɔ akyi a ɛnyɛ bɔne, efisɛ Bible mu nsɛm koraa atwam. Ɛtɔ mmere bi a, akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no, ebia yɛbɛte nka sɛ emu nhyɛ da nna hɔ papa. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi mpo ‘ayɛ ade atra nea wɔakyerɛw no.’—1 Kor. 4:6. w23.07 16 ¶10-11

Yawda, July 17

Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.—Mmeb. 17:17.

Ná Yesu maame Maria hia akokoduru. Ná ɔnwaree, nso ɔbɔfo no kaa sɛ obenyinsɛn. Ná ɔnwoo da na kampɛsɛ watete mma, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtete abarimaa a na ɔbɛba abɛyɛ Mesia no. Afei nso, na Maria ne ɔbarima biara nnae da, enti na ɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wei nyinaa mu akyerɛ Yosef a na ɔrebɛware no no? (Luka 1:​26-33) Ɛyɛɛ dɛn na Maria nyaa akokoduru? Ɔmaa afoforo boaa no. Ɔka kyerɛɛ Gabriel sɛ ɔnkyerɛkyerɛ adwuma no mu yiye nkyerɛ no. (Luka 1:34) Ɛno akyi bere tiaa bi no, otuu kwan kɔɔ “Yuda kurow bi mu wɔ bepɔw so” kɔsraa ne busuani Elisabet. Elisabet kamfoo Maria, na Yehowa ma ɔhyɛɛ abofra a na ɔhyɛ Maria yam no ho nkɔm. (Luka 1:​39-45) Maria kaa sɛ Yehowa de “ne basa ayɛ nneɛma akɛse.” (Luka 1:​46-51) Yehowa nam Gabriel ne Elisabet so hyɛɛ Maria den. w23.10 14-15 ¶10-12

Fida, July 18

Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo ama ne Nyankopɔn ne n’Agya.—Adi. 1:6.

Wɔde honhom kronkron asra Kristo asuafo no mu kakraa bi, na wɔne Yehowa anya abusuabɔ soronko. Saa 144,000 no ne Yesu bɛyɛ asɔfo wɔ soro. (Adi. 14:1) Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no, egyina hɔ ma tebea a saa Kristofo yi akɔ mu; ɛne sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wɔn ma wɔabɛyɛ ne mma bere a wɔwɔ asaase so. (Rom. 8:​15-17) Kronkron Mu Kronkronbea a na ɛwɔ ntamadan no mu no gyina hɔ ma ɔsoro, baabi a Yehowa te no. “Ntwamutam” a na ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu no, egyina hɔ ma Yesu honam nipadua; na ɔrentumi mfa saa nipadua no nkɔ soro nkɔtoa so nsom sɛ honhom fam asɔrefie no Sɔfo Panyin kɛse. Bere a Yesu de ne honam nipadua bɔɔ afɔre maa nnipa no, ebuee kwan maa Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa sɛ wɔbetumi akɔ soro. Ɛsɛ sɛ wɔn nso gyaw wɔn honam nipadua hɔ ansa na wɔatumi akɔ soro akonya wɔn akatua.—Heb. 10:​19, 20; 1 Kor. 15:50. w23.10 28 ¶13

Memeneda, July 19

‘Sɛ mereka Gideon ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.’—Heb. 11:32.

Bere a Efraimfo no kasa tiaa Gideon no, ɔne wɔn kasae bɔkɔɔ. (Atem. 8:​1-3) Ɔne wɔn ankasa abufuw so. Ɔyɛɛ aso tiee nea enti a na Efraimfo no bo afuw no, na ɔkaa asɛmdɛ bi de siesiee asɛm a na ayere tann no. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Sɛ obi kasa tia asafo mu mpanyimfo, na wɔyɛ aso tie onii no na wɔne no kasa bɔkɔɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔresuasua Gideon. (Yak. 3:13) Wɔyɛ saa a, ɛbɛma asomdwoe atena asafo no mu. Bere a Gideon dii Midianfo no so nkonim na nkurɔfo pɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam no, ɔde ayeyi no maa Yehowa. (Atem. 8:​22, 23) Sɛn na mpanyimfo betumi asuasua nea Gideon yɛe no? Sɛ wɔtumi yɛ biribi a, ɛsɛ sɛ wɔde ɛho ayeyi no ma Yehowa. (1 Kor. 4:​6, 7) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ obi kamfo ɔpanyin bi wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho a, obetumi aka sɛ ne nsɛm no fi Bible mu, anaa obetumi akyerɛ mu sɛ ntetee a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no, ɛno na ɛboa yɛn nyinaa. Ɛwom ara a mpanyimfo betumi abisa wɔn ho sɛ, ‘Ɛyɛ a wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ pɛ anuonyam anaa wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ hyɛ Yehowa anuonyam?’ w23.06 4 ¶7-8

Kwasida, July 20

Ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene. —Yes. 55:8.

Sɛ yɛbɔ biribi ho mpae na yɛn nsa anka a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nea merebɔ ho mpae no, ɛno na ɛsɛ sɛ mibisa anaa?’ Mpɛn pii no, ɛyɛ a ɛyɛ yɛn sɛ yenim nea eye ma yɛn paa. Nanso nneɛma a yebisa no, ebia na ɛremmoa yɛn. Sɛ yɛrebɔ ɔhaw bi ho mpae a, ebia ano aduru bi wɔ hɔ a ɛbɛboa yɛn paa asen nea yɛrebisa no. Afei nso, nea yebisa no bi wɔ hɔ a, ebia na ɛne Yehowa apɛde nhyia. (1 Yoh. 5:14) Yɛmfa awofo bi a wɔde too Yehowa anim sɛ ɔmma wɔn ba ntena nokware no mu nyɛ nhwɛso. Anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ mfomso biara nni wɔn adesrɛ no ho. Nanso Yehowa de, ɔrenhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Ɔpɛ sɛ yɛne yɛn mma nyinaa fi yɛn pɛ mu som no. (Deut. 10:​12, 13; 30:​19, 20) Enti, anka awofo no betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn ma wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ba no ma ɛnka ne koma, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan no ma wadɔ Yehowa na wafa no adamfo.—Mmeb. 22:6; Efe. 6:4. w23.11 21 ¶5; 23 ¶12

Dwoda, July 21

‘Monkɔ so ara nkyekye mo werɛ.’—1 Tes. 4:18.

Sɛ yɛkyekye afoforo werɛ a, ɛyɛ ɔkwan baako a ɛho hia a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Adɛn ntia? Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ, asɛmfua a Paul de dii dwuma a wɔakyerɛ ase “awerɛkyekye” no, ɛkyerɛ sɛ ‘wobɛkɔ obi nkyɛn akɔhyɛ no nkuran bere a ɔwɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu.’ Enti sɛ yɛn nua Kristoni bi rehu amane na yɛkyekye ne werɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛreboa no ama wabɔ ne ho so na wakɔ so afa nkwa kwan no so. Bere biara a yɛbɛma yɛn nua Kristoni bi ahu sɛ ne sũ yɛ yɛn sũ na ne haw yɛ yɛn haw no, na yɛrema wahu sɛ yɛdɔ no. (2 Kor. 7:​6, 7, 13) Sɛ yebetumi akyekye afoforo werɛ a, gye sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ obi wɔ ayamhyehye a, ɔbɛkyekye afoforo a wɔrehu amane no werɛ na waboa ma wɔn ho adwo wɔn. Enti sɛ yenni ayamhyehye a, yɛrentumi nkyekye afoforo werɛ. Paul ma yehu sɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ ma nnipa no, ɛno na ɛma ɔkyekye yɛn werɛ. Paul ka Yehowa ho asɛm sɛ, “ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.”—2 Kor.1:3. w23.11 9-10 ¶8-10

Benada, July 22

Sɛ yɛwɔ amanehunu mu a, momma yenni ahurusi.—Rom. 5:3.

Kristo akyidifo nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbehu amane. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo ɔsomafo Paul. Ɔka kyerɛɛ wɔn a ɛwɔ Tesalonika no sɛ: “Bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa ka kyerɛ mo sɛ amanehunu bɛto yɛn, na . . . ɛno ara na aba mu no.” (1 Tes. 3:4) Korintofo no nso, ɔkyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn . . . no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. . . Na yenim sɛ yɛn nkwa mpo befi yɛn nsa.” (2 Kor. 1:8; 11:​23-27) Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbehu amane. (2 Tim. 3:12) Sɛ wugye Yesu di, na wobɛyɛ ne suani a, ebia wo nnamfo ne w’abusuafo ne wo bedi no nwenweenwene. Esiane sɛ woasi wo bo sɛ wubedi nokware wɔ biribiara mu nti, ama worehu amane wɔ w’adwumam anaa? (Heb. 13:18) W’anidaso a woka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo nti, aban no resɔre tia wo anaa? Ɛmfa ho amanehunu biara a ebia yebehyia no, Paul kaa sɛ yenni ahurusi. w23.12 10-11 ¶9-10

Wukuda, July 23

Moakɔfa ɔhaw kɛse abɛto me so.—Gen. 34:30.

Yakob hyiaa ɔhaw pii. Yakob mma mmarima baanu, Simeon ne Lewi kɔfaa animguase brɛɛ abusua no, na ebi kaa Yehowa. Afei nso, Yakob yere Rahel a na ɔda ne koma so no, owui bere a ɔrewo ne ba a ɔtɔ so mmienu no. Bio nso, ɔkɔm kɛse bi a esii nti, na ɛsɛ sɛ Yakob tu kɔ Egypt wɔ ne nkwakorabere mu. (Gen. 35:​16-19; 37:28; 45:​9-11, 28) Ɔhaw a Yakob hyiae nyinaa akyi no, na ɔda so ara gye Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow di. Ɛno nti, Yehowa nso ma ohui sɛ ne werɛ mfii no. Laban nnaadaa nyinaa akyi no, Yehowa maa Yakob agyapade bebree. Ná ɛyɛ Yakob sɛ Yosef awu dedaadaw, enti bere a ɔsan kohuu no bio no, wo de, hwɛ sɛnea na ɔbɛda Yehowa ase afa! Ayɔnkofa a emu yɛ den a na ɛda Yakob ne Yehowa ntam nti, ɛboaa Yakob ma otumi gyinaa sɔhwɛ a ohyiae nyinaa ano. (Gen. 30:43; 32:​9, 10; 46:​28-30) Yɛn nso, sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen a, baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, yebetumi agyina mu. w23.04 15 ¶6-7

Yawda, July 24

Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.—Dw. 23:1.

Dawid na ɔkyerɛw Dwom 23 no. Saa dwom no mu no, ɔma yehu sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa dɔ no na ɔwɔ ayamhyehye ma no. Ayɔnkofa a na ɛda ɔne ne Hwɛfo Yehowa ntam no, ɔkaa ho asɛm. Dawid tee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ efisɛ ɔmaa Yehowa kyerɛɛ no kwan, na ɔde ne ho nyinaa too no so. Ná Dawid nim sɛ Yehowa dɔ bedi n’akyi ne nkwa nna nyinaa. Dɛn na ɛma onyaa ahotoso saa? Dawid tee nka sɛ Yehowa hwɛ no efisɛ bere nyinaa na ɔde nea ohia ma no. Ná Dawid nim sɛ Yehowa yɛ n’adamfo na ɔpɛ n’asɛm. Ɛno nti, na ogye di paa sɛ, baabi a ɔbra no bekyim no akosi biara, Yehowa de nea ohia nyinaa bɛma no. Ná Dawid wɔ ahotoso paa sɛ Yehowa dɔ no na ɔbɛhwɛ no, ɛno nti wannwinnwen anhaw ne ho. Ɛno ma onyaa anigye ne akomatɔyam.—Dw. 16:11. w24.01 28-29 ¶12-13

Fida, July 25

Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi awiei bere.—Mat. 28:20.

Efi Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no so reba no, Yehowa asomfo a wɔwɔ aman pii so tumi ka asɛmpa no a obiara nhyɛ da nsɔre ntia wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, adwuma no anya nkɔso. Ɛnnɛ, Akwankyerɛ Kuw no kɔ so hwehwɛ akwankyerɛ fi Kristo hɔ. Wɔpɛ sɛ akwankyerɛ a wɔde ma anuanom no, ɛne Yehowa ne Kristo adwene hyia. Wɔnam amansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo so de akwankyerɛ ma asafo no. Asafo mu mpanyimfo a wɔasra wɔn no wɔ Kristo nsa “nifa mu,” nanso yɛbɛka a, asafo mu mpanyimfo nyinaa ka ho. (Adi. 2:1) Ɛwom, saa mpanyimfo yi nyinaa tɔ sin, na wɔdi mfomso. Ɛtɔ da a na Mose ne Yosua di mfomso; asomafo no nso saa ara. (Num. 20:12; Yos. 9:​14, 15; Rom. 3:23) Nanso, Kristo da so ara kyerɛ akoa nokwafo no ne asafo mu mpanyimfo kwan, na ɔbɛkɔ so ayɛ saa. Wei nti, wɔn a wapaw wɔn sɛ wɔnni nneɛma anim no, yebetumi de yɛn ho ato akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no so. w24.02 23-24 ¶13-14

Memeneda, July 26

Munsuasua Onyankopɔn, efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo.—Efe. 5:1.

Ɛnnɛ, sɛ yefi yɛn koma mu ka Yehowa ho asɛm de kyerɛ sɛ yɛdɔ no, na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn a, ɛma n’ani gye. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, yɛn botae paa ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛn Yehowa, na yɛaboa wɔn ma wɔabɛdɔ Yehowa sɛnea yɛdɔ no no. (Yak. 4:8) Bible ma yehu sɛ Yehowa wɔ su ahorow a ɛyɛ fɛ bebree. Ebi ne ne dɔ, n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne tumi. Enti yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛnea ɔte. Afei nso, sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi no ayɛ, na ɛma n’ani gye. Yɛyɛ saa a, ɛma yɛda nsow wɔ wiase bɔne yi mu. Ebia nkurɔfo behu sɛ yɛyɛ soronko, na ebia wɔbebisa nea enti a ɛte saa. (Mat. 5:​14-16) Yɛne wɔn rekɔ ba nyinaa, ebia yebetumi akyerɛ wɔn nea enti a yɛbɔ yɛn bra saa. Ɛba saa a, ɛbɛma wɔn a wɔwɔ koma pa atwe abɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛfa saa akwan yi so yi Yehowa ayɛ a, ɛma ne koma tɔ ne yam.—1 Tim. 2:​3, 4. w24.02 10 ¶7

Kwasida, July 27

‘Hyɛ wɔn nkuran, na kasa kyerɛ wɔn.’—Tito 1:9.

Sɛ wopɛ sɛ wo ho kokwaw a, ehia sɛ wusua nneɛma bi a ɛbɛboa wo. Wei bɛboa wo ama woatumi ayɛ dwumadi a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ asafo no mu no. Afei nso, ɛbɛboa wo ama woanya adwuma ayɛ de ahwɛ wo ho ne w’abusua, na wo ne afoforo nso ntam bɛyɛ kama. Nneɛma a ehia sɛ wusua no emu baako ne sɛ wubesua akenkan ne akyerɛw yiye. Bible ka sɛ obi a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na odwinnwen ho no, n’ani begye na ebewie no yiye. (Dw. 1:​1-3) Sɛ ɔkenkan Bible da biara a, obehu Yehowa adwene, na ɛbɛboa no ma wasusuw nneɛma ho yiye. (Mmeb. 1:​3, 4) Yɛn nuanom hia mmarima a wɔbetumi ama wɔn Bible mu akwankyerɛ ne afotu. Sɛ wunim akenkan ne akyerɛw yiye a, ebetumi aboa wo ma woasiesie ɔkasa ne mmuae a ɛbɛhyɛ wo nuanom den. Afei nso, wubetumi akyerɛw nsɛm bi a ɛbɛboa wo, na ahyɛ wo gyidi den na wode ahyɛ afoforo nso nkuran. w23.12 26-27 ¶9-11

Dwoda, July 28

Nea ɔwɔ mo afã no so sen nea ɔwɔ wiase no afã.—1 Yoh. 4:4.

Sɛ wobɔ hu a, dwinnwen nneɛma a Yehowa bɛyɛ ama yɛn daakye no ho, bere a wayi Satan afi hɔ no. Afe 2014 ɔmantam nhyiam a yɛyɛe no, yɛhwɛɛ ɔyɛkyerɛ bi. Ná Agya bi ne n’abusua resusuw 2 Timoteo 3:​1-5 ho. Ɔkaa sɛ, sɛ saa kyerɛwnsɛm no kaa nea ebesi wɔ Paradise ho asɛm a, ebia anka ɛbɛka biribi sei: “Na hu eyi sɛ wiase foforo no mu no, anigye kɛse bɛba. Efisɛ nnipa bɛdɔ ne yɔnko nnipa, wɔn ani begye Onyankopɔn Asɛm ho, abrɛ wɔn ho ase, ayi Onyankopɔn ayɛ, atie wɔn awofo, wɔrenyɛ bonniayɛ, wɔbedi nokware, wɔbenya tema kɛse ama wɔn abusuafo, nkurɔfo betumi ne wɔn ayɛ apam, wɔbɛbɔ nnipa din pa bere nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ho so, wɔbedwo, wɔbɛyɛ nneɛma pa, wɔrenyi afoforo mma, wɔbɛte asɛm ase, wɔremma wɔn ho so, sɛ anka wɔbedi anigyede akyi no, wɔbɛdɔ Onyankopɔn mmom, wɔbeyi wɔn yam de onyamesom pa abɔ wɔn bra; saa nnipa yi, bata wɔn ho.” Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, ɛyɛ a wo ne w’abusua ne wo nuanom Kristofo bɔ ho nkɔmmɔ? w24.01 6 ¶13-14

Benada, July 29

Magye wo atom.—Luka 3:22.

Sɛ yehu sɛ Yehowa gye n’asomfo nyinaa tom a, ɛma yɛn ani gye paa! Bible ka sɛ: “Yehowa ani gye ne man ho.” (Dw. 149:4) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebinom abam bu ara ma wɔbisa wɔn ho sɛ, ‘Enti Yehowa gye me tom?’ Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtɔ da a, na wɔn mu bi tumi nya adwene a ɛte saa. (1 Sam. 1:​6-10; Hiob 29:​2, 4; Dw. 51:11) Bible ma yehu pefee sɛ Yehowa betumi agye nnipa a bɔne wɔ wɔn ho atom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye? Ɛsɛ sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi na yɛbɔ asu. (Yoh. 3:16) Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ yɛanu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho, na yɛahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. (Aso. 2:38; 3:19) Sɛ yetu anammɔn a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa bɛfa adamfo a, ɛma n’ani gye paa. Ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara di so a, Yehowa begye yɛn atom na wabu yɛn sɛ ne nnamfo a onni yɛn ho agorɔ.—Dw. 25:14. w24.03 26 ¶1-2

Wukuda, July 30

Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.—Aso. 4:20.

Sɛ aban bi mpo hyɛ mmara sɛ yennyae asɛm no ka a, yebetumi asuasua asomafo no na yɛakɔ so aka. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no. Enti, bɔ Yehowa mpae srɛ akokoduru ne nyansa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnyina wo haw ano. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yare anaa biribi foforo reteetee yɛn, yɛn dɔfo bi awu, ɔhaw bi asɔre wɔ yɛn abusua mu, nkurɔfo retan yɛn ani, anaa yɛrehyia ɔhaw foforo. Saa ɔhaw yi mu pii wɔ hɔ a, yare kodiawu ne akodi a ɛrekɔ so wɔ wiase no ama ayɛ den paa sɛ yebegyina ano. Sɛ worehyia saa ɔhaw yi bi a, ka wo koma mu asɛm kyerɛ Yehowa. Fa no sɛ Yehowa yɛ wo yɔnko berɛbo, na ka wo haw no ho asɛm kyerɛ no. Nya awerɛhyem sɛ “obeso wo mu.” (Dw. 37:​3, 5) Sɛ yɛbɔ mpae daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛamia yɛn ani agyina amanehunu mu.’ (Rom. 12:12) Yehowa nim nea n’asomfo refa mu, enti “otie wɔn sufrɛ.”—Dw. 145:​18, 19. w23.05 5-6 ¶12-15

Yawda, July 31

Monhwɛ nhu sɛ nea moyɛ nyinaa sɔ Awurade ani.—Efe. 5:10.

Sɛ yɛresisi gyinae a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu ‘hu Yehowa apɛde,’ na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan. (Efe. 5:17) Sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa yɛn tebea bi ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho. Afei, sɛ yɛde n’afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa. Yɛn tamfo Satan, “ɔbɔnefo no” mpɛ sɛ yenya yɛn ho atwaye koraa; ɔpɛ sɛ yɛde wiase no kyekyere yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yennya bere mpo mfa nsom Onyankopɔn. (1 Yoh. 5:19) Hokwan pii wɔ hɔ a Kristoni betumi anya de ayɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ Kristoni bɛma sikapɛ, adwuma a ɔbɛyɛ, anaa sukuu a ɔbɛkɔ abɛyɛ ade titiriw mmom wɔ n’asetena mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wama wiase adwene rekyerɛ no kwan. Ɛwom, saa nneɛma no nhyɛ da nyɛ bɔne, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetenam. w24.03 24 ¶16-17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena